1 Mose 9 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn ne Noa yɛ Apam 1 Na Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Monwo na monnɔɔso, na monhyɛ asase so ma. 2 Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa, nea ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ. 3 Nea ɛkeka ne ho a ɛwɔ nkwa nyinaa, ɛnyɛ mo aduan; mede ne nyinaa mama mo, sɛnea mede nhabanmono memaa mo no. 4 Nam a ne mogya wɔ ne mu nko na munnni. 5 Na onipa biara a ɔka onipa mogya gu no, ne nsam na mebisa; na aboa mpo ka onipa mogya gu a mebisa afi ne nsam. 6 Nea ohwie onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam behwie ne mogya agu, efisɛ Onyankopɔn suban so na ɔyɛɛ onipa. 7 Na mo de, monwo na monnɔ, na monyɛ asase so manyamanya, na monnɔɔso wɔ so. 8 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mma a wɔka ne ho no sɛ: 9 Na me nso, hwɛ, merema m'apam atim hɔ ama mo ne mo asefo a ebedi mo akyi, 10 ne akra a ɛtete ase a ɛka mo ho nyinaa, nnomaa, ntɔteboa ne asase so mmoadoma a wɔne mo wɔ hɔ nyinaa, wɔn a efi adaka no mu nyinaa, asase so mmoadoma nyinaa. 11 Na mama me ne mo apam yi agyina hɔ, sɛ meremfa nsuyiri mensɛe abɔde nyinaa bio, na nsuyiri remma mmɛsɛe asase bio. 12 Na Onyankopɔn kae sɛ: Apam a merema ada me ne mo ne akra ateasefo a ɛka mo ho nyinaa ntam akɔ nnasanten awo ntoatoaso so no ho sɛnkyerɛnne ni: 13 Me nyankontɔn na mede masi omununkum mu, na ayɛ me ne asase ntam apam no ho sɛnkyerɛnne. 14 Na sɛ mede omununkum meba asase so a, wobehu nyankontɔn no wɔ omununkum no mu, 15 na makae m'apam a ɛwɔ me ne mo ne abɔde nyinaa mu ateasefo ntam no, na nsu annan nsuyiri ansɛe ɔhonam nyinaa bio. 16 Na nyankontɔn no bɛba omununkum mu, na mahwɛ, na mede makae daa apam a ɛwɔ Onyankopɔn ne abɔde a ɛwɔ asase so nyinaa ntam no. 17 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Eyi ne apam a mama agyina me ne ɔhonam a ɛwɔ asase so nyinaa ntam no ho sɛnkyerɛnne. Noa asefo pete asase so 18 Na Noa mma a wofii adaka no mu fii adi no ne Sem ne Ham ne Yafet; na Ham ne Kanaan n'agya. 19 Eyinom ne Noa mma baasa no. Wɔn mu na nnipa fi petee asase nyinaa so. 20 Na Noa fii ase yɛɛ kua, na ɔyɛɛ bobeturo. 21 Na ɔnom nsa no bi, na ɔbowee, na ɔda ne ntamadan mu a ne ho da hɔ. 22 Na Kanaan n'agya Ham kohuu n'agya adagyaw mu, na ɔkɔka kyerɛɛ ne nuanom baanu no wɔ adiwo. 23 Na Sem ne Yafet faa ntama, na wɔn baanu de guu wɔn mmati so nam nkyirinkyiri de kɔkataa wɔn agya adagyaw so, na wɔdan wɔn ani kyerɛɛ akyiri, na wɔanhu wɔn agya adagyaw mu. 24 Na Noa ani so tetew fii n'asabow mu na ɔtee nea ne ba kumaa no ayɛ no no, 25 ɔkae sɛ: Wɔadome Kanaan, ɔbɛyɛ nkoa mu akoa ama ne nuanom. 26 Na ɔkae sɛ Nhyira ne Sem Nyankopɔn, Awurade, na Kanaan nyɛ wɔn akoa. 27 Onyankopɔn mma Yafet ase ntrɛw, na ɔntena Sem ntamadan mu, na Kanaan nyɛ wɔn akoa. 28 Na nsuyiri no akyi no, Noa tenaa ase mfirihyia ahasa aduonum. 29 Na Noa nna a odii nyinaa si mfe ahankron aduonum, na owui. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana