2 Mose 27 - KYERƐW KRONKRONAfɔremuka no ho nhyehyɛe 1 Na fa ɔkanto yɛ afɔremuka no: ne tenten basafa abien ne fa ne tɛtrɛtɛ basafa abien ne fa; afɔremuka no nyɛ ahinanan, na ne sorokɔ nso nyɛ basafa biako ne fa. 2 Na yɛ ne mmɛn sisi ne twɔtwɔw anan so; emu ara na ne mmɛn no mfi, na fa kɔbere dura ho. 3 Na yɛ ɛho nseaa a wɔde ne nso begu mu, ne ne sesaw ade ne ne nkora ne n'adinam ne ne nsramma kukuwa, ɛho nneɛma nyinaa, kɔbere na fa yɛ. 4 Na fa kɔbere nwene ntontan wɔ ho, sɛnea wɔnwene ɔtan, na yɛ ɔtan no so kɔbere nkaa anan wɔ ne twea anan no so. 5 Na fa si afɔremuka no bamma ho wɔ ase, na ɔtan no nnu afɔremuka no mfinimfini. 6 Na sinsen afɔremuka no ho mpoma, ɔkanto mpoma, na fa kɔbere duradura ho. 7 Na wɔmfa mpoma no nwurawura nkaa no mu, na mpoma no nhyehyɛ afɔremuka no nkyɛn nkyɛn, na wɔde asoa. 8 Fa ntaaboo yɛ, na emu nna ɔkwan. Sɛnea wɔakyerɛ wo bepɔw no so no, saa ara na wɔnyɛ no. Tenabea no adiwo ( Eksodɔs 38.9-20 ) 9 Na yɛ tenabea no adiwo! Na adiwo mmɔhɔɔ a wɔde asaawa fitaa a wɔafira anwene a ne tenten si basafa aduonum nni hɔ wɔ ɔfa biako wɔ nifa fam a ɛkyerɛ nifa, 10 ne n'adum aduonu ne ne nnyinaso aduonu a wɔde kɔbere ayɛ; na adum no nkoropɛe ne ne mmeae nyɛ dwetɛ. 11 Saa ara nso na benkum fam tenten mu no, mmɔhɔɔ a ne tenten basafa aduonum ne n'adum aduonu ne ne kɔbere nnyinaso aduonu nni; na adum no nkoropɛe ne ne mmeae no nyɛ dwetɛ. 12 Na adiwo no tɛtrɛtɛ a ɛkyerɛ atɔe fam no, mmɔhɔɔ basafa aduonum anum nni hɔ; n'adum du ne ne nnyinaso du. 13 Na adiwo no tɛtrɛtɛ a edi anim fam a ɛkyerɛ apuei nyɛ basafa aduonum anum: 14 nkyɛn ha mmɔhɔɔ no nyɛ basafa ason ne fa, n'adum abiɛsa ne ne nnyinaso abiɛsa; 15 na nkyɛn ha nso mmɔhɔɔ no nyɛ basafa ason ne fa, n'adum abiɛsa ne ne nnyinaso abiɛsa. 16 Na adiwo no ano pon no nkataano nyɛ basafa du; wɔmfa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira a ɛyɛ nkyeremu; n'adum anan ne ne nnyinaso anan. 17 Adum no a etwa adiwo no ho hyia nyinaa mmeae a ɛbeabea ho nyɛ dwetɛ, ne nkɔtɔkorɔ nso nyɛ dwetɛ, na ne nnyinaso nyɛ kɔbere. 18 Adiwo no tenten nyɛ basafa aduonum, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa aduonum anum, na ne korɔn nso basafa abien ne fa; mmɔhɔɔ no nyɛ nwera a wɔafira n'asaawa, na ne nnyinaso nyɛ kɔbere. 19 Tenabea no ho som nyinaa mu adwinni nyinaa ne ne mmofunnua nyinaa ne adiwo no ho mmofunnua nyinaa nyɛ kɔbere. Kanea no ngo ( Lewitikɔs 24.1-4 ) 20 Na wo nso hyɛ Israelfo no na wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasiw ngo gyenennyenen, na wɔmfa nsɔ kanea no, na akanea no nsisi so daa yi; 21 na Aaron ne ne mma nhwɛ so, ahyiae ntamadan no mu, ntwamu mmɔhɔɔ a ɛkata Adanse no anim no anim, mfi anwummere nkosi anɔpa wɔ AWURADE anim. Ɛnyɛ daa ahyɛde a Israelfo nni so, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana