Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Timoteo 4 - KYERƐW KRONKRON


Atoro akyerɛkyerɛfo

1 Na honhom no ka no pefee sɛ nna no mu no, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho,

2 atorokyerɛfo nkontompo nti. Wɔn na wɔn ahonim awu.

3 Wosiw aware ho kwan ka se wontua wɔn ho nnuan a Onyankopɔn bɔe sɛ gyidifo ne wɔn a wɔahu nokware mfa aseda nni bi no.

4 Na Onyankopɔn abɔde nyinaa ye, na sɛ yɛde aseda gye a, ɛnne ɛnsɛ sɛ yekyi biribiara;

5 efisɛ wɔde Onyankopɔn asɛm ne mpaebɔ na ɛtew ho.

6 Sɛ wode eyinom kyerɛ anuanom no a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a wɔde gyidi ne nkyerɛkyerɛ pa a wudii akyiri no nsɛm ayɛn no.


Abrabɔ pa ho afotu

7 Na mmerewa anansesɛm huhuw no de gu, na bɔ onyamesom pa ho mmɔden;

8 na ɔhonam mu mmɔdemmɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.

9 Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye koraa.

10 Eyi nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no gyidifo, Agyenkwa no so.

11 Eyinom na tu ho fo dennennen na kyerɛkyerɛ!


Ɔbra pa ne mmɔdemmɔ

12 Mma obi mmmu wo aberante a woyɛ no abomfiaa, na mmom yɛ gyidifo nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.

13 Bata akenkan, afotu ne nkyerɛkyerɛ ho kosi sɛ mɛba.

14 Mma wo mu adom akyɛde a wɔnam nkɔmhyɛ ne mpanyimfo nsa a wɔde guu wo so de maa wo no nnna hɔ kwa.

15 Eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu.

16 Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tena mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan