2 Samuel 8 - KYERƐW KRONKRONDawid nkunimdi 1 Na eyi akyi no, Dawid toaa Filistifo no na ɔbrɛɛ wɔn ase na Dawid gyee Meteg-amma ahenkurow no sodi fii Filistifo nsam. 2 Na ɔkaa Moab nso gui na ɔma wɔdedaa fam, de susuhama susuw wɔn; na osusuw ahama abien sɛ wonkum wɔn, ne hama biako a edu pɛpɛɛpɛ sɛ wɔntena ase. Na Moab yɛɛ Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba. 3 Na Dawid kaa Soba hene Rehob ba Hadadeser gui, bere a ɔkɔe sɛ okogye ne nsaase a ɛwɔ asubɔnten Eufrate ho no mu. 4 Na Dawid kyeree wɔn mu apɔnkɔsotefo apem ahansɔn ne anammɔnmufo ɔpeduonu na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini na ogyaw wɔn mu nteaseɛnam ɔha de. 5 Na Damasko Siriafo bae sɛ wɔbɛboa Soba hene Hadadeser; na Dawid kum Siriafo no mu nnipa ɔpeduonu abien. 6 Ɛnna Dawid de bansifo kɔtenaa Damasko a ɛwɔ Aram, na Siriafo yɛɛ Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba. Na AWURADE boaa Dawid ma odii nim nea ɔkɔe nyinaa. 7 Na Dawid gyigyee sika akyɛm a Hadadeser nkoa kurae no de baa Yerusalem. 8 Na ɔhene Dawid faa kɔbere pii pa fii Hadadeser nkurow Beta ne Berotai mu. 9 Na Hamat hene Toi tee sɛ Dawid aka Hadadeser dɔm nyinaa agu no, 10 Toi somaa ne ba Yoram baa ɔhene Dawid nkyɛn bekyiaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no agu, efisɛ Hadadeser ne Toi taa di dɔm; na Yoram de dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne kɔbere nnwinne bae. 11 Ɛno nso na ɔhene Dawid de yɛɛ akronkronne maa AWURADE, ɛne dwetɛ ne sika a efi amanaman a ɔbrɛɛ wɔn ase no nyinaa mu a ɔde yɛɛ akronkronne no: 12 Efi Edom ne Moab ne Amonfo ne Filistifo ne Amalekfo ne Soba hene Rehob ba Hadadeser asade mu. 13 Na Dawid san fii Siriafo kum no, ogyee din Nkyene-bon mu sɛ okum Edomfo mpem dunwɔtwe. 14 Na ɔde bansifo tenaa Edom; Edom nyinaa mu na ɔde bansifo tenatenae na Edomfo nyinaa yɛɛ Dawid nkoa. Na AWURADE boaa Dawid ma odii nim nea ɔkɔe nyinaa. 15 Na Dawid dii Israel nyinaa so hene; na Dawid dii asɛntrenee buu atɛntrenee maa ne man nyinaa. 16 Na Seruia ba Yoab na odi dɔm so na Ahilud ba Yehosafat ne ɔsɛnkaefo; 17 na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfo, na Seraia ne ɔkyerɛwfo, 18 na Yoiada ba Benaia na odi Keretifo ne Peletifo no so, na Dawid mma ne asɔfo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana