Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 6 - KYERƐW KRONKRON


Wɔde Onyankopɔn adaka no san brɛ Israelfo

1 Na AWURADE adaka no dii Filistifo asase so asram asɔn.

2 Ɛnna Filistifo frɛfrɛɛ asɔfo ne akɔmfo sɛ: Yɛnyɛ AWURADE adaka yi dɛn? Monkyerɛ yɛn dekode a yɛmfa nka ho nkɔ ne sibea.

3 Na wɔkae sɛ: Sɛ morema wɔde Israel Nyankopɔn adaka no akɔ a, mommma wɔmmfa no hunu nnkɔ, na mmom momfa asodi afɔre nka ho nkɔ. Ɛno ansa na wɔbɛsa mo yare, na mubehu nea enti a ne nsa mfi mo so yi.

4 Na wɔkae sɛ: Asodi afɔre bɛn na yɛmfa mma? Na wose: Momfa sika na wɔnyɛ no sɛ mpobia anum ne sika nkura anum, sɛnea Filistifo asafohene ano si, efisɛ ɔhaw koro no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo asafohene so.

5 Enti monyɛ mo mpobia no sɛso ne mo nkura a wɔsɛe mo asase no sɛso, na momfa anuonyam mma Israel Nyankopɔn: Ebia ne nsa bɛyɛ hare afi mo ne mo anyame ne mo asase so.

6 Na ɛdɛn nti na moyɛ mo koma dennen sɛ Misraimfo ne Farao yɛɛ wɔn koma dennen no? So ɛnyɛ sɛ ɔyɛɛ wɔn ade wiei no ansa na wɔtoo wɔn kwan ma wɔkɔe?

7 Na afei monyɛ teaseɛnam foforo, na momfa anantwibere abien a wɔma nufu a kondua nkɔɔ wɔn so da, na momfa anantwi no nsesa teaseɛnam no, na montetew wɔn mma mfi wɔn ho nkɔ ofie;

8 na momfa AWURADE adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika nnwinne a mode rekɔyɛ asodi afɔre ama no no ngu adakawa mu mfa nsi nkyɛn, na munnya no kwan na ɛnkɔ.

9 Na monhwɛ: Sɛ ɛfa n’ankasa ne hye so kwan foro kɔ Bet-semes a, ɛnne na ɔno na ɔyɛ yɛn bɔne kɛse yi; na sɛ anyɛ saa a, na yɛahu sɛ ɛnyɛ ɔno na ne nsa haw yɛn, na asiane bi na asiane yɛn.

10 Na nnipa no yɛɛ sa, na wɔfaa anantwi abien a wɔma nufu de wɔn sesaa teaseɛnam no, na wɔtoo wɔn mma mu ofie;

11 na wɔde AWURADE adaka no sii teaseɛnam no so, na wɔde adakawa a sika nkura ne wɔn mpobia sɛso no wɔ mu no kaa ho.

12 Na anantwi no faa ɔkwan tee kɔɔ Bet-semes kwan so; wɔnam ɔtempɔn koro so, na wɔrekɔ no na wɔde su, na wɔamman ankɔ nifa anaa benkum; na Filistifo asafohene no dii wɔn akyi koduu Bet-semes hye so.

13 Nso na Bet-semesfo retwa wɔn awi obon bi mu; na wɔmomaa wɔn ani so huu adaka no, na ne hu no yɛɛ wɔn anigye.

14 Na teaseɛnam no duu Bet-semesni Yosua afuw mu na egyinaa hɔ; nso ɔbo kɛse bi wɔ hɔ; na wɔpaepaee teaseɛnam no nnua, na wɔde anantwi no bɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE.

15 Na Lewifo no yii AWURADE adaka no ne adakawa a ɛka ho a sika nnwinne no wɔ mu no sisii ɔbo kɛse no so; na Bet-semesfo no bobɔɔ ɔhyew afɔre na wokunkum okum afɔre da no ara maa AWURADE.

16 Na Filistifo asafohene baanum no hui no, wɔsan kɔɔ Ekron da no ara.

17 Na eyinom ne sika mpobia a Filistifo de yɛɛ asodi afɔre de brɛɛ AWURADE no: Asdod de biako, Gasa de biako, Askelon de biako, Gat de biako, Ekron de biako;

18 ne sika nkura no, sɛnea Filistifo nkurow a ɛyɛ asafohene baanum no de ano si no, efi nkurow a wɔatoto ho afasu so de kosi petee mu nkuraa so. Na adanse ne ɔbo kɛse a wɔde AWURADE adaka no sii so no, na ɛwɔ Bet-semesni Yosua afuw mu besi nnɛ da yi.

19 Na okum Bet-semesfo no mu bi sɛ wɔahwɛ AWURADE adaka no mu, na okum ɔman no mu nnipa aduɔsɔn ne nnipa ɔpeduonum. Na ɔman no dii nkɔmmɔ sɛ AWURADE de okum kɛse akum ɔman no mu bi.

20 Na Bet-semesfo no kae sɛ: Hena na obetumi agyina AWURADE, Onyankopɔn kronkronni yi anim, na hena nkyɛn na omfi yɛn nkyɛn nkɔ?

21 Na wɔsomaa abɔfo kɔɔ Kiriat-yearimfo nkyɛn sɛ: Filistifo de AWURADE adaka no aba na mommɛfa nkɔ mo nkyɛn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan