Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 1 - KYERƐW KRONKRON


Solomon bɔ mpae srɛ nyansa
( 1 Ahene 3.1-15 )

1 Na Dawid ba Solomon hyɛɛ ne ho den n’ahenni so, na AWURADE, ne Nyankopɔn dii n’akyi na ɔmaa no soe kɛse pa ara.

2 Na Solomon kasa kyerɛɛ Israelfo nyinaa, mpem ne ɔha ha so asafohene ne akannifo ne Israel nyinaa so mmapɔmma a wɔyɛ mpanyimfi atitiriw no nyinaa.

3 Na Solomon ne bagua a wɔka ne ho no nyinaa siim kɔɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon no. Na ɛhɔ na Onyankopɔn ahyiae ntamadan a AWURADE akoa Mose yɛe sare so no wɔ.

4 Nso Onyankopɔn adaka no de, Dawid kɔfa fii Kiriat-yearim de baa nea Dawid siesie maa no no, na osii ntamadan maa no Yerusalem.

5 Na kɔbere afɔremuka a Hur ba Uri ba Besalel yɛe no si AWURADE tenabea no anim hɔ, na Solomon ne bagua no kɔhwehwɛɛ akyi kwan.

6 Na Solomon bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ hɔ, kɔbere afɔremuka a esi AWURADE anim ahyiae ntamadan no anim no so, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre apem.


Onyankopɔn ahoyi

7 Anadwo no ara na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Srɛ nea memma wo.

8 Ɛnna Solomon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Wo na woyɛɛ m’agya Dawid adɔe kɛse, na woayɛ me ɔhene asi n’ananmu.

9 Afei, AWURADE Nyankopɔn, ma w’asɛm ntim mma m’agya Dawid. Na wo na woasi me hene, ɔman a wɔdɔɔso sɛ asase so mfutuma so,

10 afei, ma me nyansa ne nimdeɛ na mimfi adi ɔman yi anim na memmra mu, na ɛhena na obebu wo man kɛse yi atɛn?

11 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Solomon sɛ: Esiane sɛ eyi wɔ wo koma mu, na woammisa ahonya, akorade ne anuonyam ne w’atamfo kra, na nna dodow nso woammisa, na mmom woabisa nyansa ne nimdeɛ, sɛ wode bebu me man a mayɛ wo wɔn so hene no atɛn yi,

12 nyansa ne nimdeɛ no, wɔde ama wo, na ahonya ne akorade ne anuonyam nso, mɛma wo, a ahene a wodii w’anim no nnyaa no saa da, na w’akyi nso wɔrennya no saa.

13 Ɛnna Solomon fi sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon no ne ahyiae ntamadan no anim baa Yerusalem, na odii Israel so hene.


Solomon dɔm ne n’ahonya

14 Na Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ano, na onyaa nteaseɛnam apem ahanan ne apɔnkɔsotefo pedumien, na ɔde wɔn duaa nteaseɛnam nkurow mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem.

15 Na ɔhene maa dwetɛ ne sika yɛe sɛ abo Yerusalem, na nkyeneduru nso ɔmaa ne dodow yɛe sɛ ankye a ɛwowɔ tataw so.

16 Na Solomon apɔnkɔ a wɔde fi Misraim ba no de, ɔhene aguadifo asafo na wɔkɔtotɔ apɔnkɔkuw sɛ wɔn bo te de ba.

17 Na wɔde teaseɛnam a ne bo yɛ dwetɛ nnwetɛbona ahansia ne ɔpɔnkɔ nso a ne bo yɛ ɔha aduonum fi Misraim ba. Na saa na wokura bi de fi brɛ Hetifo ahemfo ne Siria ahemfo nyinaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan