Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 23 - KYERƐW KRONKRON


Atɛntrenee ne pɛrepɛreyɛ

1 Ntie atesɛm hunu. Wo ne ɔbɔnefo nnni nsawɔso sɛ wubedi nkontompo adanse.

2 Nni nnipa dodow akyi nkɔyɛ bɔne, nanso nkasa asɛm bi mu nkom nkodi nnipa dodow akyi nnan asɛm ani.

3 Na ohiani nso, nhwɛ n'anim wɔ n'asɛm mu.

4 Sɛ wokɔto wo tamfo nantwi anaa n'afurum sɛ wafom kwan a, fa no san brɛ no.

5 Sɛ wuhu nea okyi wo afurum sɛ ɔhyɛ n'adesoa ase a, hwɛ yiye na woannyaw no amma no, ɔsan na wo ne no nsan no.

6 Nnan wo hiani asɛm ani wɔ atemmu mu.

7 Twe wo ho fi atosɛm mu kɔ akyirikyiri. Na nkum nea ɔnyɛɛ bɔne bi ne ɔtreneeni, efisɛ meremmu ɔbɔnefo bem.

8 Nso nnye ayɛyɛde, na ayɛyɛde fura aniwa a ehu ade, na ɛkyea treneefo nsɛm.

9 Na nhyɛ ɔhɔho so, na mo ara munim ɔhɔho kra, efisɛ mo nso moayɛ ahɔho Misraim asase so pɛn.

10 Mfe asia na dua w'asase so aduan, na boaboa nnɔbae no ano sie;

11 na nea ɛto so ason no so de, ma ɛnhome na ɛnna hɔ kwa, na wo man mu ahiafo nni, na nea wobegyaw no, wuram mmoadoma mmedi. Saa ara na yɛ wo bobe turo ne wo ngodua turo.

12 Nnansia na fa yɛ w'adwuma, na ɛda a ɛto so ason no, fa home; ma wo nantwi ne w'afurum nhome, na w'afenaa ba ne wo hɔho nya ahomegye.

13 Nea maka mo nyinaa, munni so. Na anyame foforo din nso, mommmɔ, mommma wɔnnte wɔ mo anom.


Afahyɛ akɛse horow abiɛsa no
( Eksodɔs 34.18-26 ; Deuteronomium 16.1-17 )

14 Mpɛn abiɛsa na hyɛ fa ma me afirihyia mu.

15 Di apiti nnapa no. Nnansɔn na di apiti, sɛnea mehyɛɛ wo no, ɔsram Abib a ɛte sɛ Oforisuo mu bere a wɔahyɛ no, efisɛ ɛno mu na wufii Misraim bae; nso obi mmfa nsapan mmmepue m'anim;

16 ne otwa nnapa no, w'ade a wuduae w'afum no mu aba a edi kan de no; ne anoboa nnapa no, afe awiei a woaboaboa w'adwumade ano afi mfuw mu no.

17 Wo mmarima nyinaa mmepue AWURADE Nyakopɔn anim mpɛn abiɛsa afirihyia.

18 Mfa m'afɔre mogya mmɔ afɔre ngu mmɔkaw so, na mma ade nnkye m'afahyɛ mu srade so.

19 W'asase so aba a edi kan mu adekan, fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fi. Nnoa oguan ba wɔ ne na nufusu mu.


Bɔhyɛ ne Nhyehyɛe ahorow

20 Hwɛ, meresoma ɔbɔfo adi w'anim akɔhwɛ wo ɔkwan mu, na ɔde wo akodu nea masiesie hɔ no.

21 Hwɛ wo ho yiye wɔ n'anim, na tie ne nne; nnwen nhyɛ no, na ɔremfa mo mmarato mfiri mo, efisɛ me din wɔ no mu.

22 Na sɛ wutie ne nne ampa na woyɛ nea meka nyinaa a, ɛnne mɛyɛ w'atamfo tamfo na mahiahia w'ahohiafo ho.

23 Na me bɔfo no bedi w'anim de wo akodu Amorifo ne Hetifo ne Perisifo ne Kanaanfo ne Hewifo ne Yebusifo so, na matu wɔn magu.

24 Nsɔre wɔn anyame na nsom wɔn, na nyɛ wɔn nneyɛe nso, na ka wɔn gu korakora, na bubu wɔn adum.

25 Na monsom AWURADE mo Nyankopɔn na wahyira w'aduan ne wo nsu so, na mayi ɔyare mafi wo mu.

26 Worenhu nea ɔpɔn anaa obonin wɔ w'asase so; wo nna dodow no mɛma adu.

27 Mɛma me ho hu adi w'anim, na mama aman a wobɛkɔ wɔn so no nyinaa agyigya, na mama w'atamfo nyinaa adan wɔn akyi akyerɛ wo.

28 Na mɛsoma nkotokurodu adi w'anim, na wɔapam Hewifo ne Kanaanfo ne Hetifo no wɔ w'anim.

29 Merempam wɔn w'anim afe koro, na asase no annan amamfo, na wuram mmoadoma ammɛdɔɔso anhyɛ wo;

30 nkakrankakra na mɛpam wɔn w'anim akosi sɛ wobɛdɔɔso na woagye asase no.

31 Na metwa wo hye mafi mmɛw po ano akosi Filistifo po ano, na afi sare so akosi asu no ano; na meyi asase no sofo mahyɛ mo nsa na woapam wɔn afi w'anim.

32 Wo ne wɔn ne wɔn anyame mmpam.

33 Mma wɔnntena w'asase so, na wɔamma woanyɛ me ho bɔne; na sɛ wosom wɔn anyame a, ampa ɛbɛyɛ wo afiri.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan