Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Samuel 2 - KYERƐW KRONKRON


Dawid di Yuda so hene

1 Na eyi akyi no Dawid bisaa AWURADE sɛ: So memforo menkɔ Yuda nkurow bi mu anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ! Na Dawid kae sɛ: Ɛhe na memforo menkɔ? Na ose: Hebron.

2 Ɛnna Dawid kɔɔ hɔ, ɔne ne yerenom baanu no nso, Yesreelni Ahinoam ne Abigail, Karmelni Nabal yere no.

3 Na Dawid de mmarima a wɔne no nam no nso ne wɔn fifo bae, na wɔbɛtenatenaa Hebron nkurow mu.

4 Ɛnna Yuda mmarima bae bɛsraa Dawid sii Yuda fi so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfo na wosiee Saul.

5 Na Dawid somaa abɔfo kɔɔ Yabes-gileadfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moayɛ mo wura Saul adɔe sɛɛ, na moasie no.

6 Na afei AWURADE ne mo nni no adɔe ne nokware so, na sɛ moayɛ saa ade yi nti, me nso mɛyɛ mo saa yiye yi bi.

7 Na afei monhyɛ mo abasam den, na monyɛ mo ho mmarima na mo wura Saul awu, nanso Yuda fi asra me asi wɔn so hene.


Is-boset di Israel so hene

8 Na Saul safohene Ner ba Abner faa Saul ba Is-boset de no kɔɔ Mahanaim,

9 na ɔde no yɛɛ Gilead ne Asurifo ne Yesreel ne Efraim ne Benyamin ne Israel nyinaa so hene.

10 Saul ba Is-boset bedii Israel so hene no na wadi mfirihyia aduanan, na odii hene mfe abien. Yuda fi nko na wodii Dawid akyi.

11 Na nna a Dawid dii Yuda fi so hene Hebron no ano si mfirihyia ason ne asram asia.


Israel ne Yuda ntam ɔko

12 Na Ner ba Abner ne Saul ba Is-boset nkoa tu fii Mahanaim baa Gibeon.

13 Na Seruia ba Yoab ne Dawid nkoa tu kɔe na wohyiae boaboaa wɔn ho ano Gibeon tare ho, eyinom boa ɔtare no fa ha, na eyinom boa ɔtare no fa ha.

14 Na Abner ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Ma mmerante no nsɔre ngoru yɛn anim ɛ! Na Yoab kae sɛ: Wɔnsɔre ɛ!

15 Ɛnna wobubuu wɔn ho ano sɔre kɔe. Benyamin ne Saul ba Is-boset de dumien, ne Dawid nkoa mu dumien.

16 Na wɔn nyinaa susoo wɔn mfɛfo ti de wɔn nkrante wowɔɔ wɔn mfɛfo mfem na wɔtotɔe prɛko. Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ Helkat-hasurim a ase ne: Ano nnamnam afuw a ɛwɔ Gibeon.

17 Na ɔko no mu yɛɛ den sɛ biribi da no, na Abner ne Israel mmarima no dii nkogu Dawid nkoa no anim.


Abner kum Asahel

18 Na Seruia mma baasa no wɔ hɔ. Yoab ne Abisai ne Asahel. Na Asahel nan ase yɛ hare sɛ wuram atwe no bi.

19 Na Asahel taa Abner, na wamman ankɔ nifa anaa benkum amfi Abner akyi.

20 Ɛnna Abner hwɛɛ n’akyi, na ɔkae sɛ: So wo Asahel ni? Na ose: Mene no.

21 Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Man wo nifa anaa wo benkum kɔkyere mmerante no mu bi na gye n’asade fa! Na Asahel ampɛ sɛ ɔsan fi n’akyi.

22 Na Abner kɔɔ so ka kyerɛɛ Asahel bio sɛ: San fi m’akyi kɔ! Ɛdɛn nti na memmɔ wo menhwe fam? Na metumi mama m’ani so makyerɛ wo nua Yoab dɛn?

23 Nanso wampɛ sɛ ɔsan. Ɛnna Abner de ne peaw to wɔɔ ne yafunum, na peaw no hwirew n’akyi, na ɔhwee hɔ wui hɔ ara. Na ɛbae sɛ obiara du nea Asahel hwe wui hɔ a, ogyina komm.

24 Na Yoab ne Abisai tiw Abner. Na owia kɔtɔe no na, wɔadu Amma koko a ɛda Gia anim Gibeon sare so kwan ho no so.

25 Na Benyaminfo boaboaa wɔn ho ano gyinaa Abner akyi yɛɛ kuw biako, na wokogyinaa koko bi atifi.

26 Na Abner frɛɛ Yoab sɛ: So nkrante nsɛe ade nkosi daa? So wunnim sɛ akyiri bɛyɛ awerɛhow? Na enkodu da bɛn ansa na woaka akyerɛ ɔman no sɛ wɔnsan mfi wɔn nuanom akyi?

27 Na Yoab se: Sɛ Onyankopɔn te ase yi, sɛ woankasa a, anka efi anɔpa no, mmarima agyae wɔn nuanom akyidi kɔ dedaw.

28 Ɛnna Yoab hyɛn torobɛnto, na ɔman no nyinaa gyinae, na wɔantaa Israel bio, nanso wɔankɔ so anko bio.

29 Na Abner ne ne nnipa no faa Araba; tataw so nam anadwo no nyinaa twaa Yordan, nam awia mu no nyinaa koduu Mahanaim.

30 Na Yoab san fii Abner akyi na ɔboaboaa ɔman no nyinaa ano, na aka Dawid nkoa no mu dunkron ne Asahel.

31 Na Dawid nkoa no akunkum Benyamin ne Abner mmarima no mu nnipa ahasa aduosia.

32 Na wɔsoaa Asahel kosiee no n’agya da a ɛwɔ Betlehem no mu. Na Yoab ne ne mmarima no nam anadwo no nyinaa, na ade kyee wɔn Hebron.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan