1 Samuel 9 - KYERƐW KRONKRONAWURADE paw Saul 1 Nso ɔdefo bi wɔ hɔ a ne din de Kis. Ofi Benyamin abusua mu. N’agya din de Abiel, na nena ne Sero, wofi Bekorat fi wɔ Afia abusua mu. 2 Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saul; aberante no ho yɛ fɛ, Israelfo mu de obiara nsen no ahoɔfɛ. Efi ne mmati rekɔ no, ɔware sen obiara, ɔman no mu. 3 Na Saul n’agya Kis mfurum yerae. Na ɔka kyerɛɛ ne ba Saul sɛ: Fa mmerante no mu biako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfurum no. 4 Na wɔkɔfaa Efraim bepɔw so, na wɔfaa Salisa asase so, nanso wɔanhu wɔn; na wɔfaa Saalim asase so, nanso na wonni hɔ; na wɔfaa Benyamin asase so, nanso wɔanhu wɔn. 5 Na woduu Suf asase so no, Saul ka kyerɛɛ n’abofra sɛ: Bra ma yɛnsan nkɔ, na m’agya annyae mfurum no ho dwen ammedi yɛn ho nkɔmmɔ. 6 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Onyankopɔn nipa bi wɔ kurow yi mu, ɔyɛ onipa a n’anim yɛ nyam, nea ɔka nyinaa ba mu; ma yɛnkɔ hɔ, ebia ɔbɛka yɛn ɔkwan a yɛrekɔ yi ho asɛm bi akyerɛ yɛn. 7 Na Saul ka kyerɛɛ n’abofra no sɛ: Hwɛ, yɛkɔ a, dɛn na yɛde bɛkɔ akɔma ɔbarima no? Abodoo asa wɔ yɛn kotoku mu, na ayɛyɛde bi nni hɔ a yɛde rekɔma Onyankopɔn nipa no; dɛn na yɛwɔ? 8 Na n’abofra no buaa bio sɛ: Hwɛ, mikura dwetɛ dwetɛbona abupɛn anan mu biako, ɛno na mede bɛma Onyankopɔn nipa no, na wama yɛn akwankyerɛ. 9 (Kan no Israel, sɛ obi rekobisa Onyankopɔn hɔ ade a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehufo no nkyɛn; ɔno na nnɛ yi wɔfrɛ no odiyifo no, kan no na wɔfrɛ no ɔdehufo.) 10 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ n’abofra no sɛ: Ɔsɛmpa, bra ma yɛnkɔ. Na wɔkɔɔ kurow a Onyankopɔn nipa no wɔ mu no mu. 11 Na wɔreforo koko no akɔ kurow no mu no, wohuu mmabaa a wɔrefi akɔsaw nsu. Na wobisaa wɔn sɛ: Ɔdehufo no wɔ hɔ anaa? 12 Na wobuaa wɔn sɛ: Ɔwɔ hɔ, hwɛ, ɔwɔ mo anim ha yi ara; monyɛ ntɛm, na ɛnnɛ waba kurow no mu, na ɔman no bɔ afɔre nnɛ sorɔnsorɔmmea hɔ. 13 Mudu kurow no mu ara pɛ a, mubehu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔmmea hɔ akodidi; efisɛ ɔman no nnidi kosi sɛ ɔbɛba: Na ɔno na ohyira afɔre no so ansa na wɔn a wɔahyia wɔn no adidi. Enti momforo nkɔ, na ɛnnɛ ara na mubehu no. 14 Na wɔforo kɔɔ kurow no mu. Woduu hɔ no na hwɛ Samuel refi adi abehyia wɔn aforo akɔ afɔrebɔbea hɔ. 15 Nso na AWURADE ayi Samuel asitiw dedaw ansa na Saul reba sɛ: 16 Ɔkyena sesɛbere mɛsoma ɔbarima bi afi Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo si no me man Israel so panyin, na onnye me man mfi Filistifo nsam; na mahu me man no yaw, efisɛ wɔn su adu m’anim. 17 Na Samuel huu Saul no, AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, onipa a misee wo sɛ obedi me man so no ni. 18 Na Saul twiw bɛn Samuel kurow pon no ano kae sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me nea ɔdehufo no fi wɔ. 19 Na Samuel buaa Saul sɛ: Mene ɔdehufo no. Foro di m’anim kɔ afɔrebɔbea hɔ, na mo ne me bedidi nnɛ, na ade kye a, magya mo kwan; na mɛka wo nea ɛwɔ wo komam nyinaa. 20 Na wo mfurum a wɔyerae nnɛ nnansa no de, mfa w’adwene nto so, na wɔahu wɔn. Na hena na Israel nyinaa ani wɔ no so? So ɛnyɛ wo ne w’agya fi? 21 Na Saul buae sɛ: Me de, meyɛ Benyaminni, na Israel mmusuakuw mu ketewa no mu na mifi, na m’abusua ne Benyamin abusuakuw mu mmusua nyinaa mu ketewa. Na ɛdɛn nti na woka saa asɛm yi kyerɛ me? 22 Na Samuel faa Saul ne n’abofra no, na ɔde wɔn kɔɔ adidii, na ɔmaa wɔn atenae wɔn a wɔahyia wɔn no ti. Wɔbɛyɛ sɛ nnipa aduasa. 23 Na Samuel ka kyerɛɛ osoodoni no sɛ: Fa nankum a meka kyerɛɛ wo sɛ fa sie no bra. 24 Na osoodoni no kɔfaa ɔsrɛ ne nea ɛwɔ ho no de besii Saul anim; na Samuel kae sɛ: Hwɛ, nea wɔagyaw ni; fa si w’anim na di, efisɛ wɔde asie ama wo, bere a mise mahyia ɔman no. Na Saul ne Samuel didii da no. 25 Na wofii afɔrebɔbea hɔ sian baa kurow no mu, na ɔne Saul kasae ɔdan atifi. 26 Na wɔsɔree nhema; a ade rekye no, Samuel frɛɛ Saul fii ɔdan atifi sɛ: Sɔre na minnya wo kwan. Na Saul sɔree, na wɔn baanu no, ɔno ne Samuel, fii adi. 27 Wosian koduu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ka kyerɛ w’abofra no na ɔmmɛsen nni yɛn anim nkɔ, na aberante no bɛsen kɔ a, wo de, gyina hɔ, afei ma menka nhyehyɛe a Onyankopɔn wɔ ma wo no, nkyerɛ wo, na tie. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana