Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 24 - KYERƐW KRONKRON


Yiye a Dawid yɛɛ Saul

1 Na Saul san fii Filistifo akyi bae no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ En-gedi sare so.

2 Ɛnna Saul faa mmarima mpensa a wɔapaw wɔn afi Israel nyinaa mu, na ɔkɔe sɛ ɔkɔhwehwɛ Dawid ne ne nnipa no Nkakragya Abotan so.

3 Na oduu nguannan a ɛwɔ ɔkwan no so no ho; na ɔbodan bi wɔ hɔ, na Saul hyɛn mu sɛ okogyaa n’anan; na Dawid ne ne nnipa nso tete ɔbodan no mu nohoa

4 Na Dawid nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, da a AWURADE ka kyerɛɛ wo sɛ: Hwɛ, mede wo tamfo mɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛnea eye w’ani so no ni. Ɛnna Dawid sɔre wiawiaa ne ho kotwaa Saul batakari ano.

5 Na ɛno akyi no, Dawid koma bɔɔ no paa sɛ watwa Saul atade ano.

6 Na ɔka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: AWURADE mma ɛmpare me sɛ mɛyɛ me wura a AWURADE asra no no ade a ɛte sɛɛ, sɛ mɛteɛ me nsa maka no, efisɛ nea AWURADE asra no ne no.

7 Na Dawid de nsɛm yi bɔɔ ne nnipa no pem, na wampene amma wɔansɔre anhyɛ Saul. Na Saul sɔre fii ɔbodan no mu sii ne kwan so.

8 Na ɛno akyi no, Dawid nso sɔre fii ɔbodan no mu fii adi, na ɔbɔn Saul sɛ: Me wura ɔhene! Na Saul hwɛɛ n’akyi no, Dawid bɔɔ ne ti ase na ɔkotowee.

9 Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ɛdɛn nti na wutie nnipa nsɛm a wɔkeka sɛ: Hwɛ, Dawid pɛ wo bɔne, no?

10 Hwɛ, ɛnnɛ da yi w’aniwa ahu sɛnea AWURADE de wo hyɛɛ me nsa nnɛ ɔbodan no mu; na wɔkae sɛ minkum wo, nanso mekyɛee wo so, na mise: Merenteɛ me nsa menka me wura, efisɛ nea AWURADE asra no ne no.

11 Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ mikura wo batakari ano. Na sɛ matwa wo batakari ano na mankum wo yi, hu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne bi ɛ, nso wo de, worepɛ me akum me.

12 AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn, na AWURADE nnye m’aweretɔde wo nsam. Na me nsa de, ɛrenka wo.

13 Sɛnea tete bɛ no ka no: Abɔnefo so na bɔne fi; na me nsa de, ɛrenka wo.

14 Ɛhena akyi na Israel hene atu di yi? Hena na woretiw no yi? Ɔkraman funu akyi, ɔkraman dwiw biako akyi.

15 Na AWURADE nyɛ ɔtemmufo, na ommu me ne wo ntam atɛn, na onhu na onni m’asɛm mma me, na ommu me atɛn nyi me wo nsam.

16 Na Dawid kaa nsɛm yi kyerɛɛ Saul wiei no, Saul kae sɛ: So wo nne ni, me ba Dawid? Na Saul maa ne nne so sui.

17 Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woteɛ kyɛn me, efisɛ wode papa atua me ka, na me de, mede bɔne matua wo ka.

18 Na woakyerɛ me nnɛ sɛ wo ne me adi no yiye, sɛ AWURADE de me hyɛɛ wo nsa na woankum me.

19 Na sɛ obi to ne tamfo a, ɔbɛma ɔde ne ho sɔnn akɔ anaa? Enti AWURADE ntua wo ka pa nhyɛ nea woayɛ me nnɛ yi ananmu.

20 Na afei, hwɛ, minim sɛ wubedi hene, na Israel ahenni betim, wo nsam;

21 na afei ka me AWURADE ntam sɛ worentwa m’asefo a wobedi m’akyi ngu, na worempopa me din mfi m’agya fi.

22 Na Dawid kaa Saul ntam no. Na Saul siim kɔɔ fie; na Dawid ne ne nnipa no foro kɔɔ bepɔw so a.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan