1 Timoteo 3 - KYERƐW KRONKRONEsu a ɛfata Kristofo akannifo 1 Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, sɛ obi pɛ ɔhwɛfo adwuma a, wapɛ adwuma pa. 2 Nso nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ wonnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyere biako kunu, n’ani so da hɔ, n’adwenem tew, ɔyɛ ne ho wosee, ɔpɛ ahɔhoyɛ, ohu kyerɛkyerɛ, 3 ɔnyɛ ɔsadweam, ɔnyɛ pupopupo, na mmom odwo, ɔnyɛ ntɔkwapɛfo, ɔnyɛ sikanibere; 4 odi n’ankasa ne fi so yiye ma ne mma hyɛ n’ase animduru nyinaa mu. 5 Na sɛ obi nhu ne fi so hwɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhwɛ Onyankopɔn asafo so? 6 Ɔnyɛ abɛɛfo, na wanhoman anhwe ɔbonsam atemmu mu. 7 Nanso ɛsɛ sɛ wɔn a wɔtete hɔ no bɔ no din pa, na wanhwe ahohora ne ɔbonsam afiri mu. Esu a ɛfata asomfo ne wɔn yerenom 8 Asafo mu asomfo nso, ɛsɛ sɛ wɔn anim yɛ duru, wɔnyɛ ano nta, wɔnyɛ asadweam, wɔnyɛ adifudepɛfo; 9 wɔde gyidi ahintasɛm no sie ahonim a emu tew mu. 10 Na wɔnsɔ eyinom nhwɛ kan, na sɛ asɛm bi nni wɔn ho ansa a, wɔama wɔasom. 11 Mmea no nso anim nyɛ duru saa ara, wɔnnyɛ nsekufo, wɔn ani so nna hɔ, wonni ade nyinaa mu nokware. 12 Asafo mu asomfo nyɛ ɔyerenom mmiako mmiako kununom, nni wɔn mma ne wɔn ankasa afi so yiye. 13 Na wɔn a wɔsom yiye no nya nnyinaso pa ne nnam bebree, gyidi a ɛwɔ Kristo Yesu mu mu. Onyankopɔn asafo 14 M’ani da so sɛ mɛba wo nkyɛn ntɛm pa de, nanso merekyerɛw eyinom mabrɛ wo ansa, 15 na sɛ ebia mekyɛ a, woahu sɛnea ɛsɛ sɛ wubu wo bra Onyankopɔn fi a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo asafo, nokware dum ne nnyinaso no mu. 16 Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana