1 Samuel 18 - KYERƐW KRONKRONYonatan ne Dawid adamfofa 1 Na ɔne Saul kasa wiei no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra. 2 Na Saul faa no da no ara, na wamma wansan ankɔ n’agya fi. 3 Na Yonatan ne Dawid pam apam bi, efisɛ ɔdɔ no sɛ n’ankasa ne kra. 4 Na Yonatan yii ne batakari a ɔhyɛ no maa Dawid, ne ne ntade koduu ne nkrante ne ne ta ne n’abɔso so. 5 Na Dawid fi adi kɔ baabiara a Saul soma no, na ne biribiara kɔ so; na Saul de no sii akofofo so, na ɔsɔɔ ɔman no nyinaa ne Saul nkoa nso ani. Saul twe Dawid ho ninkunu 6 Na wɔreba a Dawid resan afi Filistini no kum aba no, mmea fii Israel nkurow nyinaa mu de nnwom ne asaw ba behyiaa ɔhene Saul; wɔde mpintin ne anigye ne ahinasa sanku ade. 7 Na mmea a wɔregoru no gyigyee wɔn ho so sɛ: Saul akum apem mu, na Dawid akum wɔ ɔpedu mu 8 Na Saul bo fuwii kɛse, na asɛm no anyɛ no dɛ. Na ɔkae sɛ: Wɔde ɔpedu, ɔpedu ama Dawid, na me de, wɔde apem, apem ama me, na dɛn na aka no bio sɛ ahenni no? 9 Na efi da no ara de rekɔ no, Saul tuu n’ani saa Dawid. 10 Na n’adekyee no, Onyankopɔn honhommɔne no sii Saul so, na ɔrekɔm ofie, na Dawid de ne nsa rebɔ sanku, sɛnea ɔyɛ daa no; Saul kura peaw. 11 Na Saul tow peaw no, na ose: Mɛbɔ Dawid mafam ɔfasu ho; na Dawid dan ne ho fii n’anim mprenu. 12 Na Saul suroo Dawid, efisɛ AWURADE di n’akyi, na Saul de, wafi ne nkyɛn. 13 Enti Saul yii no fii ne ho, na osii no apem so safohene, na odii ahyɛmfiri, ɔman no anim. 14 Na Dawid kɔɔ so n’akwan nyinaa mu, na AWURADE dii n’akyi. 15 Na Saul hui sɛ ne biribiara kɔ so no, osuroo no kɔkɔɔkɔ. 16 Na Israel ne Yuda nyinaa dɔɔ Dawid, efisɛ ɔno na odi wɔn anim ahyɛmfiri. 17 Na Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, me ba panyin Merab ni, ɔno na mede no mɛma wo aware. Nnam ara na yɛ ma me, na ko ma AWURADE! Efisɛ Saul se: Wɔmmma me nsa nnka no, na Filistifo na wɔn nsa nka no. 18 Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: Hena ne me, na m’abusuafo ne hefo, m’agya abusua ne dɛn wɔ Israel, na memmɛyɛ ɔhene sew? 19 Na bere dui a anka wɔde Saul babea Merab rebɛma Dawid no, wɔde no maa Meholani Adriel aware. 20 Na Saul ba Mikal dɔ Dawid; na wɔka kyerɛɛ Saul no, asɛm no yɛɛ no anigye. 21 Na Saul se: Mede no mɛma no, na ayɛ no afiri, na Filistifo nsa aka no. Na Saul ka kyerɛɛ Dawid ne mprenu so sɛ: Wobɛyɛ me sew nnɛ. 22 Na Saul hyɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa ase ne Dawid nkasa sɛ: Hwɛ, ɔhene pɛ w’asɛm, na ne nkoa nyinaa dɔ wo, enti afei, yɛ ɔhene sew. 23 Na Saul nkoa no kaa nsɛm yi guu Dawid asom. Na Dawid kae sɛ: So ɛyɛ mo ani so adewa sɛ obi bɛyɛ ɔhene sew? Na me de, meyɛ onipa hiani a m’akyi nyɛ duru. 24 Na Saul nkoa kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛnea Dawid kae ni. 25 Na Saul kae sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Dawid ni: Ɔhene mpɛ tiade bi, sɛ Filistifo mmarima ano were ɔha, na wontɔ ɔhene atamfo so were. Na Saul susuwii sɛ ɔnam Filistifo nsa so bɛma Dawid atɔ. 26 Na ne nkoa kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Dawid no, ɛyɛɛ Dawid fɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔhene sew. Na nna no nnya nnui no, 27 Dawid sɔre siim, ɔno ne ne mmarima, na okokum Filistifo mmarima ahanu. Na Dawid de wɔn mmarima ano were bae, na wɔkan ma edui kyerɛɛ ɔhene, sɛ ɔnyɛ ɔhene sew. Na Saul de ne ba Mikal maa no aware. 28 Na Saul hwɛ hui sɛ AWURADE di Dawid akyi; na Saul babea Mikal dɔ no. 29 Na Saul kɔɔ so suroo Dawid ara, na ɛmaa Saul tan Dawid daa. 30 Na Filistifo mmapɔmma no fii adi bɛkoe. Na da biara a wofi adi ba no, Dawid di nkonim pii sen Saul nkoa nyinaa; ɛno nti, na wɔbɔ ne din nidi mu sɛ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana