2 Berɛsosɛm 10 - KYERƐW KRONKRONƆman no mpaepaemu ( 1 Ahene 11.41-43 ) 1 Na Rehoboam siim kɔɔ Sekem, na Sekem na Israelfo nyinaa aba sɛ wɔrebesi no hene. 2 Na Nebat ba Yeroboam a ɔwɔ Misraim nea ofi ɔhene Solomon anim guan kɔe no tee. Ɛnna Yeroboam san fii Misraim bae. 3 Na wɔsoma kohyiaa no bae, na Yeroboam ne Israel nyinaa bae bɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ: 4 W’agya maa yɛn kɔndua yɛɛ duru papa, na afei yi w’agya ɔsom dennen ne ne kɔndua duruduru a ɔde too yɛn so no ma ɛnyɛ hare, na yɛnsom wo. 5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nnansa monsan mmra me nkyɛn. Na ɔman no kɔe. 6 Na ɔhene Rehoboam ne mpanyimfo a n’agya Solomon te ase no, wɔyɛ n’afotufo no tuu agyina sɛ: Ɛfo bɛn na moretu me na mede makobua ɔman yi? 7 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ ɔman yi yiye na wosɔ wɔn ani na woka wɔn nsɛm pa a, ɛnne wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa. 8 Na ogyaw mpanyimfo no fo a wotuu no no, na ɔne mmofra a wɔne no nyinii a wotu no fo no kotuu agyina, 9 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfo bɛn na mo nso, moretu, na yɛde akobua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔndua a w’agya de too yɛn so no so ma ɛnyɛ hare, no? 10 Na mmofra a wɔne no nyinii no ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛɛ na ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔndua yɛɛ duru, na wo de, yɛ no hare ma yɛn, no, sɛɛ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Me kokɔbɛto so sen m’agya asen. 11 Na afei, m’agya de kɔndua duruduru soaa mo, na me de, mɛto mo kɔndua no so, m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me de, mede nkekantwɛre na mɛhwe mo. 12 Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa baa Rehoboam nkyɛn da a ɛto so abiɛsa no, sɛnea ɔhene kae sɛ: Da a ɛto so abiɛsa no, monsan mmra me nkyɛn, no. 13 Na ɔhene no de asɛnnennen buaa wɔn, na ɔhene Rehoboam gyaw mpanyimfo no fo a wotuu no no, 14 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛnea mmofra no tuu no fo no sɛ: M’agya maa mo kɔndua yɛɛ duru, na me de, mɛto so, m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo. 15 Na ɔhene no antie ɔman no, efisɛ Onyankopɔn na ɔdan no saa, sɛ AWURADE bɛma n’asɛm a ɔnam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu. 16 Na Israel nyinaa hui sɛ ɔhene no antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene no sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ Dawid mu? Nanso yenni agyapade bi Yese ba no mu. Israel, monkokɔ mo afi mu! Afei, Dawid, hwɛ w’ankasa wo fi. Ɛnna Israel nyinaa siim kokɔɔ wɔn afi mu. 17 Na Israelfo a wɔtete Yuda nkurow mu no de, Rehoboam dii wɔn so hene. 18 Na ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a odi adwuma tow so no, na Israelfo no siw no abo ma ɔtɔe. Ɛnna ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm foroo teaseɛnam sɛ ɔreguan akɔ Yerusalem. 19 Na Israel wae fii Dawid fi ho de besi nnɛ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana