Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 17 - KYERƐW KRONKRON


Dawid kum Goliat

1 Na Filistifo boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrebedi ako, na wɔbɛboaa wɔn ho ano Soko a ɛyɛ Yuda dea no, na wɔbɛbɔɔ nsra Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-damim.

2 Na Saul ne Israel mmarima boaboaa wɔn ho ano na wɔkɔbɔɔ nsra Ela bon mu, na wo twitwaa mpasua sɛ wɔne Filistifo rehyia akɔko.

3 Na Filistifo gyina bepɔw so ɔfa ha, na Israel nso gyina bepɔw so ɔfa ha, na obon da wɔn ntam.

4 Na ɔbarima katakyi bi fi Filistifo nsram fii adi, ne din de Goliat, ofi Gat, ne tenten si basafa abiɛsa ne nsama,

5 na kɔbere kyɛw hyɛ ne ti, na ɔhyɛ kɔbere abon akotade, na n’akotade no duru si nnwetɛbona mpemnum,

6 na kɔbere nkataho kata ne nan ho, na kɔbere pɛmɛ wɔ ne mmati so.

7 Na ne peaw dua te sɛ ɔtamanwemfo nsadua, na ne peaw ti kari dade nnwetɛbona ahansia; na ɔkyɛmkurafo di n’anim.

8 Na obegyinaa hɔ teɛɛm frɛɛ Israel mpasua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn na moafi aba mpasua so rebɛko yi? So menyɛ Filistini na mo nso moyɛ Saul nkoa? Munyi mo barima bi na onsian mmra me nkyɛn.

9 Sɛ otumi ne me ko na okum me a, ɛnne yɛbɛyɛ mo nkoa; na sɛ me nso mitumi no, na mikum no a, ɛnne monyɛ yɛn nkoa na monsom yɛn.

10 Na Filistini no kae sɛ: Me de, mabɔ Israel mpasua ahohora nnɛ da yi, momma me ɔbarima bi na yɛnko.

11 Na Saul ne Israel nyinaa tee Filistini no nsɛm yi no, wɔn bo tui, na wosuroe pa ara.

12 Nso Efratini bi a wɔfrɛ no Dawid, a ofi Betlehem Yuda, wɔfrɛ n’agya se Yese, na ɔwɔ mmammarima baawɔtwe. Saul bere so no, na ɔbarima no abɔ akora adi mfe ara sann.

13 Na Yese mma mpanyin baasa dii Saul akyi kɔɔ ɔsa no: Wɔn din ni; abakan Eliab ne n’akyiba Abinadab ne nea ɔto so abiɛsa Sama.

14 Na Dawid de, ɔno ne akumaa, na mpanyin baasa no dii Saul akyi kɔe;

15 na Dawid de, ɛyɛ a, ofi Saul nkyɛn san kɔhwɛ n’agya nguan Betlehem.

16 Na adaduanan, na Filistini no fi begyina hɔ anɔpatutu ne anwummere biara de ne ho kyerɛ.

17 Na Yese ka kyerɛɛ ne ba Dawid sɛ: Fa wo nuanom nneɛma yi, nkyeweɛ olonka yi ne abodoo du yi, tu mmirika kɔ nsram kɔma wo nuanom;

18 na fa nufusu a akyenkyen sebɔw du yi kɔma apem so safohene no, na hwɛ sɛnea wo nuanom ho te, na fa wɔn ho biribi bra.

19 Nso Saul ne wɔn ne Israel mmarima nyinaa wɔ Ela bon no mu ne Filistifo reko.

20 Na Dawid sɔree anɔpahema gyaw nguan no hyɛɛ ɔhwɛfo foforo nsa na ɔsoaa nneɛma no kɔe, sɛnea Yese hyɛɛ no no; na okoduu nteaseɛnam aboae; na ɛdɔm no refi adi akɔ mpasua so na wɔrebɔ ɔko se,

21 na Israel ne Filistifo a twitwa mpasua a dɔm kyerɛ dɔm anim.

22 Ɛnna Dawid gyaw ne nneɛma a okurae no hyɛɛ nneɛma sohwɛfo nsa, no otutuu mmirika kɔɔ mpasua no so kobisaa ne nuanom sɛnea wɔte.

23 Na ɔne wɔn rekasa no, hwɛ, Filistini katakyi a wɔfrɛ no Goliat a ofi Gat no fi Filistifo mpasua no so bae, na ɔbɛkekaa nsɛm no ara, na Dawid tee.

24 Na Israel mmarima no nyinaa, wohu ɔbarima no a, woguanguan fi n’anim, na wosuro sɛ.

25 Na Israel mmarima no kekae sɛ: Sɛ moahu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel ahohorabɔ na ɔreba yi; na onii ko a obekum no no, ɔhene bɛma wanya ne ho sɛ, na ɔde ne babea bɛma no aware, na wama n’agya fi ade wɔn ho wɔ Israel.

26 Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Dɛn na wɔbɛyɛ onipa a obekum Filistini yi na wayi ahohora afi Israel so no? Na hena po ne Filistini momonoto yi a ɔbɔ Onyankopɔn teasefo mpasua ahohora yi?

27 Na nkurɔfo no kaa saa asɛm no ara kyerɛɛ no sɛ: Sɛɛ na wɔbɛyɛ onipa a obekum no no.

28 Na ne nua panyin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa; na Eliab bo fuw Dawid kae sɛ: Dɛn nti na wusian baa ha? Na hena na wugyaw nguan kakra a wɔwɔ wuram no hyɛɛ ne nsa? Me de, minim w’anuɔden ne wo koma mu bɔne dedaw sɛ ɔko no hwɛ nti na wusian bae.

29 Na Dawid se: Dɛn na mayɛ? So ɛnyɛ asɛm bi nti?

30 Na ɔdan ne ho fii ne nkyɛn kyerɛɛ obi, na ɔkaa saa asɛm no ara. Na nkurɔfo no de kan asɛm no ara buaa no.

31 Na wɔtee Dawid nsɛm a ɔkae no, wɔde kɔtoo Saul anim, na ɔma wɔkɔfaa no bae.

32 Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: Mma ne ho nnyɛ obiara abotu; w’akoa bɛkɔ ne Filistini yi akɔko.

33 Na Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wuntumi nkɔ ne Filistini no nkɔko, efisɛ wo de, woyɛ abofra, na ɔno de, ɔyɛ ɔbarima kofoni fi ne mmofraase.

34 Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: W’akoa rehwɛ n’agya nguan na sisi ba bɛkyere oguammaa fi kuw no mu a,

35 mifi adi mitiw no mekɔbɔ no, na miyi no mifi n’anom; na sɛ ɔsɔre hyɛ me a, miso ne bogyesɛ mu mebɔ no mikum no.

36 W’akoa akum gyata ne sisi nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu biako, sɛ wabɔ Onyankopɔn teasefo mpasua ahohora yi.

37 Na Dawid kae sɛ: AWURADE a oyii me gyata ne sisi nsam no, ɔno ara beyi me Filistini yi nsam. Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na AWURADE bedi w’akyi.

38 Na Saul de ne ntade hyɛɛ Dawid na ɔde kɔbere kyɛw soaa no, na ɔde nkatabo hyɛɛ no.

39 Na Dawid de ne nkrante bɔɔ n’atade no so, na ɔde nantew hwɛe; efisɛ na onnya nsɔ nhwɛe ɛ. Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: Merentumi mfa eyinom nkɔ, efisɛ mensɔ menhwɛe da. Na Dawid yi fii ne ho.

40 Na ɔfaa ne poma kurae, na ɔpaw mmosea a akokwaw anum fii subon no mu de guu ne nguanhwɛfo kotoku, ne bɔtɔ mu, na okuraa n’ataabo ne nsam, na otwiw bɛn Filistini no.

41 Na Filistini no nso nam reba, na otwiw bɛn Dawid; na ɔbarima a ɔso kyɛm no di n’anim.

42 Na Filistini no totoo n’ani na ohuu Dawid no, obuu no animtiaa; efisɛ ɔyɛ abofra, na ɔbere, nso ne ho yɛ fɛ.

43 Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ɔkraman ne me na wode mpoma reba me nkyɛn? Na Filistini no frɛɛ ne nyame domee Dawid.

44 Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra me nkyɛn na memfa wo nam memma wim nnomaa ne wuram mmoa.

45 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: Wo de, wode nkrante ne peaw ne pɛmɛ na ɛreba me nkyɛn, na me de, mede asafo AWURADE, Israel mpasua a woabɔ wɔn ahohora no Nyankopɔn din na mereba wo nkyɛn.

46 Ɛnnɛ da yi AWURADE de wo bɛhyɛ me nsa, na makum wo, na matwa wo ti afi so, na mede Filistifo dɔm afunu mama wim nnomaa ne asase so mmoadoma nnɛ ara, na asase nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel,

47 na bagua yi nyinaa nso ahu sɛ ɛnyɛ nkrante ne peaw na AWURADE de gye nkwa, efisɛ ɔko no yɛ AWURADE dea, na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.

48 Na Filistini no sɔree sɛ ɔreba abehyia Dawid no, Dawid yɛɛ ntɛm tuu mmirika kɔɔ mpasua so kohyiaa Filistini no;

49 na Dawid teɛɛ ne nsa hyɛɛ kotoku no mu yii ɔbo wɔ mu, na ɔtow ataabo no bɔɔ Filistini no moma so, na ɔbo no hyɛn ne tirim, na ɔhwee ase maa n’anim butuw fam.

50 Saa na Dawid de ataabo ne ɔbo faa Filistini no so, na ɔbɔɔ Filistini no kum no; nanso na nkrante bi nkura Dawid nsam.

51 Enti Dawid tutuu mmirika kogyinaa Filistini no so, na osoo ne nkrante mu twe fii boha mu, na okum no, na ɔde twaa ne ti. Na Filistifo no hui sɛ wɔn bran no awu no, woguanee.

52 Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose na wotiw Filistifo no koduu Gat ne Ekron apon akyi. Na Filistifo apirafo no totɔe Saaraim kwan so de koduu Gat ne Ekron.

53 Na Israelfo no san fii Filistifo no akyidi ne ɔtaa dennen no mu, na wɔbɛfow wɔn nsra no.

54 Na Dawid faa Filistini no ti, na ɔde baa Yerusalem; na n’akode de, ɔde guu ne ntamadan mu.

55 Na Saul huu Dawid sɛ ɔrefi adi akohyia Filistini no no, ɔka kyerɛɛ ne sahene Abner sɛ: Abner, hena ba ne aberante yi? Na Abner se: Ɔhene, sɛ wo kra te ase yi, minnim.

56 Na ɔhene se: Wo de, bisa onii ko a ne ba ne akwankwaa yi.

57 Na Dawid fi Filistini no kum resan aba no, Abner faa no de no baa Saul anim, na Filistini no ti no kura no.

58 Na Saul ka kyerɛɛ no sɛ: Aberante, hena ba ne wo? Na Dawid buae sɛ: W’akoa Yese, Betlehemni no, ba ne me.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan