Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Samuel 6 - KYERƐW KRONKRON


Wɔde apam adaka no ba Sion
( 1 Berɛsosɛm 13.1-14 ; 15.25—16.6, 43 )

1 Na Dawid san hyiahyiaa Israel mmarima a wɔapaw wɔn nyinaa bio; wɔn ano si ɔpeduasa.

2 Na Dawid sɔree, na ɔne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa kɔe kofii Baaleyuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn adaka a wɔbɔ din sɛ asafo AWURADE a ɔte Kerubim so no afi hɔ aba.

3 Na wɔde Onyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforo so, na wɔmaa so fii Abinadab fi a ɛwɔ koko no so na Abinadab mma Usa ne Ahio na ɛkaa teaseɛnam foforo no.

4 Onyankopɔn adaka no fii Abinadab fi a ɛwɔ koko no so rekɔ no, na Ahio di adaka no anim na ne nuabarima di nkyɛn mu.

5 Na Dawid ne Israel fi nyinaa de wɔn ahoɔden nyinaa, ne nnwom ne asanku ne bɛnta asanku a wɔde ɔpopaw nnua ayɛ ne mpintin ne nnɔnnɔmma ne nsammɔ nnawuru gorui, AWURADE anim.

6 Na woduu Nakon awiporowbea no, Usa teɛɛ ne nsa kɔkaa Onyankopɔn adaka no soo mu, efisɛ anantwi no hintiwii.

7 Na AWURADE bo fuw Usa na mfomso no nti Onyankopɔn bɔɔ no wɔ hɔ na owui Onyankopɔn adaka no nkyɛn hɔ.

8 Na ɛyɛɛ Dawid awerɛhow sɛ AWURADE abufuw aba Usa so. Na ɔfrɛɛ hɔ din sɛ Peres-usa, ase ne: Usa so abufuw, de besi nnɛ yi.

9 Na Dawid suroo AWURADE da no na ɔkae sɛ: AWURADE adaka no bɛba me nkyɛn dɛn?

10 Enti Dawid ampɛ sɛ ɔde AWURADE adaka no ba ne nkyɛn, Dawid kurow no mu, na Dawid de man kɔɔ Gitni Obed-edom fi.

11 Na AWURADE adaka no tenaa Gitni Obed-edom fi asram abiɛsa na AWURADE hyiraa Obed-edom ne ne fi nyinaa.

12 Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ. AWURADE ahyira Obed-edom fi ne nea ɔwɔ nyinaa, Onyankopɔn adaka no nti. Na Dawid kɔe kɔfaa Onyankopɔn adaka no fii Obed-edom fi de baa Dawid kurow mu anigye mu.

13 Na sɛ wɔn a wɔso AWURADE adaka no tutu anammɔn asia a, ɔde nantwi ne aboa a wadɔ bɔ afɔre.

14 Na Dawid de n’ahoɔden nyinaa sawee AWURADE anim; nso Dawid hyɛ nwera asɔfotade.

15 Na Dawid ne Israel fi nyinaa de osebɔ ne torobɛntohyɛn de AWURADE adaka no foro bae.

16 Na AWURADE adaka no duu Dawid kurow mu no, Saul babea Mikal hwɛɛ mfɛnsere mu, na ohuu ɔhene Dawid sɛ ɔrehuruhuruw na ɔresaw AWURADE anim, na obuu no animtiaa ne koma mu.

17 Na wɔde AWURADE adaka no bae de besii ne sibere, ntamadan a Dawid asi ama no no mu. Na Dawid bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, AWURADE anim.

18 Na Dawid wiee ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no bɔ no, ɔde asafo AWURADE din hyiraa ɔman no.

19 Na ɔkyɛɛ ade maa ɔman no nyinaa, Israel man mu no nyinaa, mmarima ne mmea; ɔmaa wɔn mu biara abodoo sebɔw biako ne nankum ne bobe aba tetare. Ɛnna ɔman no nyinaa siim kokɔɔ wɔn afi.

20 Ɛnna Dawid san behyiraa ne fi. Na Saul ba Mikal fii adi behyiaa Dawid na ɔkae sɛ: Anuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ ne nkoa mfenaa anim, sɛ ahuhufo no bi pa ne ho animguase so a n’ani mmu no dwɛ yi!

21 Na Dawid ka kyerɛɛ Mikal sɛ: AWURADE a ɔpaw me fii w’agya ne ne fi nyinaa akyi, yii me na ɔhyɛɛ me sɛ minni ne man Israel so panyin no anim na migorui.

22 Na mɛyɛ ayemfo masen eyi bio na mayɛ m’ani so famni. Nanso mfenaa a woka no, wɔn ara na ɛbɛhyɛ me anuonyam.

23 Na Saul babea Mikal annya ɔba de kosii ne wuda.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan