Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 27 - KYERƐW KRONKRON


Yotam ahenni pa
( 2 Ahene 15.32-38 )

1 Yotam dii mfe aduonu anum na obedii hene, na odii hene mfe dunsia Yerusalem. Na ne na din de Yerusa, Sadok ba.

2 Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, sɛ n’agya Usia yɛe no ara; nanso wanhyɛn AWURADE asɔredan no mu; nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ ɔbra bɔne ara.

3 Ɔno na osii AWURADE fi atifi pon no; na Ofel fasu no nso, ɔtoo bebree.

4 Na ɔkyekyee nkurow nso Yuda mmepɔw so, na ɔtotoo aban a ɛyɛ den ne aban atenten kwae mu.

5 Na ɔno ara na ɔne Amonfo hene kɔkoe, na odii wɔn so tumi. Na Amonfo no maa no dwetɛ dwetikɛse ɔha ne awi kor ɔpedu, ne atoko nso ɔpedu, afe no mu. Amonfo no de nneɛma yi brɛɛ no afe a ɛto so abien ne abiɛsa mu nso.

6 Na Yotam hyɛɛ ne ho den, efisɛ osiesiee n’akwan, AWURADE ne Nyankopɔn anim.

7 Na Yotam ho nsɛm nkae ne n’akodi ne n’akwan nyinaa, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ne Yuda ahene nhoma no mu.

8 Odii mfe aduonu anum na obedii hene, na odii hene mfe dunsia Yerusalem.

9 Na Yotam ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no Dawid kurow no mu. Na ne ba Ahas bedii n’ade.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan