1 Samuel 8 - KYERƐW KRONKRONIsraelfo hwehwɛ ɔhene 1 Bere a Samuel bɔɔ akora no, ɔde ne mma sisii Israel so sɛ akannifo. 2 N’abakan din de Yoel, na nea ɔka ho no de Abiya; wɔyɛɛ akannifo wɔ Beer-seba. 3 Na ne mma no de, wɔansɛ wɔn agya ɔkwan biara so, na wɔman kodii mfaso akyi, wogyigyee adammude, na wobubuu ntɛnkyew. Israelfo hwehwɛ ɔhene 4 Ɛnna Israel mpanyin nyinaa hyia baa Samuel nkyɛn wɔ Rama 5 bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na onni yɛn kan sɛ amanaman nyinaa te. 6 Na asɛm no ansɔ Samuel ani sɛ wɔkae sɛ: Ma yɛn ɔhene na onni yɛn kan no. Na Samuel bɔɔ AWURADE mpae. 7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie nea ɔman no se ne nea wɔka kyerɛ wo no nyinaa, efisɛ ɛnyɛ wo na wɔapa wo, na me na wɔapa me, sɛ minnni wɔn so hene. 8 Wɔn nneyɛe nyinaa fi da a miyii wɔn fii Misraim mebae de abedu nnɛ yi, sɛnea wɔagyaw me akɔsom anyame foforo no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi. 9 Enti tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, kyerɛ wɔn ɔhene a obedi wɔn so no apɛde. 10 Na Samuel kaa AWURADE nsɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔmanfo a wobisaa no hɔ ɔhene no. 11 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi ne ɔhene a obedi mo so no apɛde: Ɔbɛpaw mo mmammarima de wɔn akɔ ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo mu, na wama wɔatu mmirika adi ne nteaseɛnam anim sɛ n’awɛnfo 12 na ɔde wɔn asisi mpem so asafohene ne aduonum so asafohene afa, na wama wɔadɔw n’asase na wɔatwa ne nnɔbae, na wɔayɛ n’akode ne ne nteaseɛnam ho ade. 13 Na ɔbɛfa mo mmabea ayɛ adufrafo, soodofo ne abodootofo. 14 Na ɔbɛfa mo mfuw ne mo bobe nturo mu nea eye de ama n’asomfo. 15 Na obegye mo awifuw ne bobe nturo aba mu ntotoso du du de ama ne gyaasefo ne n’asomfo. 16 Na ɔbɛfa mo nkoa ne mo mfenaa ne mo mmerante mu ahoɔdenfo, ne mo mfurum de ayɛ n’adwuma. 17 Obegye mo nguan mu ntotoso du du. Na mobɛyɛ no nkoa. 18 Na bere bi bɛba a, mo hene a moayi no adi mo so no nti, mubesu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua mo. 19 Na ɔman no ampene sɛ wotie Samuel, na wɔkae sɛ: Dabi, na ɔhene ara na onni yɛn so, 20 na yɛn nso nyɛ sɛ amanaman nyinaa, na yɛn hene no nni yɛn anim nni ako mma yɛn. 21 Na Samuel tee ɔman no nsɛm nyinaa no, ɔka guu AWURADE asom. 22 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie wɔn, na si ɔhene ma wɔn. Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa sɛ: Obiara nkɔ ne kurom. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana