1 Samuel 16 - KYERƐW KRONKRONWɔsra Dawid si no hene 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wubegyam Saul akosi da bɛn? Na me de, mapa no sɛ onnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yese nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa. 2 Na Samuel se: Mɛyɛ dɛn makɔ? Na Saul te a, obekum me. Na AWURADE se: Fa nantwi ba kura na kɔka sɛ: AWURADE afɔrebɔ na mebae. 3 Na frɛ Yese bra afɔre no ho, na me ara mɛkyerɛ wo nea yɛ, na sra nea mɛka makyerɛ wo no ma me. 4 Na Samuel yɛe sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Betlehem. Na kurow no mu mpanyin de ahopopo behyiaa no kae sɛ: Woba no asomdwoe mu anaa? 5 Na ose: Asomdwoe mu: AWURADE afɔrebɔ na mebae yi; munnwira mo ho na mo ne me nkɔ afɔre no ho. Na odwiraa Yese ne ne mma no, na ɔfrɛɛ wɔn baa afɔre no ho. 6 Na wɔbaa mu no, ohuu Eliab, na ose: Ampa, nea AWURADE asra no no na ɔwɔ n’anim yi. 7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tentenyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na AWURADE de, ɔhwɛ komam. 8 Ɛnna Yese frɛɛ Abinadab ma otwaa mu Samuel anim. Na ose: Oyi nso, AWURADE mfaa no ɛ. 9 Na Yese maa Sama twaa mu. Na ose: Oyi nso, AWURADE mfaa no ɛ. 10 Na Yese maa ne mma baasɔn betwaa mu Samuel anim. Na Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: AWURADE mpaw eyinom ɛ. 11 Na Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: So mmerante no nyinaa ni? Na ose: Aka akumaa no, na hwɛ, ɔrehwɛ nguan. Na Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: Soma ma wɔnkɔfa no mmra, na yɛrentena ase gye sɛ waba ansa. 12 Na ɔsoma ma wɔkɔfaa no bae. Nso ɔbere, na n’aniwa yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ. Na AWURADE kae sɛ: Sɔre sra no, na ɔno ara ni. 13 Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so fi da no ara de rekɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama. Dawid ba Saul ahemfi 14 Na AWURADE honhom fii Saul so, na honhommɔne fi AWURADE nkyɛn bɛhaw no. 15 Na Saul nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ ɛ, honhommɔne bi efi Nyankopɔn na ɛrehaw wo yi. 16 Ma yɛn wura nka nkyerɛ wo nkoa a wɔwɔ w’anim yi, na wɔnkɔhwehwɛ obi a onim sankubɔ, na sɛ Onyankopɔn honhommɔne no ba wo so a, ɔde ne nsa abɔ ama wo ho atɔ wo. 17 Na Saul ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monhwehwɛ obi a onim bɔ yiye mma me ɛ, na momfa no mmrɛ me. 18 Na mmerante no mu biako buae sɛ: Hwɛ, mahu Betlehemni Yese ba bi a onim bɔ, ɔyɛ ɔbarima a otumi, na ɔyɛ ɔkofoni, na onim kasa nso, ne ho nso yɛ fɛ, na AWURADE di n’akyi. 19 Na Saul somaa abɔfo kɔɔ Yese nkyɛn kɔkae sɛ: Ma wo ba Dawid a ɔhwɛ nguan no mmra me nkyɛn. 20 Na Yese faa afurum de abodoo ne nsa tumpan kɛse biako, ne ɔpapo soaa no, na ɔde somaa ne ba Dawid kɔmaa Saul. 21 Na Dawid baa Saul nkyɛn, na ɔbɛyɛɛ ne somfo. Na Saul dɔɔ no sɛ, na ɔde no yɛɛ n’akodekurafo. 22 Na Saul soma kɔɔ Yese nkyɛn kɔkae sɛ: Ma Dawid nsom me, na wanya m’anim anuonyam. 23 Na ɛbae, sɛ honhom no fi Onyankopɔn nkyɛn ba Saul so a, na Dawid afa sanku na ɔde ne nsa abɔ, na Saul ho adwo no, na ne ho atɔ no, na honhommɔne no afi no so kɔ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana