Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Korintofo 10 - KYERƐW KRONKRON


Honhom fam ko

1 Me Paulo ara na menam Kristo dwo a odwo ne n’ayamye so mitu mo fo, me a mewɔ mo nkyɛn a, meyɛ mmɔborɔfo wɔ mo mu, nanso minni mo nkyɛn a, meyɛ mo so kokodurufo.

2 Na meresrɛ mo, na meba mo nkyɛn a, anhia sɛ mekyerɛ akokoduru a mahyɛ sɛ mede awerɛhyɛm besi me bo makyerɛ ebinom a wobu yɛn sɛ yɛnam ɔhonam fam no so.

3 Na yɛnam ɔhonam mu de, nanso yɛnkɔ ɔsa ɔhonam fam;

4 efisɛ yɛn sa a yetu no akode nyɛ ɔhonam mu de, na mmom ɛyɛ den Onyankopɔn anim sɛ yɛde bedwiriw aban akɛse, na yɛadwiriw adwene

5 ne biribiara a ɛkorɔn a wɔma so de ne Nyankopɔn nimdeɛ di asi, na yɛafa adwene nyinaa nnommum de ayɛ setie ama Kristo,

6 na yɛasiesie yɛn ho sɛ, sɛ mo setie wie pɛyɛ a, yɛbɛtɔ asoɔden nyinaa so were.


Paulo kasa ne ne nneyɛe mu ahoɔden

7 Mohwɛ ɔhonam ani ade anaa? Sɛ obi de ne ho to ne ho so sɛ ɔyɛ Kristo dea a, ma ɔno ara nnwene nso sɛ, sɛnea ɔno yɛ Kristo dea no, sɛ nso yɛyɛ Kristo dea ne no.

8 Na sɛ mehoahoa me ho boro so kakra wɔ tumi a Awurade de ama yɛn mo nkɔso na ɛnyɛ mo dwiriw nti no ho mpo a, m’ani renwu,

9 na manyɛ sɛ mede nhoma mibeyi mo hu.

10 Na wɔka sɛ: Ne nhoma no de ɛyɛ duru, na ekura tumi, nanso ɔwɔ yɛn ntam a, ɔyɛ mmerɛw, na ɔkasa nso a, ahoɔden biara nni mu.

11 Ma onii no nhu sɛ, sɛnea yenni hɔ a, yɛte wɔ nhoma mu asɛm mu no, saa ara nso na yɛwɔ hɔ a, yɛte nneyɛe mu.


Adwuma a Paulo yɛ ma Korintofo

12 Na yensi yɛn bo sɛ yebu yɛn ho fra wɔn a woyi wɔn ho ayɛ no mu bi, anaasɛ yɛde yɛn ho to wɔn ho, na mmom wɔn a wɔde wɔn ho susuw wɔn ho, na wɔde wɔn ho to wɔn ankasa ho no, wonnim nyansa.

13 Na yɛn de, yɛrenhoahoa yɛn ho mma no ntra so, na mmom, sɛnea susuhama a Onyankopɔn de asusuw ama yɛn sɛ yɛbɛdu mo nkyɛn bi no te no.

14 Na yɛntwe yɛn mu ntra so sɛnea yɛnnu mo nkyɛn; efisɛ yɛde Kristo asɛmpa no abedu mo nkyɛn nso.

15 Na yɛnhoahoa yɛn ho mma no mma no ntra so ebinom adwuma mu, na yɛn ani da so sɛ, mo gyidi nyin a, yɛbɛyɛ mo mu kɛse aboro so, sɛnea yɛn susuhama no te

16 ama yɛakɔka asɛmpa no wɔ mmeaemmeae a ɛwɔ mo akyi noho, na yɛamfa obi susuhama so anhoahoa yɛn ho nea wɔawie dedaw no.

17 Na nea ɔhoahoa ne ho no, ma ɔnhoahoa ne ho Awurade mu;

18 efisɛ ɛnyɛ nea oyi ne ho ayɛ na ɔfra, na mmom nea Awurade yi no ayɛ no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan