2 Mose 8 - KYERƐW KRONKRONMpɔtorɔ pii ba 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ma me man no nkɔ nkɔsom me. 2 Na sɛ woampene amma wɔankɔ a, hwɛ, mede mpɔtorɔ mɛhaw w'asase nyinaa. 3 Na asu no bɛdɔ mpɔtorɔ manyamanya, na wɔafoforo aba wo fi ne wo dabekyiri ne wo mpa so ne wo nkoa afi ne wo nkurɔfo mu ne w'afononoo mu ne wo mmɔre akorow mu. 4 Na wo ne wo manfo ne wo nkoa nyinaa so na mpɔtorɔ no bɛforo aba. Mpɔtorɔ no 5 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma, na teɛ wo nsa nsubɔnten ne asuasu ne atare so, na ma mpɔtorɔ mmra Misraim asase nyinaa so. 6 Na Aaron teɛɛ ne nsa wɔ Misraim nsu so, na mpɔtorɔ bae bɛkataa Misraim asase nyinaa so. 7 Na akɔmfo no de wɔn asumansɛm no yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ foro baa Misraim asase so. 8 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron kae sɛ: Mompa AWURADE kyɛw na onyi mpɔtorɔ no mfi me ne me man so, na mɛma ɔman no akɔ akɔbɔ afɔre ama AWURADE. 9 Na Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ: Wo ara kyerɛ me da ko a enkosi na mempa kyɛw memma wo ne wo nkoa ne wo man, na wonyi mpɔtorɔ no mfi wo ne wo fi so, na wɔnka asu no nko mu. 10 Na ose: Ɔkyena. Na ose: Ɛnyɛ sɛ wokae no, na woahu sɛ obi bi nni hɔ a ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn. 11 Na mpɔtorɔ no befi wo ne wo fi ne wo nkoa ne wo man so; asu no mu nko na wɔbɛka. 12 Na Mose ne Aaron fii Farao anim kɔe. Na Mose teɛɛm frɛɛ AWURADE wɔ mpɔtorɔ a ɔde aba Farao so no ho. 13 Na AWURADE yɛe sɛ Mose kae no, na mpɔtorɔ no wuwui afi mu ne adiwo ne wuram. 14 Na wɔboaboaa wɔn ano akuwakuw, na asase no so bɔnee. 15 Na Farao hui sɛ wanya ahotɔ no, ɔhyɛɛ ne koma den, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no. Mfutuma dan dwiw 16 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Teɛ wo poma no bɔ asase so mfutuma na ɛnnan dwiw wɔ Misraim asase nyinaa so. 17 Na wɔyɛɛ saa, na Aaron teɛɛ ne nsa de poma no bɔɔ asase so mfutuma, na ɛdan dwiwwɔ nnipa ne mmoa so. Na asase so mfutuma nyinaa dan dwiw Misraim asase nyinaa so. 18 Na akɔmfo no de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara sɛ wɔrema dwiw aba, nanso wɔantumi. Na dwiw no baa nnipa ne mmoa so. 19 Ɛnna akɔmfo no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Onyankopɔn nsatea ni. Na Farao koma pirimii ara na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no. Nwansena pii ba 20 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua ahema kogyina Farao anim; hwɛ, ɔrefi adi aba nsu no ano; na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ma me man no nkɔ na wɔnkɔsom me. 21 Na sɛ woremma me man no nkɔ a, hwɛ, mɛma nwansena ahorow aba wo ne wo nkoa ne wo man ne w'afi so, na nwansena no bɛyɛ Misraimfo afi mu ne asase a wɔte so no so amaama. 22 Na mɛhyɛ Gosen asase a me man te so no nsow da no, na nwansena no amma hɔ, na wode ahu sɛ mene AWURADE wɔ asase mfinimfini. 23 Na mede ogye mɛto me man ne wo man ntam; ɔkyena na sɛnkyerɛnne yi bɛba. 24 Na AWURADE yɛɛ saa. Na nwansena a wɔdɔɔso pii baa Farao fi ne ne nkoa afi ne Misraim asase nyinaa so. Na nwansena no nti asase no so sɛee. 25 Na Farao frɛɛ Mose ne Aaron kae sɛ: Monkɔ nkɔbɔ afɔre mma mo Nyankopɔn wɔ asase yi so. 26 Na Mose se: Ɛmfata sɛ wɔyɛ no saa, efisɛ Misraim akyide na yɛde bɛbɔ afɔre ama AWURADE yɛn Nyankopɔn. Hwɛ, sɛ yɛde Misraim akyide bɔ afɔre wɔ wɔn anim a, so wɔrensiw yɛn abo? 27 Yɛbɛnantew nnansa ɔkwan akɔ sare so, na yɛakɔbɔ afɔre ama AWURADE yɛn Nyankopɔn, sɛnea waka akyerɛ yɛn no. 28 Na Farao kae sɛ: Me de, mɛma mo kwan na moakɔ akɔbɔ afɔre ama AWURADE mo Nyankopɔn wɔ sare so, na akyirikyiri nko na monnkɔ; mompa kyɛw mma me. 29 Na Mose sɛ: Hwɛ, merebefi wo nkyɛn makɔ makɔpa AWURADE kyɛw na nwansena no afi Farao ne ne nkoa ne ne man so ɔkyena; na nkontompo nko na Farao nntwa bio sɛ ɔremma ɔman no nkɔ nkɔbɔ afɔre mma AWURADE. 30 Ɛnna Mose fii Farao anim kɔe kɔpaa AWURADE kyɛw. 31 Na AWURADE yɛɛ nea Mose kae no, na oyii nwansena no fii Farao ne ne nkoa ne ne man so; anka biako po. 32 Na Farao pirim ne koma saa bere yi nso, na wamma ɔman no ankɔ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana