2 Samuel 13 - KYERƐW KRONKRONAmnon ne Tamar 1 Na eyi akyi no na Dawid ba Absalom wɔ nuabea fɛfɛ bi a ne din de Tamar, na Dawid ba Amnon pɛ no. 2 Na Amnon ne nuabea Tamar nti ne ho hiaa no ma ɔyaree, na ɔyɛ ɔbaabun na ɛyɛɛ Amnon den sɛ ɔbɛyɛ no biribi. 3 Na Amnon wɔ adamfo bi a wɔfrɛ no Yonadab, Dawid ne nua Simea ba. Na Yonadab yɛ onitefo sɛ. 4 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo ɔhene ba mu wofɔn sɛɛ daa anɔpa yi? So worenka nkyerɛ me? Na Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Mepɛ me nua Absalom nuabea Tamar. 5 Na Yonadab ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔda wo nnae so na twa mpayare; na sɛ w’agya bɛhwɛ wo a, ka kyerɛ no sɛ: Ma me nua Tamar mmra mmɛma me aduan, nanso ɔnyɛ aduan no m’anim, na minhu, na minni ne nsam. 6 Ɛnna Amnon kɔdae na ɔboapa yaree. Na ɔhene bae bɛhwɛɛ no no, Amnon ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ ma me nua Tamar mmra mmɛyɛ tetare abien m’anim na minni ne nsam. 7 Na Dawid soma kɔɔ Tamar nkyɛn ofie sɛ: Kɔ wo nua Amnon fi ɛ na kɔyɛ aduan ma no. 8 Na Tamar kɔɔ ne nua Amnon fi; faako a ɔda hɔ. Na ɔfaa mmɔre fɔtɔwee na ɔyɛɛ tetare n’anim na ɔkyew tetare no. 9 Na ɔtoɛɛ kyew dade no na ohwiei n’anim; nso wampɛ sɛ odi. Na Amnon kae sɛ: Ma nnipa nyinaa mfi me ho mfi adi. Na nnipa no nyinaa fii ne ho fii adi. 10 Na Amnon ka kyerɛɛ Tamar sɛ: Fa aduan no bra piam, na minni wo nsam. Na Tamar faa tetare a ɔyɛe no de kɔmaa ne nua Amnon pia no mu. 11 Na ɔde rema no sɛ onni no, osoo no mu na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra, bɛda me nkyɛn, me nua! 12 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Daabi, me nua nhyɛ me, na wɔnyɛ saa ade yi Israel mu; nni nkwaseasɛm yi! 13 Na me de, ɛhe po na mede m’ahohora mɛkɔ? Na wo nso, wobɛyɛ sɛ Israel mu nkwaseafo no bi. Enti mesrɛ, wo ne ɔhene nkɔkasa na ɔremfa me nkame wo. 14 Nanso wampɛ sɛ otie no na sɛ ne ho yɛ den sen no nti, ɔhyɛɛ no ne no dae. 15 Ɛnna Amnon de ɔtan kɛse tan no pii, ma ɔtan a ɔde tan no no sen ɔdɔ a ɔdɔɔ no no. Na Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ! 16 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, me nuabarima, ɔpam a worepam me yi sen bɔne a woyɛɛ me no. Na Amnon ampɛ sɛ otie no. 17 Na ɔfrɛɛ n’abofra a ɔsom no no sɛ: Pam ɔbea yi fi me so fi adi na to ɔpon no akyi korɔkorɔ mu wɔ n’akyi. 18 Nso atade nworannworan yuu bi hyɛ no na saa mmatakari no na ɔhene mmabea a wɔyɛ mmabun no hyɛ. Na ne somfo no de no fii adi na ɔtoo ɔpon akyi korɔkorɔ mu guu n’akyi. 19 Ɛnna Tamar sesaw nso guu n’atifi na osunsuanee n’atade nworannworan a ɛhyɛ no no mu na ɔde ne nsa soaa ne ti de benabɔ ara kɔe. 20 Na ne nua Absalom ka kyerɛɛ no sɛ: So wo nua Amnon akɔ wo ho anaa? Na afei, me nua, mua w’ano, ɔyɛ wo nua. Mfa wo koma nto asɛm yi so. Na Tamar tenaa ne nua Absalom fi komm. Absalom tɔ Amnon so were 21 Na ɔhene Dawid tee nsɛm yi nyinaa no ne bo fuwii sɛ. 22 Na Absalom ne Amnon ankasa bɔne anaa papa so. Na Absalom tan Amnon, sɛ wahyɛ ne nua Tamar ne no ada nti. Absalom aweretɔ 23 Na mfe abien akyi no, Absalom ma wokotwitwaa ne nguan ho wɔ Baal-hasor a ɛda Efraim ho na Absalom hyiaa ɔhene mma nyinaa kɔɔ hɔ. 24 Na Absalom baa ɔhene nkyɛn bɛkae sɛ: Hwɛ w’akoa rema wɔakotwitwa ne nguan ho; enti ma ɔhene ne ne nkoa ne w’akoa nkɔ. 25 Na ɔhene ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Dabi, me ba, mma yɛn nyinaa nnkɔ na yɛankɔyɛ wo so duru. Na ɔhyɛɛ no nanso wampɛ sɛ ɔkɔ, na ohyiraa no. 26 Ɛnna Absalom kae sɛ: Sɛ ɛnte saa a, ma me nua Amnon ne yɛn nkɔ. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na ɔne wo nkɔ? 27 Na Absalom hyɛɛ no ara na ɔmaa Amnon ne ɔhene mma no nyinaa ne no kɔe. 28 Nso Absalom ahyɛ ne mmerante sɛ: Monhwɛ na sɛ Amnon nom nsa na n’ani gye na mise mo sɛ: Mommɔ Amnon a, munkum no. Munnsuro, so ɛnyɛ me na mahyɛ mo? Monyɛ den na monyɛ mo ho mmarima. 29 Na Absalom mmerante no yɛɛ Amnon sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn no. Ɛnna ɔhene mma no nyinaa sɔresɔre tenatenaa wɔn mfurum so guanguanee. 30 Na wɔwɔ ɔkwan mu no, asɛm no duu Dawid nkyɛn sɛ: Absalom akum ɔhene mma no nyinaa na wɔn mu biako pɛ anka. 31 Ɛnna ɔhene sɔre sunsuan ne ntade mu na ɔdaa fam na ne nkoa nyinaa gyinagyina hɔ asunsuan wɔn ntade mu. 32 Na Dawid ne nua Simea ba Yonadab buae sɛ. Mma me wura nnnwen sɛ wɔakum ɔhene mma mmerante no nyinaa na Amnon nko na wawu, na ɛwɔ Absalom anom ara fi da no a ɔhyɛɛ ne nua Tamar ne no dae no. 33 Na afei mma me wura ɔhene mmfa asɛm no nnhyɛ ne koma mu, sɛ ɔhene mma nyinaa awuwu na Amnon nko na wawu. Absalom aguan 34 Na Absalom guanee. Na aberante a ɔwɛn no maa n’ani so hwɛe na hwɛ, nnipa bebree nam Horonaim kwan a ɛwɔ n’akyi no so, bepɔw nkyɛn mu, reba. 35 Na Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, ɔhene mma no reba; sɛ w’akoa kae no, sɛ ɛte neno. 36 Na owiee ɔkasa no pɛ na hwɛ, ɔhene mma no bae na wɔmomaa wɔn nne so sui, na ɔhene nso ne ne nkoa nyinaa nso suu osu kɛse pa ara. 37 Na Absalom guanee na ɔkɔɔ Gesur hene Amihud ba Talmai nkyɛn. Na Dawid gyam ne ba no nna nyinaa. 38 Na Absalom guan kɔɔ Gesur no, ɔtenaa hɔ mfe abiɛsa. 39 Na ɔhene Dawid ani gyinaa Absalom, efisɛ na ne werɛ akyekye Amnon wu no ho. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana