2 Samuel 11 - KYERƐW KRONKRONDawid ne Batseba 1 Afe bi mu ɔpɛ bere mfiase, a ahemfo taa tu sa no, Dawid somaa Yoab ne ne nkoa kaa ne ho ne Israel nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfo; na wokotuaa Raba nso. Na Dawid de, ɔtenaa Yerusalem. 2 Na ɛbae sɛ da bi anwummere a Dawid asɔre afi ne nnae so na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ofi ɔdan no atifi hɔ huu ɔbea bi sɛ ɔreguare na ɔbea no, wohwɛ no a, ne ho yɛ fɛ sɛ. 3 Na Dawid soma kobisaa ɔbea no ho asɛm. Na wɔkae sɛ: So ɛnyɛ Eliam ba Batseba, Hetini Uria no yere? 4 Na Dawid somaa ɔbɔfo ma wɔkɔfaa no baa ne nkyɛn, na ɔne no dae. Na ɔbea no kɔɔ ne fi nso na wadwira ne ho afi n’afikyirikɔ. 5 Na ɔbea no nyinsɛnee na ɔsoma kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Manyinsɛn. 6 Na Dawid soma kɔɔ Yoab nkyɛn sɛ: Ma Hetini Uria mmra me nkyɛn. Na Yoab somaa Uria baa Dawid nkyɛn. 7 Na Uria duu ne nkyɛn no, Dawid bisaa no sɛnea Yoab ne dɔm no te ne sɛ ɔsa no te. 8 Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: Sian kɔ wo fi kɔhohoro wo nan ase. Na Uria fii ɔhene fi kɔe no, wɔde ɔhene ayɛyɛde fi dii n’akyi. 9 Na Uria kɔdaa ɔhene fi pon ano, ɔne ne wura nkoa nyinaa, na wansian ankɔ ne fi. 10 Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Uria ansian ankɔ ne fi. Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: So ɛnyɛ ɔkwan na wufi bae? Ɛdɛn nti na woansian ankɔ wo fi? 11 Na Uria ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Onyankopɔn Adaka no, ne Israel ne Yuda tete asese mu na me wura Yoab ne me wura nkoa abobɔ wuram nsra na me de, menkɔ me fi minkodidi na mennom na me ne me yere nna anaa? Sɛ wote ase na wo kra te ase yi, merenni saa asɛm yi. 12 Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: Tena ha nnɛ nso na ɔkyena mɛma woakɔ. Ɛnna Uria tenaa Yerusalem da no ne n’adekyee. 13 Na Dawid frɛɛ no ne no didi nomee na ɔma ɔbowee; na anadwofa no, ofii adi kɔdaa ne nnae so, ɔne ne wura nkoa, na wansian ankɔ ne fi. 14 Na ade kyee anɔpa no, Dawid kyerɛw nhoma maa Uria de kɔmaa Yoab, 15 na ɔkyerɛw nhoma no mu sɛ: Momma Uria nkodi dɔm a ɛyɛ den no ano na montwe mo ho mfi n’akyi na wɔmmɔ no na ɔntɔ. 16 Na Yoab retua kurow no no, ɔde Uria kodii nea onim sɛ dɔmmarima wɔ no. 17 Na kurow no mu mmarima fii adi ne Yoab bɛkoe, na dɔm a wɔyɛ Dawid nkoa no mu bi totɔe, na Hetini Uria nso tɔe. 18 Ɛnna Yoab soma kɔkaa ɔsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Dawid. 19 Na ɔhyɛɛ ɔbɔfo no sɛ: Sɛ woka ɔsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛ ɔhene wie, 20 na ɔhene bo huru na ɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛdɛn nti na mobɛn kurow no kɔkoe sɛɛ? So munnim sɛ wobefi ɔfasu no so abɛtotow? 21 Hena na ɔbɔɔ Yerubeset ba Abimelek? Ɛnyɛ ɔbea bi na ɔtow owiyammo ba fi ɔfasu so bɔɔ no ma ɔtɔe, Tebes no? Ɛnne ka sɛ: W’akoa Uria, Hetini no nso atɔ. 22 Na ɔbɔfo no siim, na ɔbɛkaa asɛm a Yoab de somaa no no nyinaa kyerɛɛ Dawid. 23 Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mmarima no yɛɛ yɛn so den na wofi baa yɛn so petee mu no, yɛsaa wɔn ara koduu kurow no pon ano; 24 na atowfo no fi ɔfasu so totow guu wo nkoa so na ɔhene nkoa no bi totɔe na w’akoa Uria, Hetini no nso atɔ. 25 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔbɔfo no sɛ: Sɛɛ na kɔka kyerɛ Yoab: Mma asɛm yi nnhaw wo, na nkrante twa ha na etwa ha. Ma wo ko no mu nyɛ den nhyɛ kurow no, na dwiriw gu. Na fa hyɛ no nkuran. 26 Na Uria yere no tee sɛ ne kunu Uria awu no, ogyam ne wura no. 27 Na kunayɛ bere twaa mu no, Dawid soma kɔfaa no baa ne fi, na ɔbɛyɛɛ ne yere no ɔwoo babarima maa no. Na asɛm a Dawid dii no ansɔ AWURADE ani. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana