2 Korintofo 7 - KYERƐW KRONKRON1 Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu. Paulo ne agyidifo ntam dɔ 2 Mummue mo koma mu mma yɛn; yɛnyɛɛ obiara bɔne,, yɛnsɛee obiara, yensisii obiara. 3 Menka eyi afobu kwan so; efisɛ maka dedaw sɛ, sɛ yewu oo, yɛte ase oo, mohyɛ yɛn koma mu. 4 Mewɔ akokoduru kɛse wɔ mo ho, mewɔ mo ho ahohoahoa pii; awerɛkyekye ahyɛ me ma, na m’anigye aboro so pii yɛn ahohia nyinaa mu. Tito ba a ɔbae 5 Na yɛbaa Makedonia no nso, yɛn honam annya ɔhome biara, na mmom yɛn ho hiahiaa yɛn afa nyinaa: Ɔko atwa yɛn ho ahyia, na ehu ahyɛ yɛn mu ma; 6 nanso Onyankopɔn a ɔkyekye ahobrɛasefo werɛ no de Tito ba a ɔbae no kyekyee yɛn werɛ. 7 Na ɛnyɛ ne ba no nko ara, na mmom awerɛkyekye nso a onyae mo ho bere a ɔkaa yɛn mo anigyina wɔ yɛn ho, mo awerɛhowdi, me ho mmɔden a mobɔ a ɛmaa m’ani gyei pii kyerɛɛ yɛn no. Korintofo ahonu 8 Na sɛ mede me nhoma no mehow mo werɛ mpo a, (minnu me ho); na sɛ minuu me ho nso a, na mihu sɛ nhoma no, sɛ ɛyɛ dɔnhwerew pɛ po a, ɛhow mo werɛ. 9 Afei m’ani agye, ɛnyɛ sɛ mo werɛ howee nti, na mmom mo werɛ how kɔɔ adwensakra mu; efisɛ mo werɛ howee Onyankopɔn kwan so, na yɛn nti moanhwere biribi wɔ biribiara mu. 10 Na Onyankopɔn kwan so awerɛhow yɛ adwensakra a ɛde kɔ nkwagye mu a wonnu wɔn ho wɔ ho; na wiase awerɛhow de, ɛma owu. 11 Na mo werɛ a ɛhowee Onyankopɔn kwan so no ara, monhwɛ nsiyɛ ko a ɛma moyɛe, ɛne mo anoyi ne ahi ne ehu ne anigyina, ne mmɔdemmɔ ne aweretɔ. Na biribiara mu no, muyii mo ho kyerɛe sɛ mo ho tew, asɛm no mu. 12 Enti sɛ mekyerɛw mo a, na ɛnyɛ nea ɔyɛɛ bɔne no nti, nso ɛnyɛ nea wɔyɛɛ no bɔne no nti, na mmom sɛnea nsiyɛ a mowɔ no yɛn ho no bɛda adi mo Nyankopɔn anim. Paulo anidaso baa mu 13 Eyi nti yɛn werɛ akyekye. Na yɛn awerɛkyekye yi mu yɛn ani gye boroo so, ɛnam Tito anigye no nti, efisɛ mo nyinaa maa ne honhom nyaa ahotɔ. 14 Na sɛ mede mo mehoahoaa me ho mekyerɛɛ no a, m’ani anwu, na mmom sɛnea yɛkaa mo nsɛm nyinaa nokwarem no, saa ara nso na yɛn ahoahoa a yɛhoahoaa yɛn ho Tito anim no ayɛ nokware. 15 Na ne koma wɔ mo ho pii boro so, na ɔkae mo nyinaa setie, ne sɛnea mode suro ne ahopopo gyee no no. 16 M’ani agye sɛ biribiara mu mewɔ mo mu awerɛhyɛm. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana