Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Samuel 7 - KYERƐW KRONKRON


Natan ka asɛm kyerɛ Dawid
( 1 Berɛsosɛm 17.1-15 )

1 Bere a ɔhene te ne fi na AWURADE ama no ɔhome afi n’atamfo nyinaa ho ahyia no,

2 ɔhene ka kyerɛɛ Odiyifo Natan sɛ: Hwɛ, me de, mete kyeneduru dan mu, na Onyankopɔn adaka no si ntamadan mu.

3 Na Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Nea ɛwɔ wo koma mu nyinaa kɔyɛ, na AWURADE di w’akyi.

4 Na anadwo no ara AWURADE asɛm baa Natan nkyɛn sɛ:

5 Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ AWURADE se ni. So wo na wubesi dan ama matena mu?

6 Na efi da a miyii Israelfo fii Misraim bae de bedu nnɛ yi, mentenaa ofi mu da na mmom menam ntamadan tenabea mu.

7 Bere a me ne Israelfo nyinaa nantewee no nyinaa mu no, so maka asɛm bi makyerɛ Israel abusuakuw biara a mahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛn me man Israel sɛ: Ɛdɛn nti na munsi kyeneduru dan mma me?

8 Na afei kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni. Me na mefaa wo mifii nguan hwɛbea, fii nguan akyi, sɛ bɛyɛ me man Israel so panyin.

9 Na midii w’akyi baabiara a wokɔe na matwitwa w’atamfo nyinaa afi w’anim, na mɛma woanya din kɛse sɛ asase so nnipa akɛse din.

10 Na mesiesie tenabea mama me man Israel, na medua wɔn na wɔatena wɔn tenabea, na wɔanhwanyan wɔn bio, na amumɔyɛ mma anhaw wɔn bio sɛ kan no,

11 ne bere a mehyɛɛ akannifo sɛ wonni me man Israel so no; na mɛma woahome afi w’atamfo nyinaa ho. Na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ AWURADE na ɔbɛkyekye ofi ama wo.

12 Sɛ wo nna wie du, na wo ne w’agyanom kɔda wɔ asaman a, mɛma w’aseni a ofi wo yam so, w’akyi na mɛma n’ahenni atim.

13 Ɔno na obesi dan ama me din na mɛma n’ahenni agua atim akosi daa.

14 Me na mɛyɛ no agya na ɔno nso ayɛ me ɔba, na sɛ ɔfom a, mede nnipa poma ne nnipa mma mmaa mɛteɛ no so.

15 Na m’adɔe remfi ne ho sɛnea efii Saul a mituu no w’anim no ho no.

16 Na wo fi ne w’ahenni betim akosi daa m’anim, w’ahengua besi pintinn akosi daa.

17 Sɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehu yi nyinaa te no, saa ara na Natan ka kyerɛɛ Dawid.


Dawid aseda mpaebɔ
( 1 Berɛsosɛm 17.16-27 )

18 Ɛnna ɔhene Dawid bae bɛtenaa AWURADE anim na ɔkae sɛ: Hena ne me, AWURADE Nyankopɔn, na me fi ne dɛn sɛ wode me abedu sesɛɛ yi?

19 Nanso eyi da so yɛ w’ani so ketewa, O AWURADE Nyankopɔn, na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm nso akyerɛ w’akoa fi, na woakyerɛ me awo ntoatoaso a ɛbɛba, O Awurade Nyankopɔn.

20 Na ɛdɛn na Dawid nkɔ so nka nkyerɛ wo bio? Na wo na wunim w’akoa, O Awurade Nyankopɔn.

21 W’asɛm nti ne sɛ wo koma te no na woayɛ ade akɛse yi, sɛ wobɛma w’akoa ahu.

22 Enti woso kokuroo, O AWURADE Nyankopɔn na obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, onyame biara nso nni w’akyi, sɛ nsɛm a yɛde yɛn aso ate no nyinaa te no.

23 Na ɔman biako bɛn na ɛwɔ asase so a ɛte sɛ wo man, sɛ Israel a Onyankopɔn akogye wɔn afa ayɛ ɔman de agye din na wayɛ ade akɛse ne ade a ɛyɛ hu ama mo, ama w’asase, wo man a wugyee wɔn fae fii Misraim, amanaman ne wɔn anyame nsam no anim?

24 Na woasiesie wo man Israel afa de wɔn ayɛ wo man akosi daa, na wo AWURADE, woayɛ wɔn Onyankopɔn.

25 Na afei, O AWURADE Nyankopɔn, asɛm a woaka w’akoa ne ne fi ho no, ma ennyina nkosi daa na yɛ sɛnea woaka no.

26 Na ma wo din nso nkosi daa sɛ: Asafo AWURADE ne Israel so Nyankopɔn. Na ma w’akoa Dawid fi nnyina w’anim pintinn.

27 Na wo, O Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, woayi w’akoa asotiw sɛ: Mɛkyekye ofi mama wo, enti na w’akoa asi ne bo rebɔ wo sɛɛ mpae yi.

28 Na afei, O AWURADE Nyankopɔn, wo ara ne Onyankopɔn, na wo nsɛm yɛ nokware, na wode adepa yi ahyɛ w’akoa bɔ,

29 na afei ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wubehyira w’akoa fi na agyina w’anim. Na wo, AWURADE Nyankopɔn na woaka na wo nhyira mu na wobehyira w’akoa fi daa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan