2 Ahene 9 - KYERƐW KRONKRONWɔsra Yehu ngo si no Israel so hene 1 Na odiyifo Elisa frɛɛ adiyifo mma no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ wo ho so, na fa ngo toa yi kura, na kɔ Ramot-gilead. 2 Na sɛ wudu hɔ a, hwehwɛ Nimsi ba Yehosafat ba Yehu fi, na kɔ mu, na ma ɔnsɔre mfi ne nuanom mu, na fa no kɔ mpiakyiri pia mu, 3 na fa ngo toa no hwie gu n’atifi, na ka sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Masra wo masi Israel so hene. Na hiɛ ɔpon no na guan, na nnyina. 4 Ɛnna aberante a ɔyɛ odiyifo aberante no siim kɔɔ Ramot-gilead. 5 Na odui no, na hwɛ, dɔm so asafohene tete hɔ; na ɔkae sɛ: Mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo, ɔsafohene. Na Yehu se: Wode yɛn nyinaa mu hena? Na ose: Mede wo, ɔsafohene. 6 Ɛnna ɔsɔre kɔɔ ɔdan no mu, na ohwiee ngo no guu n’atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Masra wo masi wo AWURADE man Israel so hene; 7 na wobɛbɔ wo wura Ahab fi, na matɔ me nkoa adiyifo no mogya ne AWURADE nkoa nyinaa mogya so were Yesebel nsam; 8 na Ahab fi nyinaa asɛe, na matwa Ahabni barima biara afi Israel mu akyene, sɛ ɔyɛ akoa, anaa ɔdehye. 9 Na mɛyɛ Ahab fi sɛ Nebat ba Yeroboam fi ne Ahia ba Basa fi. 10 Na akraman bedi Yesebel nam, Yesreel asase so, na obi nni hɔ a obesie no. Na ohiɛɛ ɔpon no guanee. 11 Na Yehu fii adi baa ne wura nkoa nkyɛn. Na obi ka kyerɛɛ no sɛ: Eye anaa? Ɛdɛn nti na ɔbɔdamfo yi baa wo nkyɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara munim ɔbarima no ne ne nsɛnkekae. 12 Na wose: Atoro! Ka kyerɛ yɛn ɛ! Na ose: Sɛɛ ne sɛɛ na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Masra wo masi wo Israel so hene. 13 Ɛnna wɔyɛɛ ntɛm yiyii wɔn ntama de hyehyɛɛ n’ase atrapoe no ara so, na wɔhyɛn torobɛnto sɛ: Yehu adi hene! Yehu kunkum Yoram ne Ahasia 14 Na Nimsi ba Yehosafat ba Yehu pam Yoram tiri so; nso na Yoram ne Israel nyinaa rewɛn Ramot-gilead, Siria hene Hasael nti; 15 na ɔhene Yoram de, na wasan aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa opira a ɔne Siria hene Hasael reko no, Siriafo piraa no no. Na Yehu kae sɛ: Sɛ ɛwɔ mo ti mu saa a, ɛnne mommma obi mmfi adi nnguan mmfi kurow yi mu nnkɔka wɔ Yesreel. 16 Na Yehu tenaa teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel; na ɛhɔ na Yoram da, na Yuda hene Ahasia asan aba sɛ ɔbɛhwɛ Yoram. 17 Na ɔwɛmfo gyina Yesreel abantenten so; na ohuu Yehu asafokuw no sɛ wɔreba, na ɔkae sɛ: Mihu asafokuw bi. Na Yoram se: Frɛ ɔpɔnkɔsotefo soma no ma onkohyia wɔn, na ɔnka sɛ: Asomdwoe so anaa? 18 Na ɔpɔnkɔsotefo bi ka kohyiaa no, na ɔkae sɛ: Sɛ ɔhene se ni: Asomdwoe so anaa? Na Yehu se: Asomdwoe fa wo ho dɛn? Bɛsen kɔ m’akyi! Na ɔwɛmfo no kaa sɛ: Ɔbɔfo no adu wɔn nkyɛn, nso ɔnsan mma. 19 Ɛnna ɔsomaa ɔpɔnkɔsotefo a oto so abien, na okoduu wɔn nkyɛn no, ɔkae sɛ: Sɛ ɔhene se ni: Asomdwoe so anaa? Na Yehu se: Asomdwoe fa wo ho dɛn? Bɛsɛn kɔ m’akyi! 20 Na ɔwɛmfo no kae sɛ: Wadu wɔn nkyɛn, nso ɔnsan mma. Na [teaseɛnam no] ka no te sɛ Nimsi ba Yehu de, na ɔka no dennen pa ara. 21 Ɛnna Yoram kae sɛ: Munsiesie teaseɛnam no! Na wosiesiei. Na Israel hene Yoram ne Yuda hene Ahasia fii adi, wɔn nteaseɛnam mu, na wofi kohyiaa Yehu, na wɔkɔtoo no Yesreelni Nabot asase no so. 22 Na Yoram huu Yehu no, ɔkae sɛ: Yehu, asomdwoe so anaa? Na ose: Asomdwoe bɛyɛ dɛn aba, bere a wo na Yesebel aguamammɔ ne n’abayigoru bebree no rekɔ so yi? 23 Ɛnna Yoram dan ne ho guanee, na ɔka kyerɛɛ Ahasia sɛ: Atirisopamsɛm ni, Ahasia! 24 Na Yehu de ne nsa soo bɛmma mu tow bɔɔ Yoram abasa ntam, na agyan no hwirew ne koma mu, na ɔhwee ne teaseɛnam mu. 25 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne kunini Bidkar sɛ: Ma no so tow no kyene Yesreelni Nabot asase no so! Na kae sɛ me ne wo te apɔnkɔ so bɔɔ anan dii n’agya Ahab akyi no, AWURADE de atemmusɛm yi too no so sɛ: 26 Ampa ara, mihuu Nabot mogya ne ne mma mogya nnɛra! AWURADE na ose: Na metua wo ɛso ka, asase yi so, AWURADE na ose. Na afei ma no so tow no kyene asase yi so, sɛ AWURADE asɛm no te no. 27 Na Yuda hene Ahasia hui no, ɔfaa turom dan kwan so guanee. Na Yehu tiw no, na ɔkaa sɛ: Mommɔ ɔno nso teaseɛnam no mu. Wɔyɛɛ saa Gur aforoe a ɛwɔ Yibleam ho no; na oguan kɔɔ Megido, na okowuu wɔ hɔ. 28 Na ne nkoa de no nam teaseɛnam mu kɔɔ Yerusalem; na wosiee no n’asiei kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu. 29 Na Ahab ba Yoram afe a ɛto so dubiako so na Ahasia bedii Yuda so hene. Yesebel awiei a ɛyɛ hu 30 Ɛnna Yehu baa Yesreel. Na Yesebel tee no, ɔkekaa n’aniwa ho adubiri na ɔhyehyɛɛ ne ti, na ɔhwɛɛ mfɛnsere mu. 31 Na Yehu duu ɔpon no ano no, ɔkae sɛ: So ɛyɛ asomdwoe, Simri a okum ne wura? 32 Na ɔmaa n’ani so hwɛɛ mfɛnsere no, na ɔkae sɛ: Hena na ɔwɔ m’afa, hena? Ɛnna pia mufo baanu anaa baasa buu wɔn ani kyerɛɛ no. 33 Na ɔkae sɛ: Montow no nhwe fam! Ɛnna wɔtow no hwee fam, na ne mogya bi petee ɔfasu ho ne apɔnkɔ no ho, na ɔde ne teaseɛnam faa no so. 34 Na ɔhyɛn mu; na odidii na ɔnomee no, ɔkae sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ ɔbea a wɔadome no no, na munsie no, efisɛ ɔyɛ ɔhene babea. 35 Na wɔkɔe sɛ wokosie no, nanso wɔanhu ne ho biribi gye ne tikora ne ne nan ne ne nsayam. 36 Na wɔsan bɛka kyerɛɛ no; na ɔkae sɛ: AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa Elia Tisbini no so kae no ni sɛ: Yesreel asase so na akraman bedi Yesebel nam, 37 na Yesebel funu bɛpete ayɛ sɛ agyanan wɔ, Yesreel asase so, na obiara renhu mpo nka sɛ: Yesebel ni! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana