Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 17 - KYERƐW KRONKRON


Nsu fi ɔbotan mu
( Numeri 20.1-13 )

1 Na Israelfo asafo no nyinaa tu fii Sin sare so, wɔn atutena a wodii no AWURADE anom asɛm so no mu, na wɔbɛbɔɔ nsra wɔ Refidim; nso na nsu a ɔman no bɛnom nni hɔ

2 Enti ɔman no ne Mose hamee, na wose: Ma yɛn nsu nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mo ne me ham? Ɛdɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?

3 Nanso osukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii hyɛɛ Mose kae sɛ: Ɛdɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim sɛ wode osukɔm rebekum yɛn ne yɛn mma ne yɛn mmoa yi?

4 Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: Dɛn na menyɛ memma ɔman yi? Aka kumaa na wɔasiw me abo.

5 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sen di ɔman no anim, na fa Israel mpanyin mu bi ka wo ho, na fa wo poma a wode bɔɔ asu no kura wo nsam kɔ.

6 Hwɛ, megyina w'anim wɔ Horeb ɔbotan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsu befi mu aba, na ɔman no anom. Na Mose yɛɛ sa wɔ Israel mpanyin no anim.

7 Na Israelfo no ham ne ɔsɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛe sɛ: So AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ onni yɛn mu no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa ne Meriba, ase ne: Sɔhwɛ ne Ɔham.


Wodi Amalek so nkonim

8 Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim.

9 Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na fi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me de, megyina koko no atifi, na makura Onyankopɔn poma no wɔ me nsam.

10 Na Yosua yɛe sɛnea Mose ka kyerɛɛ no no ne Amalek kɔkoe, na Mose ne Aaron ne Hur foroo koko no kɔɔ atifi.

11 Na sɛ Mose ma ne nsa so a, na Israel adi nim, na sɛ ogyaa ne nsam a, na Amalek adi nim.

12 Na Mose nsa yɛɛ duru, enti wɔfaa ɔbo de too n'ase, na ɔtenaa so, na Aaron ne Hur susoo ne nsa mu, obiako wɔ ha, na obiako nso wɔ ha, na ne nsa no yɛɛ pintinn kosii sɛ owia tɔe.

13 Na Yosua dwɛree Amalek ne ne man nkrante ano.

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kyerɛw eyi hyɛ nhoma bi mu fa yɛ nkae, na ka hyɛ Yosua asom sɛ ɔpopa na mɛpopa Amalek nkae mafi soro ase.

15 Na Mose sii afɔremuka, na ɔtoo din Yahwe Nisi, (ase ne: Awurade ne me frankaa),

16 na ɔkae sɛ: AWURADE aka ntam, AWURADE ne Amalek bedi ako afi awo ntoatoaso so de akosi awo ntoatoaso so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan