Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 3 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE yi ne ho adi kyerɛ Samuel

1 Na abofra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛna saa bere no mu, na anisoadehu ntaa nni hɔ.

2 Na ɛbere no mu, ɛbae sɛ da bi a Eli da ne dabere no, nso na n’ani so afi ase ayɛ kusukusu a onhu ade yiye,

3 na Onyankopɔn kanea no nnya nnumii na Samuel da AWURADE asɔredan mu, nea Onyankopɔn adaka no si hɔ no.

4 AWURADE frɛɛ Samuel se: Samuel, Samuel, na ose: Mini.

5 Na otuu mmirika kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: Mini, na wofrɛɛ me. Na Eli buae sɛ: Memfrɛɛ wo ɛ, san kɔda. Na ɔkɔdae.

6 Na AWURADE frɛɛ Samuel bio sɛ Samuel; na Samuel sɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: Mini, na wofrɛɛ me. Na ose: Memfrɛɛ wo ɛ, me ba, san kɔda.

7 Nso na Samuel nnya nhuu AWURADE, na wonnya nyii AWURADE asɛm nkyerɛɛ no ɛ.

8 Na AWURADE kɔɔ so frɛɛ Samuel nea ɛto so abiɛsa; na ɔsɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae sɛ: Mini na wofrɛɛ me. Ɛnna Eli hui sɛ AWURADE na ɔrefrɛ abofra no,

9 enti Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Kɔda, na sɛ ɔfrɛ wo a, ka sɛ: AWURADE, kasa na w’akoa retie. Na Samuel kɔ kɔdaa ne dabere.

10 Na AWURADE bae begyinaa hɔ frɛɛ sɛ kan no sɛ: Samuel, Samuel! Ɛnna Samuel se: Kasa, na w’akoa retie.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwɛ, merebɛyɛ biribi Israelfo mu a obiara a ɔbɛte no aso abien mu bɛyɛ no yɔnn.

12 Da no na mɛma ade a maka atia Eli fi nyinaa aba mu fi mfiase de kosi awiei.

13 Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fi atɛn akosi daa, amumɔyɛ no nti, efisɛ onim sɛ ne mma reyɛ abusude, na wanka wɔn anim.

14 Na enti maka ntam afa Eli fi ho sɛ: Sɛ wɔde okum afɔre ne aduan afɔre pata ma Eli fi mpo a, ɛrempopa wɔn amumɔyɛ no da biara da.

15 Na Samuel dae koduu anɔpa, na ohiɛhiɛɛ AWURADE fi apon no. Na Samuel suroe sɛ ɔbɛka ade a ohui no akyerɛ Eli.

16 Ɛnna Eli frɛɛ Samuel sɛ: Me ba Samuel! Na ose: Mini!

17 Na ɔkae sɛ: Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ wo no? Nsiw me so. Sɛ wusiw me asɛm a ɔka kyerɛɛ wo no nyinaa bi so a, Onyankopɔn ntua wo ka, na ɔmfa bi nka ho.

18 Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansiw no bi so. Na Eli se: Ɛyɛ AWURADE, nea eye n’ani so no, ɔnyɛ.

19 Na Samuel renyin no, na AWURADE di n’akyi, na asɛm biara a ɔkae no baa mu.

20 Na Israel nyinaa, efi Dan kosi Beer-seba, hui sɛ wɔde Samuel asi hɔ, sɛ ɔnyɛ AWURADE diyifo.

21 Na AWURADE kɔɔ so yii ne ho adi wɔ Silo; na AWURADE de n’asɛm yii ne ho kyerɛɛ Samuel wɔ Silo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan