Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 1 - KYERƐW KRONKRON


Elkana ne n’abusuafo wɔ Silo

1 Na Efraimni barima bi wɔ hɔ a ofi Ramataim a ɛwɔ Efraim bepɔw no so a ne din de Elkana. Ɔyɛ Yeroham ba, na ne nana ne Elihu. Elihu nso yɛ Tohu ba na ne nana ne Suf.

2 Na ɔwɔ yerenom baanu, obiako din de Hana, na obiako nso de Penina. Na Penina wɔ mma, na Hana de, onni ba.

3 Daa afe ɔbarima yi fi ne kurom kɔ sɛ ɔkɔsom na wabɔ afɔre ama asafo AWURADE wɔ Silo. Ɛhɔ na Eli mma baanu Hofni ne Pinehas yɛ asɔfo ma AWURADE.

4 Da a Elkana bɔ afɔre no, ɔma ne yere Penina ne ne mmammarima ne ne mmabea nyinaa kyɛfa.

5 Na Hana de, ɔma no baanu kyɛfa, efisɛ ɔdɔ no nanso AWURADE ato ne yafunu mu.

6 Na ne kora no yi no ahii pii, de huru ne bo, efisɛ AWURADE ato ne yafunu mu.

7 Na saa na Penina yɛ Hana daa afe, sɛ wɔforo kɔ AWURADE fi a, ɔhyɛ no yamgya sa; na osu ara nko na Hana su na onnidi.

8 Na ne kunu Elkana bisaa no sɛ: Hana, ɛdɛn na wusu, na ɛdɛn na wunnidi, na ɛdɛn na wo bo nnwo? So minnye memma wo mensen mmammarima du?

9 Ɛnna wodidii Silo na wɔnom wiei no, Hana sɔree na ɔkɔɔ AWURADE anim nanso na ɔsɔfo Eli te agua so, AWURADE asɔredan ano apongua ho.

10 Na Hana kra werɛ howee, na ɔbɔɔ AWURADE mpae, na ɔde yaw sui.

11 Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnne mede no mɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan bi renka ne ti.

12 Na ogu so rebɔ mpae AWURADE anim no, Eli hwɛɛ n’ano;

13 na Hana kasae ne koma mu; na n’ano nko na ɔbesebese, na ne nne de, wɔnte. Enti Eli buu no sɛ ɔsabofo.

14 Ɛnna Eli ka kyerɛɛ no sɛ: Enkosi da bɛn na wobɛbow nsa? Yi nsanom fi w’ani so.

15 Na Hana buae sɛ: Dabi, me wura, meyɛ ɔbea werɛhowfo. Bobesa ne nsa biara de, mennom bi ɛ, na mihwiee me kra miguu AWURADE anim.

16 Mfa w’abaawa nto ɔbea sansani bi ho, efisɛ m’awerɛhow ne me yaw dodow mu na makasa mabesi sesɛɛ yi.

17 Ɛnna Eli buae sɛ: Fa asomdwoe kɔ, na Israel Nyankopɔn bɛma wo w’ade a wosrɛɛ no hɔ no.

18 Na Hana buae sɛ: Ma w’afenaa nnya w’anim dom. Ɛnna ɔbea no siim kɔe kodidii, na n’anim nte sɛ kan no bio.

19 Na wɔsɔree anɔpatutu kɔsɔree wɔ AWURADE anim, na wɔsan baa wɔn fi wɔ Rama. Na Elkana ne ne yere Hana dae, na AWURADE kaee no;

20 na afe dui no, na Hana anyinsɛn awo babarima, na ɔtoo no din Samuel, na ɔkae sɛ: AWURADE hɔ na mesrɛɛ no fii.

21 Na ɔbarima Elkana ne ne fifo nyinaa foro kɔe sɛ ɔkɔbɔ afirihyia afɔre de n’aboade akɔma AWURADE.

22 Na Hana de, wankɔ, na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Gye sɛ abofra no atwa nufu ansa na mede no mɛkɔ, na wakopue AWURADE anim, na watena hɔ daa.

23 Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ nea eye w’ani so. Tena hɔ kosi sɛ wubetwa akokoaa no nufu ansa; AWURADE asɛm ara na ɔmma ennyina. Na ɔbea no tenaa hɔ maa ne ba no nufu de kosii sɛ otwaa no nufu.

24 Na otwaa no nufu wiei no, Hana faa abofra no kaa ne ho, de nantwinini a wadi mfe abiɛsa, asikresam olonka biako ne bobesa tumpan kɛse ma de no baa AWURADE fi Silo; na abofra no nnyinii ɛ.

25 Na wokum nantwinini no, na wɔde abofra no brɛɛ Eli.

26 Na ɔkae sɛ: O me wura, sɛ wo kra te ase yi, me wura, mene ɔbea a obegyinaa wo nkyɛn ha yi bɔɔ AWURADE mpae no.

27 Abofra yi ho mpae na mebɔe, na AWURADE ama me nea mesrɛɛ no hɔ no.

28 Enti nso, mede no refɛm AWURADE; ne nna a ɔbɛtena ase nyinaa ɔyɛ AWURADE dea. Na wɔsɔree AWURADE wɔ hɔ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan