2 Mose 37 - KYERƐW KRONKRONApam adaka no yɛ ( Eksodɔs 25.10-22 ) 1 Na Besalel de ɔkanto yɛɛ adaka no, ne tenten bɛyɛ basafa biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn abien ne fa, na ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn abien ne fa. 2 Na ɔde sika amapa duraa emu ne ɛho, na ɔyɛɛ sika hankare twaa ho hyiae. 3 Na oguu ɛho sika nkaa anan de tuatuaa ne nan anan ho, nkaa abien wɔ ɔfa ha, na nkaa abien wɔ ɔfa ha. 4 Na ɔde ɔkanto sinsen mpoma, na ɔde sika duraduraa ho. 5 Na ɔde mpoma no wurawuraa nkaa no mu, adaka no nkyɛn mu, na wɔde asoa adaka no. 6 Na ɔde sika amapa yɛɛ mpata agua no, ne tenten bɛyɛ basafa biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ anammɔn abien ne fa. 7 Na ɔde sika a wɔaboro yɛɛ kerubim abien ma efii mpata agua no ti abien no mu. 8 Ɔyɛɛ kerub biako wɔ ti ha, na ɔyɛɛ kerub biako nso wɔ ti ha; mpata agua no mu na ɔmaa kerubim no fii ne ti abien no so. 9 Na kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu ɔsoro de wɔn ntaban no kataa mpata agua no so, na wɔn ani kyerɛkyerɛ wɔn ho; na kerubim no ani kyerɛkyerɛ mpata agua no so. Wɔyɛ ɔpon no ( Eksodɔs 25.23-30 ) 10 Na ɔde ɔkanto yɛɛ ɔpon no, ne tenten basafa baako, ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn biako ne fa, na ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn abien ne fa. 11 Na ɔde sika amapa duraa ho, na ɔyɛɛ ɛho sika hankare hyiae. 12 Na ɔyɛɛ ɛho mfomfamho a ne trɛw te sɛ nsam hyiae, na ɔyɛɛ mfomfamho no ho sika hankare hyiae. 13 Na oguu ɛho sika nkaa anan, na ɔde nkaa no sisii ntwea anan a ɛwɔ ne nan anan ho no so. 14 Mfomfamho no ase pa ara na nkaa a ɛyɛ mpoma a wɔde bɛsoa ɔpon no wurabea no wɔ. 15 Na ɔde ɔkanto sinsen mpoma no, na ɔde sika duraduraa ho, na wɔde asoa ɔpon no. 16 Na ɔde sika amapa yɛɛ ɔpon no so nneɛma, ne nsanka ne ne nsankawa ne ne nkuruwa ne ne nkora a wɔde behwie. 17 Na ɔde sika amapa yɛɛ kaneadua no, sika a wɔaboro na ɔde yɛɛ kaneadua no, ne nan ne ne dua; ɛho kuruwa, ne kukuduuduu ne ne nhwiren fi ɛno ara mu. 18 Na nsa asia tuatua ho, kaneadua no nsa abiɛsa tuatua ɔfa ha, na kaneadua no nsa abiɛsa tuatua ɔfa ha. 19 Nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran de wɔ nsa biako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran de wɔ nsa biako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren; saa ara na ɛte nsa asia a etuatua kaneadua no ho no ho. 20 Na kaneadua no ho nkuruwa a ɛte sɛ ɔsonkoran de si anan, ne kukuduuduu ne ne nhwiren; 21 na kukuduuduu no wowɔ nsa abien abien a etuatua ho no ase, nsa asia a etuatua ho no ase. 22 Ne kukuduuduu ne ne nsa tua ho ara, ne nyinaa yɛ sika amapa a wɔaboro no biako. 23 Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛso akanea ason no ne ɛho adabaw ne ɛho nso nkukuwa. 24 Sika amapa dwetikɛse biako na ɔde yɛɛ ɛne ɛho nneɛma no nyinaa. 25 Na ɔde ɔkanto yɛɛ aduhuamhyew afɔremuka, ne tenten yɛ anammɔn biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso bɛyɛ anammɔn biako ne fa, ɛyɛ ahinanan, ne sorokɔ yɛ basafa baako; ne mmɛn nso tuatua ho ara. 26 Na ɔde sika amapa duraa ho, ɛso ne ɛho hyiae, ne ne mmɛn no; na ɔyɛɛ ho sika hankare hyiae. 27 Na ɔyɛɛ ɛho sika nkaa abien, ne hankare no ase, ne nkyɛn mu abien no so, sɛ ɛnyɛ mpoma no wurabea na wɔde asoa. 28 Na ɔde ɔkanto sinsen mpoma, na ɔde sika duraduraa ho. 29 Na ɔyɛɛ ɔsra ngo kronkron ne ɔhyew aduhuam gyenennyenen no, sɛnea adufrafo fra no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana