1 Samuel 26 - KYERƐW KRONKRONYiye foforo a Dawid yɛɛ Saul 1 Na Sififo baa Saul nkyɛn Gibea bɛkae sɛ: So ɛnyɛ Dawid na ohintaw Hakila koko a ɛkyerɛ benkum sare pataa no anim no so no? 2 Ɛnna Saul sɔre sian kɔɔ Sif sare so, ɔne Israel mmarima mpensa a wɔapaw wɔn, sɛ ɔrekɔhwehwɛ Dawid, Sif sare so. 3 Na Saul bɔɔ nsra Hakila koko a ɛkyerɛ sare pataa no anim no so, ɔkwan ho, na Dawid de, ɔtenaa sare no so, na ohui sɛ Saul retiw no aba sare no so. 4 Na Dawid somaa akwansrafo, na ohui sɛ Saul aba ampa. 5 Ɛnna Dawid sɔre kɔɔ nea Saul abɔ nsra hɔ. Na Dawid huu faako a Saul ne ne sahene Ner ba Abner dedae; nso Saul da nteaseɛnam aboae hɔ, na dɔm no abɔ nsra atwa ne ho ahyia. 6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Hetini Ahimelek ne Suruia ba Abisai, Yoab ne nua sɛ: Hena na ɔne me besian akɔ Saul nkyɛn wɔ nsram hɔ? Na Abisai se: Me ne wo besian akɔ. 7 Na Dawid ne Abisai kɔɔ dɔm no nkyɛn anadwo, na hwɛ Saul da hɔ ada, nteaseɛnam aboae hɔ, na ne peaw si fam wɔ n’atifi. Na Abner ne dɔm no deda ne ho hyia. 8 Na Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Onyankopɔn de wo tamfo ahyɛ wo nsa nnɛ, na afei ma memfa peaw no menwɔ no minkita fam prɛko, na meremfea no so. 9 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Nkum no, na hena na ɔteɛ ne nsa ka nea AWURADE asra no na odi bem? 10 Na Dawid kae sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, gye AWURADE na ɔbɛka no: Sɛ ne da bedu na wawu, anaasɛ ɔbɛkɔ ɔsa na apra no akɔ. 11 AWURADE mma ɛmpare me sɛ mɛteɛ me nsa maka nea AWURADE asra no no. Na afei fa peaw a ɛwɔ n’atifi no ne nsu kuruwa no na yɛnkɔ. 12 Ɛnna Dawid faa peaw ne nsu kuruwa no fii Saul atifi, na wɔkɔe: Na obiara anhu, obiara ante, na obiara annyan, na wɔn nyinaa adeda, efisɛ AWURADE nnahɔɔ atotɔ wɔn so. 13 Na Dawid sen kɔɔ ɔfa noho, na okogyinaa bepɔw no atifi wɔ akyirikyiri a ɔkwan pa ara da wɔn ntam. 14 Na Dawid bɔn dɔm no ne Ner ba Abner sɛ: Abner ee! Worennye so? Ɛnna Abner gyee so sɛ: Ɛyɛ wo hena na wobɔn ɔhene no? 15 Na Dawid ka kyerɛɛ Abner sɛ: So wonyɛ ɔbarima? Na hena na ɔte sɛ wo Israel mu? Na ɛdɛn nti na woanwɛn wo wura ɔhene? Na dɔm no mu bi bae sɛ anka ɔrebekum wo wura ɔhene. 16 Asɛm a woadi yi nye. Sɛ AWURADE te ase yi, mosɛ owu, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ nea ɔhene peaw ne nsu kuruwa a esisi n’atifi no wɔ. 17 Ɛnna Saul huu sɛ ɛyɛ Dawid nne, na ɔkae sɛ: Wo nne ni, me ba Dawid? Na Dawid se: Ɛyɛ me nne, me wura ɔhene. 18 Na ɔkae sɛ: Ɛdɛn nti na me wura di n’akoa akyi sɛɛ? Mayɛ dɛn? Anaasɛ bɔne bɛn na ɛwɔ me nsam? 19 Enti afei ma me wura ɔhene ntie n’akoa asɛm. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo ahyɛ me a, ɛnne ma onnye aduan afɔre. Na sɛ ɛyɛ nnipa nso a, wɔadome wɔn, AWURADE anim, sɛ wɔapam me nnɛ sɛ minnnya AWURADE agyapade no bi, na wose: Kɔ na kɔsom anyame foforo. 20 Enti afei wɔmmma me mogya nngu fam wɔ faako a ɛnyɛ AWURADE anim, efisɛ Israel hene afi adi rehwehwɛ ɔkraman dwiw, sɛnea wotiw akokɔhwerew wɔ mmepɔw so. 21 Ɛnna Saul kae sɛ: Mayɛ bɔne, san bra, me ba Dawid, na merenyɛ wo bɔne bio, efisɛ me kra bo ayɛ den w’ani so nnɛ da yi. Hwɛ, madi nkwaseasɛm na mafom so bebree pa ara. 22 Na Dawid buae sɛ: Hwɛ, ɔhene peaw ni, na ma mmerante no mu biako mmra mmɛfa. 23 Na AWURADE bɛdan onipa biara trenee ne ne nokwaredi ama no, sɛ nnɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa, na mampɛ sɛ meteɛ me nsa meka nea AWURADE asra no no. 24 Na hwɛ, sɛnea wo kra asom bo nnɛ m’ani so yi, saa ara na me kra nso nsom bo AWURADE ani so, na onyi me mfi ahohia nyinaa mu. 25 Na Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Nhyira nka wo, me ba Dawid. Ampa ara, wobɛyɛ ahoɔdenne, na otumi nso, wubetumi. Ɛnna Dawid sii ne kwan so. Na Saul san kɔɔ ne tenabea. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana