1 Samuel 27 - KYERƐW KRONKRONDawid wɔ Filistifo asase so 1 Na Dawid kae ne koma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi Saul nsa na ebekum me; biribiara nye mma me sɛ meguan makɔ Filistifo asase so, na Saul agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafi ne nsa. 2 Na Dawid sɔree, na ɔne mmarima ahansia a wɔka ne ho no twaam kɔɔ Gat hene Maok ba Akis nkyɛn. 3 Na Dawid ne Akis tenae wɔ Gat, ɔno ne ne mmarima no, obiara ne ne fifo, Dawid ne ne yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no. 4 Na wɔka kyerɛɛ Saul sɛ: Dawid aguan kɔ Gat; na wankɔ so anhwehwɛ no bio. 5 Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Sɛ manya w’anim anuonyam a, ma wɔmma me tenabea bi wuram nkurow no bi mu, na menkɔtena hɔ: Na ɛdɛn nti na w’akoa ne wo ntena ahenkurow mu? 6 Ɛnna Akis de Siklag maa no da no ara; enti Siklag dan Yuda ahene de de besi nnɛ. 7 Na nna a Dawid de tenaa Filistifo asase so no yɛ afirihyia ne asram anan. 8 Na Dawid ne ne mmarima no kɔe kotuaa Gesurfo ne Gersifo ne Amalekfo; na wɔn na wɔtete asase no so fi teteete, de kodu Sur a ɛde kɔ Misraim asase so. 9 Na Dawid bɔɔ asase no, na wannyaw ɔbarima anaa ɔbea anikan, na ɔfaa nguan ne anantwi ne mfurum ne yoma ne ntade, na ɔsan baa Akis nkyɛn. 10 Na Akis kae sɛ: Ɛhe na mokɔɔ afow nnɛ? Na Dawid se: Yɛkɔɔ Yuda nifa ne Yerahmeelifo nifa ne Kenifo nifa fam. 11 Na Dawid annyaw ɔbarima anaa ɔbea bi anikan sɛ ɔde wɔn bɛba Gat, efisɛ ose: Anyɛ a, wɔbɛka yɛn ho asɛm sɛ: Sɛɛ na Dawid ayɛ. Na nna a ɔde tenaa Filistifo asase so no nyinaa, sɛ ɔyɛe ara nen. 12 Na Akis gyee Dawid dii, kae sɛ: Wama ne ho abɔn ne man Israel pa ara, enti ɔbɛyɛ m’akoa daa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana