1 Tesalonikafo 2 - KYERƐW KRONKRONAsomafo no asɛnka wɔ Tesalonika 1 Na, anuanom, mo ara munim sɛ yɛn kwan a yenya baa mo mu no anyɛ ɔkwa, 2 na ɛwom sɛ yɛadi kan ahu amane, na wɔbɔɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛnea munim no de, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Onyankopɔn asɛmpa no, ɔko bebree mu. 3 Na yɛn afotusɛm no mfi nnaadaa anaa adwemmɔne mu, nanso ɛnnam nsisi mu, 4 na sɛnea Onyankopɔn abu no sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa no hyɛ yɛn nsa no, saa ara nso na yɛkasa, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn koma hwɛ no ani. 5 Na sɛnea munim no, Onyankopɔn ne dansefo, yɛanka adɛfɛdɛfɛsɛm da, nso yɛamfa nsɛm anyɛ anibere nkataso, 6 anaasɛ yɛanhwehwɛ nnipa anim anuonyam amfi mo anaa afoforo nkyɛn; 7 ɛwom sɛ anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛyɛ yɛn ho akɛse sɛ Kristo asomafo; nanso yɛbrɛɛ yɛn ho ase wɔ mo mu, sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma. 8 Na esiane sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye saa nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛne mo bɛkyɛe, na yɛn ankasa kra nso bi, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo. 9 Na anuanom, mokae yɛn mmɔdemmɔ adwuma ne ɔbrɛ, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara, na yɛde kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo. 10 Mo ne Nyankopɔn ne adansefo, sɛnea yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne trenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifo. 11 Afei nso munim sɛnea yetutuu mo nyinaa fo mmiako mmiako, sɛnea agya bi yɛ ne mma, na yɛhyɛɛ mo baninha, na yedii mo adanse 12 sɛ monnantew sɛnea ɛsɛ Onyankopɔn a wafrɛ mo akɔ n’ahenni ne n’anuonyam mu no. Tesalonikafo boasetɔ wɔ ɔtaa mu 13 Eyi nti nso yɛda Onyankopɔn ase daa, efisɛ munyaa Onyankopɔn asɛm no fii yɛn nkyɛn no, mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa, ɔno nso na ɔyɛ mo a mugye di no mu adwuma kɛse. 14 Na mo, anuanom, moayɛ Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Yudea no, Kristo Yesu mu, efisɛ mo nso muhuu mo ankasa manfo nsam amane saa ara, sɛnea wɔn nso wohui Yudafo mu no. 15 Wɔn na wokum Awurade Yesu ne adiyifo no, na wɔtaa yɛn pam yɛn, nso wɔnsɔ Onyankopɔn ani, na wɔne nnipa nyinaa di asi. 16 Wɔbra yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuw no anya aba wɔn so awie. Paulo dɔ 17 Na yɛn de, anuanom, wɔyii yɛn fii mo nkyɛn mmere kakraa bi wɔ honam mu na ɛnyɛ koma mu no, yɛbɔɔ mmɔden bebrebe anigyina pii mu sɛ yebehu mo anim. 18 Enti anka yɛpɛe sɛ yɛba mo nkyɛn, me Paulo titiriw prɛko ne mprenu so, nanso Satan siw yɛn kwan. 19 Na hena ne yɛn anidaso anaa anigye anaa ahohoahoa abotiri yɛn Awurade Yesu Kristo anim wɔ ne ba mu, ɛnyɛ mo anaa? 20 Yiw, mone yɛn anuonyam ne yɛn anigye. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana