2 Berɛsosɛm 19 - KYERƐW KRONKRONOdiyifo Yehu animka 1 Na Yuda hene Yehosafat san baa ne fi asomdwoe mu Yerusalem. 2 Na Hanani ba Yehu, ɔdehwɛfo no, fi kohyiaa no, na ɔka kyerɛɛ ɔhene Yehosafat sɛ: So ɔbɔnefo na ɛsɛ sɛ woboa no, na wɔn a wɔtan AWURADE no na wodɔ wɔn? Na eyi nti abufuw a efi AWURADE anim da wo so. 3 Nanso wɔahu wo ho nsɛm pa, sɛ woatwitwa Asera nnua afi asase no so, na woasiesie wo koma ahwehwɛ Onyankopɔn. 4 Na Yehosafat tenaa Yerusalem. Na ɔsan fi kɔɔ ɔman no mu de fi Beer-seba kosii Efraim bepɔw so, na ɔsan wɔn baa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no nkyɛn. Asɛnni ho nhyehyɛe foforo 5 Na osisii atemmufo asase no so, Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa mu mmiako mmiako. 6 Na ɔka kyerɛɛ atemmufo no sɛ: Monhwɛ nea moreyɛ yiye, na ɛnyɛ onipa na morebu atɛn ama no, na mmom AWURADE, na ɔne mo wɔ hɔ atemmu asɛm no mu. 7 Na afei AWURADE ho hu ntena mo so. Monhwɛ mo ho yiye na monyɛ, efisɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne mmoaagye nni ne fam. 8 Na Yerusalem nso, Yehosafat de Lewifo ne asɔfo ne Israel agyanom atitiriw no mu binom sisii AWURADE atemmu ne asɛnni so. Na wɔsan baa Yerusalem. 9 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Saa na monyɛ AWURADE suro mu, nokware ne koma mu mu. 10 Na ɔham asɛm biara a ɛba mo nkyɛn a efi mo nuanom a wɔtete wɔn nkurow mu na ɛyɛ mogya ne mogya ntam asɛm anaa mmara ne ɛmom, ahyɛde ne atemmu ntam asɛm no, monkyerɛkyerɛ wɔn mu, na wɔanni AWURADE anim so, na abufuw amma mo ne mo nuanom so; monyɛ sa, na morenni so. 11 Na hwɛ, ɔsɔfo Amaria di mo ti, AWURADE nsɛm nyinaa fam, na Ismael ba Sebadia a ɔyɛ Yuda fi bapɔmma no nso, ɔhene nsɛm nyinaa fam, na atemmufo Lewifo no wɔ mo anim nso. Mo ho nyɛ den na monyɛ, na AWURADE ne apapafo bɛtena. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana