2 Petro 3 - KYERƐW KRONKRONAwurade ba no ho bɔhyɛ 1 Adɔfo, eyi ne nhoma a ɛto so abien a merekyerɛw mabrɛ mo. Emu na mede nkae mekanyan mo adwene gyenennyenen, 2 sɛ monkae nsɛm a adiyifo kronkron no aka ato hɔ, ne yɛn a yɛyɛ mo asomafo ahyɛde a ɛyɛ Awurade ne Agyenkwa de no. 3 Munhu eyi kan sɛ, nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba 4 abɛka se: Ne ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase. 5 Na wɔhyɛ da ma wɔn werɛ fi sɛ, efi teteete no, ɔsoro ne asase a efii nsu mu, na efi nsu mfinimfini na ebetim hɔ wɔ Onyankopɔn asɛm so. 6 Wɔn so ara na ɛnam na nsu yirii sɛe wiase a na ɛwɔ hɔ wɔn bere so no. 7 Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no. 8 Na, adɔfo, mommma ade biako yi nnhintaw mo, sɛ da koro yɛ Awurade sɛ mfirihyia apem, na mfirihyia apem yɛ no sɛ da koro. 9 Awurade nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu. 10 Na Awurade da no bɛba sɛ owifo ba. Emu na ɔsoro de kukurududu betwam akɔ, na ewim mfitiasede bɛhyew asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhyew. 11 Enti sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu, 12 sɛ motwɛn na morepɛ Onyankopɔn da no ba ntɛm yi? Ɛno mu na ɔsoro bɛsɔ ogya asɛe, na wim mfitiasede anan ahyew. 13 Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu no. Afotu a edi akyiri ne awie 14 Enti, adɔfo, sɛ moretwɛn eyinom nti, mommɔ mmɔden na wɔahu mo sɛ nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu, 15 na mummu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagye, sɛnea yɛn nua dɔfo Paulo nso de ne nyansa a wɔde ama no kyerɛw mo no, 16 sɛnea ɔyɛe ne nhoma nyinaa a ɔka eyinom ho nsɛm wɔ mu no mu nso. Emu na nsɛm a ntease yɛ den, na wɔn a wonsuaa ade na wɔn ase ntimii toto no, sɛnea wɔyɛ kyerɛw nsɛm a aka no nso, ma wɔn ankasa sɛe no. 17 Enti, adɔfo, sɛ munim dedaw nti, monhwɛ mo ho so yiye, na wɔamfa amumɔyɛfo nnaadaasɛm no amfa mo ankɔ bi, na moamfi mo ankasa tim a moatim no mu anhwe ase. 18 Na munnyin yɛn Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no afei ne daa. Amen. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana