1 Samuel 14 - KYERƐW KRONKRONYonatan mmarimasɛm 1 Na da bi Saul ba Yonatan ka kyerɛɛ n’abofra a okura n’akode no sɛ: Bra ma yɛnkɔ Filistifo bansifo a wɔwɔ noho no ho. Nanso wanka ankyerɛ n’agya. 2 Na Saul te Gibea kurotia, pomegranate dua a ɛwɔ Migron no ase, na dɔm a wɔne no wɔ hɔ no bɛyɛ mmarima ahansia. 3 Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfo Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod ne nua Ahitub ba hyɛ asɔfotade no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ. 4 Na beae a Yonatan pɛ sɛ ɔfa kɔ Filistifo bansifo no so no, ɔbotan a ano yɛ nnam wɔ ɔfa ha na ɔbotan a ano yɛ nnam nso wɔ ɔfa ha; biako din de Boses na biako din de Sene. 5 Biako ano kyerɛ benkum fam Mikmas ntentenso, na biako ano kyerɛ nifa fam Geba ntentenso. 6 Na Yonatan ka kyerɛɛ aberante a okura n’akode no sɛ: Bra ma yentwam nkɔ momonotofo bansifo yi ho, ebia AWURADE bedi ama yɛn, na biribiara nsiw AWURADE kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa begye nkwa. 7 Na n’akodekurafo no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ nea ɛwɔ wo komam nyinaa; dan wo ho, hwɛ, meka wo ho sɛ wo koma pɛ. 8 Ɛnna Yonatan kae sɛ: Hwɛ, yɛrebetwam akɔ nnipa no ho akoyi yɛn ho akyerɛ wɔn, 9 na sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ: Munnyina hɔ na yɛmmra mo nkyɛn a, ɛnne yebegyina yɛn gyinabea na yɛremforo nkɔ wɔn nkyɛn. 10 Na sɛ wɔka sɛ: Momforo mmra yɛn so a, ɛnne yɛbɛforo akɔ, efisɛ AWURADE de wɔn ahyɛ yɛn nsa, na eyi bɛyɛ yɛn sɛnkyerɛnne. 11 Na wɔn baanu no yiyii wɔn ho kyerɛɛ Filistifo bansifo no. Na Filistifo no kae sɛ: Hwɛ, Hebrifo no refi adi afi ntokuru a wokohintahintaw mu no mu. 12 Na nsra no mufo buaa Yonatan ne n’akodekurafo no sɛ: Momforo mmra yɛn nkyɛn na yɛnkyerɛ mo biribi. Na Yonatan ka kyerɛɛ n’akodekurafo no sɛ: Foro di m’akyi, na AWURADE de wɔn ahyɛ Israel nsa. 13 Na Yonatan de ne nsa ne ne nan foroe, na n’akodekurafo no dii n’akyi, na wɔtotɔe Yonatan anim, na n’akodekurafo no kunkum dii n’akyi. 14 Na nnipa a edi kan a Yonatan ne n’akodekurafo kum wɔn no bɛyɛ nnipa aduonu, wɔ mpasua a ɛbɛyɛ anantwi mpamho fɛtɛw kwan fa so. 15 Na ehu baa nsra no mu, petee mu ne dɔm no nyinaa mu; bansifo no ne afowfo no nso, ehu kaa wɔn, na asase no wosowee; na ɛyɛɛ ehu kɛse pa ara. 16 Na Saul awɛmfo a wɔwɔ Gibea-benyamin no hwɛe, na hwɛ, nnipakuw no rehwete, fa ha sen ha. 17 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ dɔm a wɔne no wɔ hɔ no sɛ: Monkan na munhu nea wafi yɛn mu kɔ. Na wɔkanee, na hwɛ, Yonatan ne n’akodekurafo nni hɔ. 18 Na Saul ka kyerɛɛ Ahiya sɛ: Kɔfa Onyankopɔn adaka no bra. Nso da no, na Onyankopɔn adaka no wɔ Israelfo no nkyɛn. 19 Na Saul ne ɔsɔfo no rekasa no, Filistifo nsram kitikitiyɛ no kɔɔ so dɔɔso ara. Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ɔsɔfo no sɛ: Twe wo nsa! 20 Na Saul ne dɔm a wɔka ne ho no nyinaa hyia boaa wɔn ho ano kɔɔ nsra no mu, na hwɛ, obiara nkrante kyerɛ ne yɔnko so, na ɛyɛɛ kitikiti kɛse pa ara. 21 Nso Hebrifo a wɔka Filistifo no ho kan a wɔne wɔn foro baa nsra no mu fi asase a atwa ho ahyia no so no, wɔn nso bɛkaa Israelfo a wɔka Saul ne Yonatan ho no ho. 22 Na Israelfo a wokohintahintaw Efraim bepɔw so no nyinaa tee sɛ Filistifo aguan no, wɔn nso tu bɛtaree wɔn ne wɔn koe. 23 Na AWURADE gyee Israel da no; na wɔkoe ara kotwaam Bet-awen. Ɔko no akyi nsɛm 24 Na ɛden Israel mmarima da no; na Saul kaa ɔman no ntam sɛ: Nnome nka obiara a obedidi ansa na onwini adwo, na minni m’atamfo so were. Enti ɔman no mu biara amfa aduan anka n’ano. 25 Na ɔman no nyinaa duu kwae bi mu no, na ɛwo wɔ fam. 26 Na ɔman no duu kwae no mu no, na hwɛ, ɛwo resosɔ; nanso obiara amfa ne nsa ankɔ n’ano, efisɛ ɔman no suro ntam no. 27 Nso Yonatan de, n’agya reka ɔman no ntam no, wante; na ɔde poma a okurae no ano kaa ɛwo no bi, na ɔde ne nsa kɔɔ n’ano, na n’ani so tetew no. 28 Na nkurɔfo no mu biako buae sɛ: W’agya aka dɔm no ntam sɛ: Nnome nka obiara a obedidi nnɛ; na nkurɔfo no retɔ piti. 29 Na Yonatan kae sɛ: M’agya ahaw asase yi. Monhwɛ sɛ mekaa ɛwo yi kakra mehwɛe yi, m’ani so atetew me; 30 na menne sɛ anka dɔm yi dii wɔn atamfo asade a wonyae no bi; enti nso na Filistifo kum no anyɛ kɛse no. Saul ne amanaman no di ako 31 Na wokum Filistifo no da no fi Mikmas koduu Ayalon; na ɛdɔm no tɔɔ piti sɛ. 32 Na dɔm no tow kɔhyɛɛ asade no so, na wɔfaa nguan ne anantwi ne anantwi mma kunkum wɔn ɛfam, na dɔm no dii no mogya mu. 33 Na wɔka kyerɛɛ Saul sɛ: Hwɛ, dɔm no reyɛ AWURADE bɔne sɛ wodi no mogya mu. Na ɔkae sɛ: Moafom, mumpirew ɔbo kɛse mmrɛ me nnɛ. 34 Na Saul kae sɛ: Monhwete nkɔ dɔm no mu nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ: Momfa mo anantwi ne mo nguan mmra me nkyɛn mmekum wɔn ha nni, na monnyɛ AWURADE bɔne sɛ mubedi no mogya mu. Na dɔm no nyinaa kurakura wɔn anantwi bae anadwo no bekunkum wɔn hɔ. 35 Na Saul sii afɔremuka maa AWURADE. Ɛno ne afɔremuka a edi kan a osi maa AWURADE. 36 Na Saul kae sɛ: Momma yensian nkotiw Filistifo no anadwo yi, na yɛmfom wɔn nkodu adekyee, na yɛannyaw wɔn mu nipa biako. Na wɔkae sɛ: Nea eye w’ani so nyinaa, yɛ! Na ɔsɔfo no kae sɛ: Momma yentwiw mmɛn Onyankopɔn wɔ ha. 37 Na Saul bisaa Onyankopɔn sɛ: So minsian mintiw Filistifo no anaa? So wode wɔn bɛhyɛ Israel nsa anaa? Na wammua no da no. 38 Ɛnna Saul kae sɛ: Mo dɔm mu atitiriw nyinaa, muntwiw mmɛn ha, na monhwɛ nhu dekode a enti bɔne yi aba nnɛ. 39 Na sɛ AWURADE a ogye Israel te ase yi, sɛ ɛwɔ me ba Yonatan po so a, owu na obewu. Na dɔm no mu biara ammua no. 40 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Mo de, monkɔ afa, na me ne me ba Yonatan nso nkɔ afa. Na dɔm no ka kyerɛɛ Saul sɛ: Nea eye w’ani so no, yɛ! 41 Na Saul ka kyerɛɛ AWURADE Israel Nyankopɔn sɛ: Ma nokware nna adi. Na ɛbɔɔ Saul ne Yonatan, na ɛdɔm no fii mu. 42 Ɛnna Saul kae sɛ: Mommɔ me ne me ba Yonatan ntam ntonto. Na ɛbɔɔ Yonatan. 43 Na Saul ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Kyerɛ me nea woyɛe. Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔka na mede me nsam poma ti mekaa ɛwo kakra mehwɛe. Hwɛ, owu na mewu! 44 Na Saul kae sɛ: Yonatan, Onyankopɔn nyɛ saa na ɔnkɔ so nyɛ saa, sɛ owu na wubewu. 45 Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saul sɛ: So Yonatan a wayɛ Israel mu ogye adwuma kɛse yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ AWURADE te ase yi, ne ti nwi biako po rentɔ fam, efisɛ ɔne Nyankopɔn na ayɛ ade nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu. 46 Ɛnna Saul fii Filistifo no akyidi san bae; na Filistifo no kɔɔ wɔn nkurow mu. 47 Na Saul dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae: Ɔne Moab ne Amonfo ne Edom ne Soba ahene ne Filistifo koe; na baabiara a ɔdan ne ho kɔ no, odi nim. 48 Na ɔyɛɛ mmaninne, na okokum Amalekfo, na ogyee Israel wɔn afowfo nsam. 49 Nso Saul mmammarima ne Yonatan ne Isui ne Malkisua, na ne mmabea baanu din ni: Abakan no din de Merab, na akumaa no din de Mikal. 50 Na Saul yere din ne Ahinoam, Ahimaas ba. Na ne sahene din ne Abner, Saul n’agya ne nua Ner ba. 51 Na Saul n’agya Kis ne Abner n’agya Ner yɛ Abiel mma. 52 Na ɔko dennen daa Filistifo so Saul nna nyinaa. Na sɛ Saul hu ɔbarima hoɔdenfo biara anaa obiara a ɔyɛ nnam a, ɔkɔfa no ba ne nkyɛn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana