2 Mose 26 - KYERƐW KRONKRONNtamadan no ho nhyehyɛe ( Eksodɔs 36.8-38 ) 1 Na tenabea no, yɛ no ntama du a ɛyɛ asaawa fitaa a wɔafira ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi. Yɛ emu kerubim a ɛyɛ ntamanwene mu adwinni. 2 Ntama no biako tenten nyɛ basafa dunan, na ntama no biako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa abien; ntama no nyinaa nsusuwii nyɛ biako. 3 Wɔmfa ntama no anum ntoatoa so, biako ntoa biako so; na ntama no anum nso ntoatoa so, biako ntoa biako so. 4 Na fa bibiri bobɔ ntama biako mmuano so nhentia wɔ ano wɔ ntoae no so. Saa ara na yɛ wɔ ntama a edi akyiri no mmuano so ntoae a ɛto so abien no so. 5 Nhentia aduonum na bobɔ wɔ ntama biako ano, na nhentia aduonum nso na bobɔ wɔ ntama a ɛwɔ ntoae a ɛto so abien no so no ano; nhentia no nni mmɔanim. 6 Na yɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum, na fa nkɔtɔkorɔ no yɛ ma ntama no biako ntoa biako so, na tenabea no nyɛ biako. 7 Na fa mmirekyi nwi yɛ ntama, na fa yɛ tenabea no so ntamadan; yɛ no ntama dubiako. 8 Ntama no biako tenten nyɛ basafa dunum, na ntama no biako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa abien; ntama dubiako no nsusuwii nyɛ biako. 9 Na fa ntama no mu anum toatoa yɛ no biako, na fa asia nso toatoa yɛ no biako, na bukaw ntama a ɛto so asia no ma ɛnkata ntamadan no so wɔ anim. 10 Na bobɔ nhentia aduonum wɔ ntama biako a edi akyiri no mmuano so wɔ ntoae no so, ne nhentia aduonum nso wɔ ntoae a ɛto so abien no ntama no mmuano so. 11 Na yɛ kɔbere nkɔtɔkoro aduonum, na fa nkɔtɔkorɔ no suso nhentia no mu, na ma ntamadan no ntoa nyɛ biako. 12 Na ntamadan no ntama nkae a ɛboro so no, ntama fa no a aka no, nsensɛn tenabea no akyi. 13 Na ntamadan no ntama no tenten no mu basafa biako a ɛboro so wɔ nkyɛn ha ne basafa biako a ɛboro so wɔ nkyɛn ha no nsensɛn tenabea no nkyɛn mu ne nkyɛn mu wɔ ha ne ha nkata so. 14 Na fa adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛ ntamadan no nkataso, na fa sukraman nhoma yɛ ɛno so nkataso. 15 Na fa ɔkanto yɛ tenabea no ntaaboo a esisi hɔ. 16 Taaboo biako tenten nyɛ basafa anum, na taaboo biara tɛtrɛtɛ nyɛ bɛyɛ anammɔn abien ne fa. 17 Nan abien ntuatua taaboo biako ase, na biribi nsuso nan biako ne biako mu; saa na yɛ tenabea no ntaaboo nyinaa ho. 18 Na yɛ tenabea no ntaaboo no: Ntaaboo aduonu nni nifa fam nkyerɛ nifa. 19 Na yɛ ntaaboo aduonu no ase dwetɛ nnyinaso aduanan, nnyinaso abien abien nhyehyɛ ntaaboo no mmiako mmiako ase mma ne nan abien abien no. 20 Na tenabea no nkyɛn biako a edi benkum fam no, ntaaboo aduonu na enni hɔ, 21 ne ne dwetɛ nnyinaso aduanan, ntaaboo no mmiako mmiako ase nnyinaso abien abien. 22 Na tenabere no akyi fam a ɛkyerɛ atɔe no, yɛ hɔ ntaaboo asia. 23 Na yɛ tenabea no akyi twea abien no so ntaaboo abien. 24 Na ɛmpam ho mfi fam nkɔ, nanso ɛnyɛ mu nkodu ne hin so wɔ nea kaa a edi kan no tua hɔ; saa na n'abien nyinaa nyɛ, na enni twea abien no so. 25 Na ɛnyɛ ntaaboo awotwe ne ne dwetɛ nnyinaso dunsia, taaboo biako ase nnyinaso abien ne taaboo biako no ase nnyinaso abien. 26 Na fa ɔkanto yɛ mmeamu; anum nyɛ tenabea no nkyɛn biako ntaaboo no de, 27 na mmeamu anum nso nyɛ tenabea no nkyɛn biako no ntaaboo no de, na mmeamu anum nso nyɛ tenabea no akyi wɔ atɔe fam ntaaboo no de. 28 Na mfinimfini mmeamu a ɛfa ntaaboo no mfinimfini no ntwam mfi ti nkodu ti. 29 Na ntaaboo no, fa sika duradua ho, na fa sika yɛ ɛho nkaa no ma ɛnyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na fa sika duradura mmeamu no ho nso. 30 Na si tenabea no sɛnea ne nsusuwso a wɔayi akyerɛ wo bepɔw no so no te no. 31 Na fa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira yɛ mmɔhɔɔ; ntamanwene mu adwinni a kerubim wɔ mu na wɔnyɛ no. 32 Na fa sensɛn ɔkanto adum anan a wɔaduradura ho sika ho; ne nkɔtɔkorɔ nyɛ sika, na ensisi dwetɛ nnyinaso anan so. 33 Na fa mmɔhɔɔ no sensɛn nsoam no ase, na fa Adanse adaka no besi mmɔhɔɔ no akyi, na mmɔhɔɔ no ntwa kronkronbea ne kronkron mu kronkronbea no mu mma mo. 34 Na fa mpata agua no si Adanse adaka no so wɔ kronkron mu kronkronbea hɔ. 35 Na fa ɔpon no si mmɔhɔɔ no anim, na kaneadua no nni ɔpon no ntentenso wɔ tenabea no nkyɛn mu nifa fam, na fa ɔpon no si nkyɛn mu benkum fam. 36 Na fa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira nwene nkyeremu fa yɛ ntamadan no ano nkataano. 37 Na fa ɔkanto adum anum yɛ nkataano no, na fa sika duradura ho, na ne nkɔtɔkoro nyɛ sika, na fa kɔbere nnyinaso anum gu ase. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana