Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Ahene 12 - KYERƐW KRONKRON


Yoas di Yuda so hene
( 2 Berɛsosɛm 24.1-16 )

1 Yehu afe a ɛto so ason so na Yoas bedii hene, na odii hene mfirihyia aduanan Yerusalem. Na ne na din de Sibia a ofi Beer-seba.

2 Na Yoas yɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so ne nna a ɔsɔfo Yehoiada kyerɛkyerɛɛ no nyinaa.

3 Nanso sorɔnsorɔmmea no de, wɔanyi; ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew aduhuam sorɔnsorɔmmea no so.

4 Na Yoas ka kyerɛɛ asɔfo no sɛ: Akronkronne sika a wɔde ba AWURADE fi nyinaa ne obiara kra ti sika sɛ wɔbɔ no bo no, ne sika biara nso a ɛba obi koma mu sɛ ɔde bɛba AWURADE fi no,

5 asɔfo no nnyigye wɔ amannifo nkyɛn, na wɔmfa nsiesie ofi no faako a ayɛ gow no, baabiara a wobehu sɛ gow bi wɔ.

6 Na ɔhene Yoas afe a ɛto so aduonu abiɛsa so no, na asɔfo no nnya nsiesie ofi no mu adangow no ɛ.

7 Ɛnna ɔhene Yoas frɛɛ ɔsɔfo Yehoiada ne asɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na monnsiesie ofi no mu adangow no? Afei munnnyigye sika mo amannifo nkyɛn bio, na munyi mma na wɔmfa mpompam ofi no adangow no.

8 Na asɔfo no penee sɛ wɔrennye ɔman no hɔ sika, na wɔrempompam ofi no mu adangow no bio.

9 Ɛnna ɔsɔfo Yehoiada faa adaka bi, na otuu ne mmuaso mu tokuru, na ɔde sii afɔremuka no ho, nea wɔfa ba AWURADE fi no nifa; na asɔfo a wɔhwɛ ɔpon no ano no de sika a wɔde ba AWURADE fi no nyinaa guu mu.

10 Na sɛ wohu sɛ sika pii wɔ adaka no mu a, ɔhene kyerɛwfo ne ɔsɔfo panyin no foro ba, na wɔbɛkyekyere, na wɔkan sika a wohu AWURADE fi no.

11 Na wɔde sika a wɔakari no hyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ adwuma no a wɔde wɔn sisii AWURADE fi so ahwɛfo no nsa, na woyi maa nnua adwumfo ne adansifo a wɔyɛ AWURADE fi no,

12 ne abantofo, ne abotwafo, ne nea wɔde bɛtɔ nnua ne abo a wɔatwa, nea wɔde bɛpompam AWURADE fi adangow no, ne nea wɔde betua ofi no adangow no pempam ho ade a wɔhwere nyinaa ka.

13 Nanso wɔamfa sika a wɔde ba AWURADE fi no mu bi anyɛ AWURADE fi dwetɛ nsanka, adumgya, nkora, ntorobɛnto anaa sika ne dwetɛ ade biara.

14 Na wɔde maa wɔn a wɔyɛ adwuma no, na wɔde pempam AWURADE fi no.

15 Nanso wɔne nnipa a wɔde sika hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa mma adwumayɛfo no ammu akontaa, efisɛ wɔyɛɛ no nokware mu.

16 Asodi afɔre sika ne bɔne ho afɔre sika de, wɔamfa amma AWURADE fi; ɛyɛ asɔfo no dea.


Hasael tu Yerusalem so sa

17 Ɛbere no mu na Siria hene Hasael foro bae ne Gat bɛkoe, na odii nkunim; na Hasael de n’ani kyerɛe sɛ ɔreforo aba Yerusalem.

18 Ɛnna Yuda hene Yoas faa akronkronne a n’agyanom Yuda ahene Yosafat ne Yoram ne Ahasia yɛɛ no kronkron no nyinaa, ne n’akronkronne, ne sika a wohuu AWURADE fi ne ahemfi akorade mu nyinaa, na ɔsoma ma wɔde kɔmaa Siria hene Hasael; ɛnna ofii Yerusalem hɔ kɔe.

19 Na Yoas ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw no Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu.

20 Na ne nkoa sɔre pam ne tiri so, na wokum Yoas wɔ Milo dan a ɛde rekɔ Sila no mu.

21 Na ne nkoa Simeat ba Yosakar ne Somer ba Yosabad bɔɔ no na owui; na wosiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu; na ne ba Amasia bedii n’ade.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan