1 Mose 6 - KYERƐW KRONKRONNnipa nnebɔne 1 Na nnipa fii ase redɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea maa wɔn no, 2 Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ. 3 Na AWURADE kae sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam, enti wɔn nna nyɛ mfe ɔha aduonu. 4 Nna no mu na abran akɛse wɔ asase so, na akyiri yi nso a Onyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmabea ho na wɔwoo mma maa wɔn no, eyinom ne abirempɔn a wɔwɔ din fi tete. 5 Na AWURADE hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa. 6 Na AWURADE nuu ne ho sɛ, ɔyɛɛ onipa wɔ asase so, na ɛyɛɛ no yaw ne komam. 7 Na AWURADE kae sɛ: Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn no mafi asase ani, efi onipa so kosi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne wim nnomaa so, efisɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn. 8 Na Noa de, onyaa ɔdom wɔ AWURADE anim. Noa adaka no 9 Eyi ne Noa ho asɛm: Noa yɛ onipa trenee a ɔyɛ pɛ, wɔ ne bere so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee. 10 Na Noa woo mmabanin baasa, Sem, Ham ne Yafet. 11 Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na awurukasɛm ahyɛ asase so ma. 12 Na Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so. 13 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Abɔde nyinaa awiei aba wɔ m'anim, efisɛ wɔn awurukasɛm ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase. 14 Fa ɔwawa yɛ adaka, na yɛ mpia wɔ adaka no mu, na fa ama tare emu ne ɛho. 15 Na sɛnea yɛ no ni: Ne ntwemu basafa ɔha aduonum, ne trɛw basafa aduonum anum, ne korɔn basafa dunum. 16 Yɛ adaka no ho mfɛnsere, enkosi sɛ aka basafa biako na adu soro, na si adaka no ano pon ne nkyɛn mu, na yɛ nsɛmso abiɛsa, nea edi ase, nea edi ntam ne nea edi soro. 17 Na hwɛ, mede nsuyiri mɛba asase so mabɛsɛe abɔde a nkwa home wɔ mu nyinaa ɔsoro ase; asase so ade nyinaa rebewuwu. 18 Na me ne wo bɛpam ato hɔ, na woakɔ adaka no mu, wo, ne wo mma, ne wo yere, ne wo mma yerenom. 19 Na fa ade a ɛte ase nyinaa, ɔhonam nyinaa mu abien abien, onini ne ɔbere, kɔ adaka no mu, na wonnya nkwa nka wo ho. 20 Nnomaa, sɛnea wɔn su te, ne ntɔteboa, sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa, sɛnea wɔn su te, wɔn nyinaa mu abien abien mmra wo nkyɛn, na wɔanya nkwa. 21 Na wo de, boaboa aduan a wodi nyinaa bi ano kɔ mu, na ayɛ wo ne wɔn aduan. 22 Na Noa yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no nyinaa pɛpɛɛpɛ, saa ara na ɔyɛe. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana