Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Samuel 3 - KYERƐW KRONKRON


Dawid mma

1 Na akodi daa Saul fi ne Dawid fi ntam kyɛe. Na Dawid de, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, na Saul fi de, wɔkɔɔ so gurowee ara.

2 Na wɔwoo mmammarima maa Dawid wɔ Hebron. N’abakan ne Amnon a Yesreelni Ahinoam woo no.

3 Na nea ɔto so abien ne Kileab a Abigail, Karmelni Nabal yere no woo no. Na nea ɔto so abiɛsa ne Absalom a ɔyɛ Gesur hene Talmai babea Maaka ba.

4 Na nea ɔto so anan ne Adonigya a ɔyɛ Hagit ba. Na nea ɔto so anum ne Abital ba Sefatia.

5 Na nea ɔto so asia ne Dawid yere Egla ba Yitream. Eyinom na wɔwoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.


Abner de ne ho kɔbɔ Dawid ho

6 Na bere a akodi da Saul fi ne Dawid fi ntam no, Abner kɔɔ so yɛɛ den Saul fi mu ara.

7 Nso Saul wɔ ɔyefam bi a ne din de Rispa a ɔyɛ Aya babea. Na Is-boset ka kyerɛɛ Abner sɛ. Ɛdɛn nti na wokɔ m’agya yefam ho?

8 Na Is-boset asɛm no yɛɛ Abner abufuw sɛ, na ɔkae sɛ: So ɔkraman ne me a, me ne Yuda asidi mu meyɛ w’agya Saul fi, ne nuanom ne ne nnamfonom adɔe nnɛ, na minyii wo menhyɛɛ Dawid nsa na worehwehwɛ me ho amumɔyɛ ɔbea yi ho?

9 Saa na Onyankopɔn nyɛ Abner na saa na ɔnkɔ so nyɛ no, sɛnea AWURADE kaa Dawid ntam no, saa na mɛyɛ mama no,

10 sɛ wɔbɛma ahenni no afi Saul fi, na wɔde Dawid ahengua asi Israel ne Yuda so, afi Dan akosi Beer-seba.

11 Na sɛ osuro no nti, wantumi ammua Abner asɛm bi bio.

12 Na Abner somaa abɔfo sii n’ananmu kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkae sɛ. Hena na asase yi wɔ no? Ɔkae nso sɛ. Wo ne me mpam; na hwɛ, me nsa bɛka wo ho de adan Israel nyinaa aba wo nkyɛn.

13 Na ɔkae sɛ. Wiɛ, me ne wo bɛpam. Na ade biako pɛ na merebisa wo hɔ sɛ: Nhu m’anim gye sɛ wode Saul babea Mikal ba ansa na woaba abɛhwɛ m’anim.

14 Na Dawid somaa abɔfo kɔɔ Saul ba Is-boset nkyɛn kɔkae sɛ: Fa me yere Mikal a mede Filistifo mmarima ano ɔha migyee no aware no brɛ me.

15 Na Is-boset soma ma wɔkɔfaa no fi ne kunu Lais ba Paltiel nkyɛn.

16 Na ne kunu no ne no kɔe, na ɔde osu dii n’akyi ara koduu Bahurim. Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: San kɔ! Na ɔsanee.

17 Na Abner ne Israel mpanyin kasae sɛ: Mmere a atwam no, na mohwehwɛ Dawid sɛ ommedi mo so hene.

18 Na afei monyɛ ɛ! Efisɛ AWURADE aka akyerɛ Dawid sɛ: M’akoa Dawid nsa na mede megye me man Israel, Filistifo ne wɔn atamfo nyinaa nsam.

19 Na Abner kasa guu Benyamin asom nso, na Abner kɔe nso kɔkaa nea eye, Israel ne Benyamin fi nyinaa ani so, guu Dawid asom Hebron.

20 Na Abner baa Dawid nkyɛn Hebron a nnipa aduonu ka ne ho. Na Dawid tow Abner ne mmarima a wɔka ne ho no pon.

21 Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mɛsɔre makɔ makɔboaboa Israel nyinaa ano mabrɛ me wura, na wɔne wo apam na woadi wɔn a wɔpɛ nyinaa so hene. Na Dawid gyaa Abner kwan na ɔkɔe asomdwoe mu.


Wokum Abner

22 Na hwɛ, Dawid nkoa ne Yoab fii akofo asafo mu bae, na wɔde asade pii nso bae. Na Abner nni Dawid nkyɛn Hebron, efisɛ wagya no kwan ma ɔkɔ dwoodwoo.

23 Na Yoab ne dɔm a wɔka ne ho nyinaa bae no, wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Ner ba Abner aba ɔhene nkyɛn na wagya no kwan na ɔkɔ asomdwoe mu.

24 Na Yoab baa ɔhene nkyɛn bɛkae sɛ: Dɛn na woayɛ yi? Hwɛ, Abner aba wo nkyɛn, ɛdɛn nti na woagya no kwan na ɔkɔ yi?

25 Wunim Ner ba Abner sɛ ɔbae sɛ ɔbɛdaadaa wo na wahu wo kɔree ne bae na wahu nea woreyɛ nyinaa.

26 Na Yoab fii adi fii Dawid nkyɛn na ɔsomaa abɔfo kotiw Abner na wɔde no fii Sira abura ho san bae. Na Dawid de na onnim.

27 Na Abner san baa Hebron no, Yoab de no man kɔɔ kurow pon no mu, sɛ ɔne no kɔkasa brɛoo, ɛhɔ na ne nua Asahel mogya nti ɔkɔwɔɔ ne yafunum ma owui.

28 Na ɛno akyi Dawid tee na ɔkae sɛ: Me ne m’ahenni di Ner ba Abner mogya ho bem AWURADE anim daa.

29 Wɔmma emmua Yoab atifi ne n’agya fi nyinaa so nanso wɔmmma nea ne ho sen nsu bi, ne ɔkwatani ne nea otweri poma so, ne nea ɔtɔ nkrante ano ne nea aduan bɔ no, mmpa Yoab fi da.

30 Na Yoab ne ne nua Abisai dii Abner awu, efisɛ okum wɔn nua Asahel Gibeon ko no mu.


Wosie Abner

31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: Munsunsuane mo ntade mu na mumfurafura atweatam na muntwa adwo mma Abner. Na ɔhene Dawid dii funnaka no akyi.

32 Na wɔkoraa Abner wɔ Hebron. Na ɔhene maa ne nne so sui Abner da so na ɔman no nyinaa sui.

33 Na ɔhene twaa Abner ho kwadwom yi sɛ: So ɛsɛ sɛ Abner wu ogyennyentwi wu?

34 Wɔankyere wo nsa da, na wɔanto wo nan mpokyerɛ da. Sɛ wɔtɔ amumɔyɛ mma anim na woatɔ yi. Na ɔman no nyinaa kɔɔ so suu no bio.

35 Na ade nsae no, ɔman no nyinaa bae sɛ wɔbɛma Dawid adidi nanso Dawid kaa ntam sɛ: Saa na Onyankopɔn nyɛ me na ɔnkɔ so nyɛ, sɛ mede aduan anaa biribiara meka m’ano ansa na owia kɔtɔ a!

36 Na ɔman no nyinaa hui, na ɛsɔɔ wɔn ani, sɛ ade a ɔhene yɛ nyinaa sɔ ɔman no nyinaa ani no.

37 Na ɔman no nyinaa ne Israel nyinaa hui da no, sɛ ɛnyɛ ɔhene na ɔma wokum Ner ba Abner.

38 Na ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: So munnim sɛ ɔsafohene ne onipa kɛse atɔ nnɛ da yi Israel?

39 Na me de, ɛnnɛ meyɛ mmerɛw na wɔasra me asi me hene; na mmarima yi, Seruia mma yi, yɛ den ma me. AWURADE ntua nea ɔyɛ bɔne no ka sɛnea ne bɔne te.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan