2 Samuel 4 - KYERƐW KRONKRONWokum Is-boset 1 Na Saul ba Is-boset tee sɛ Abner awu Hebron no, ne nsam gowee na Israel nyinaa yɛɛ yoo. 2 Na Saul ba no wɔ mmarima baanu a wodi no asafohene, obiako din de Baana na nea ɔka ho no din de Rekab; wɔyɛ Beerotni Rimon mma a wofi Benyamin mma mu. Na wobu Beerot nso fra Benyamin. 3 Na Beerotfo no guan kɔɔ Gitaim kɔyɛɛ hɔ ahɔho, na wɔwɔ hɔ de besi nnɛ. 4 Na Saul ba Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne nan abien asinsen. Saul ne Yonatan ho asɛm no fi Yesreel bae no na wadi mfe anum na ne gyigyefo maa no so guanee. Na ɔreyɛ ntɛm aguan no, ɔhwee ase na ɔtɔɔ apakye. Na ne din de Mefiboset. 5 Na Beerotni Rimon mma Rekab ne Baana siim baa Is-boset fi awia ketee, nso na wada awianna. 6 Na wɔba beduu ofi no mfinimfini sɛ wɔrebɛfa awi, na wɔwɔɔ ne yafunum. Na Rekab ne ne nua Baana fi guanee. 7 Na woduu ɔdan no mu na ɔno nso da mpa so ne dabekyiri no wɔwɔɔ no kum no na wotwaa ne ti na wɔde ne ti no nam tataw so kwan anadwo no nyinaa kɔe. 8 Na wɔde Is-boset ti no brɛɛ Dawid wɔ Hebron na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ wo tamfo Saul ba Is-boset a anka ɔhwehwɛ wo akum wo no ti ni, na ɛnnɛ da yi AWURADE atɔ Saul ne n’asefo so were ama me wura ɔhene. 9 Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE a ogyee me kra ahohia nyinaa mu te ase yi, 10 nea ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, Saul awu na ɛyɛɛ n’ani so sɛ asɛmpa na ɔde brɛɛ me no, mekyeree no mikum no Siklag, mede mituaa no n’asɛm no so ka, 11 na menne sɛ nnipa bɔne adi onipa trenee awu ne fi, ne nnae so. Na afei, so meremmisa ne mogya mo nsam na merenyi mo mimfi asase so anaa? 12 Na Dawid hyɛɛ ne mmerante no ma wokum wɔn na wotwitwaa wɔn nsa ne wɔn anan de sensɛn ɔtare a ɛwɔ Hebron no ho. Na Is-boset ti no de wɔfae na wosiee no Abner da mu Hebron. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana