1 Samuel 20 - KYERƐW KRONKRONYonatan boa Dawid 1 Na Dawid guan fii Naiot wɔ Rama, na ɔbae bɛka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Dɛn na mayɛ? M’amumɔyɛ ne dɛn, na me bɔne ne dɛn wɔ w’agya anim a enti ɔrehwehwɛ me akum me yi? 2 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛmpare wo, worenwu, hwɛ, m’agya renyɛ ade kɛse anaa ade ketewa bi gye sɛ oyi me asotiw ansa; na ɛdɛn nti na m’agya de asɛm yi behintaw me? Ɛnte sa. 3 Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim anuonyam, enti na ose: Wɔmmma Yonatan nnhu eyi, na ɛmmmɛyɛ no yaw; na ampa ara, AWURADE te ase na wo kra nso te ase yi, ɔnammɔn pɛ na ɛda me ne owu ntam. 4 Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Biribiara a wo kra se no, mɛyɛ mama wo. 5 Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Hwɛ, ɔkyena na ɔsram fi, a ɛsɛ sɛ anka me ne ɔhene kɔtena adidii; na ma menkɔ minkohintaw wuram nkosi da a ɛto so abiɛsa no anadwofa. 6 Sɛ w’agya bisa m’akyi kwan a, ɛnne ka kyerɛ no sɛ: Dawid asrɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem, na abusua no nyinaa wɔ afirihyia afɔrebɔ wɔ hɔ. 7 Sɛ ɔka sɛ: Eye a, na asomdwoe wɔ hɔ ma w’akoa, na sɛ ne bo fuw a, ɛnne hu sɛ wakyere ne mu sa bɔne. 8 Na yɛ w’akoa adɔe, efisɛ AWURADE apam mu na woama wo ne w’akoa ahyɛn; na sɛ amumɔyɛ bi wɔ me mu a, wo ara kum me, na ɛdɛn nti na wode me rekɔma w’agya? 9 Na Yonatan se: Ɛmpare wo sɛ, sɛ minim sɛ m’agya asusuw bɔne de reba wo so na merenka menkyerɛ wo. 10 Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Sɛ w’agya de asɛm dennen bi bua wo a, hena na ɔbɛka akyerɛ me? 11 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra ma yemfi nkɔ wuram. Na wɔn baanu fii adi kɔɔ wuram. 12 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo sɛ, sɛ ɔkyena anaa ɔkyena akyi sesɛbere, mehwɛ m’agya adwene, na eye wɔ Dawid ho, na mansoma amma wo nkyɛn ammeyi wo asotiw a! 13 Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma mammeyi wo asotiw, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoe mu a, AWURADE nyɛ Yonatan sa na ɔnka ho sa! Na AWURADE nni w’akyi sɛnea odi m’agya akyi no. 14 Na sɛ meda so mete ase yi, fa AWURADE adɔe yɛ me, na manwu; 15 na ntwa w’adɔe no to mfi me fi ho da. Na sɛ AWURADE twitwa Dawid atamfo fi asase so a, mma Yonatan din mfi Dawid da. 16 Na Yonatan ne Dawid fi pamee se: AWURADE ntɔ Dawid atamfo were. 17 Na Yonatan maa Dawid kaa ne dɔ a ɔde dɔ no no ho ntam bio, efisɛ ɔdɔ no sɛ n’ankasa ne kra. 18 Na Yonatan ka kyerɛɛ no se: Ɔkyena na ɔsram fi, na wobehu sɛ wunni hɔ, efisɛ wo tenabea bɛda mpan. 19 Na sɛ wudi nnansa a, sian ntɛm bra nea asɛm no bae no, wuhintawee hɔ, na tena Esel bo no ho. 20 Na mɛtotow agyan abiɛsa mafa ho, sɛnea merebɔ botae mu. 21 Na hwɛ, mɛsoma abofra sɛ: Kɔhwehwɛ agyan no. Sɛ mise abofra no sɛ: Hwɛ, agyan no wɔ wo nkyɛn mu ha, tase bra a, ɛnne bra, na, sɛ AWURADE te ase yi, asomdwoe na ɛwɔ hɔ ma wo, asɛm bi nni hɔ. 22 Na sɛ mise akwankwaa no sɛ: Hwɛ, m’agyan no wɔ w’anim fam noho a, ɛnne kɔ, na AWURADE agya wo kwan. 23 Na asɛm a me ne wo kae no ho de, hwɛ, AWURADE wɔ me ne wo ntam daa. 24 Ɛnna Dawid kohintaw wuram. Na ɔsram fii no, ɔhene kɔtenaa adidii. 25 Na ɔhene tenaa n’atenae sɛnea ɔyɛ daa no wɔ ɔfasu ho agua no so; na Yonatan sɔree, na Abner tenaa ɔhene nkyɛn, na Dawid atenae no da mpan. 26 Na Saul anka hwee da no; efisɛ ose: Biribi ayɛ no; ne ho ntew, ampa ara ne ho ntew. 27 Na n’adekyee a ɛyɛ ɔsram no da a ɛto so abien a Dawid atenae da mpan no, Saul ka kyerɛɛ ne ba Yonatan sɛ: Ɛdɛn nti na Yese ba no mmaa adidi ase nnɛra ne nnɛ yi? 28 Na Yonatan buaa Saul sɛ: Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔrekɔ Betlehem, 29 na ose: Gya me kwan ɛ, na yɛwɔ abusua afɔrebɔ bi wɔ kurow no mu, na me nua ahyɛ me sɛ memmra. Enti afei, sɛ manya w’anim anuonyam a, ma menkɔ menkɔhwɛ me nuanom. Enti na wamma ɔhene pon ho yi. 30 Ɛnna Saul bo fuw Yonatan, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo, ɔbea brakyewni tuatewfo ba, so minhui sɛ woafa Yese ba no adamfo de rehyɛ wo ho ne wo na adagyaw mu aniwu? 31 Na mmere dodow a Yese ba no te ase asase so yi, wo ne w’ahenni rennyina. Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, na owu ara na obewu. 32 Na Yonatan buaa n’agya Saul ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wonkum no? Dɛn na wayɛ? 33 Ɛnna Saul tow peaw sɛ ɔde rebɔ no. Na Yonatan huu sɛ n’agya awe ahinam sɛ obekum Dawid. 34 Na Yonatan de abufuhyew sɔre fii ɔpon no ho, na wannidi ɔsram no da a ɛto so abien no. Na odii Dawid ho yaw sɛ n’agya asopa no. 35 Na anɔpa no Yonatan fii adi kɔɔ wuram nea ɔhyɛɛ Dawid no, na abofra kumaa bi ka ne ho. 36 Na ɔka kyerɛɛ n’abofra no sɛ: Tutu mmirika kɔhwehwɛ agyan a merebɛtotow no. Abofra no retu mmirika no, ɔtow agyan no traa no. 37 Na abofra no duu nea agyan a Yonatan towee no wɔ no, Yonatan bɔn abofra no sɛ: So agyan no ngu w’anim noho anaa? 38 Na Yonatan bɔn abofra no sɛ: Yɛ ntɛm, ka wo ho, nnyina. Na Yonatan abofra no tasee agyan no de brɛɛ ne wura. 39 Nso na abofra no nnim ho hwee; Yonatan ne Dawid nko na wonim asɛm no. 40 Ɛnna Yonatan de ne nneɛma no maa abofra no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa kɔ kurow no mu. 41 Abofra no kɔe; na Dawid sɔre fii abokuw no ho, na ɔde n’anim bebutuw fam na ɔkotowee mprɛnsa, na wofefew wɔn ho ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid de boroo so. 42 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoe mu. Sɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefo ne w’asefo ntam nkosi daa. Na osii mu kɔe; na Yonatan baa kurow no mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana