Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 5 - KYERƐW KRONKRON


Adam awo ntoatoaso
( 1 Berɛsosɛm 1.1-4 )

1 Adam awo ntoatoaso nhoma ni: Da a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, ne suban so na ɔyɛɛ no;

2 ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn, na ohyiraa wɔn, na ɔtoo wɔn din onipa.

3 Na Adam dii mfirihyia ɔha aduasa na ɔwoo babarima wɔ ne sɛso so sɛ ne suban so, na ɔtoo no din Set.

4 Na Adam woo Set no akyi no odii mfirihyia ahanwɔtwe, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

5 Na Adam nna a odii nyinaa si mfe ahankron aduasa, na owui.

6 Na Set dii mfirihyia ɔha ne anum na ɔwoo Enos.

7 Na Set woo Enos no akyi no, odii mfe ahanwɔtwe ne asɔn, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

8 Na Set nna nyinaa si mfe ahankron ne dumien, na owui.

9 Na Enos dii mfirihyia aduakron na ɔwoo Kenan.

10 Na Enos woo Kenan no akyi no, odii mfe ahanwɔtwe ne dunum, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

11 Na Enos nna nyinaa si mfe ahankron ne anum, na owui.

12 Na Kenan dii mfirihyia aduɔsɔn na ɔwoo Mahalaleel.

13 Na Kenan woo Mahalaleel no akyi no, odii mfe ahanwɔtwe aduanan, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

14 Na Kenan nna nyinaa si mfe ahankron ne du, na owui.

15 Na Mahalaleel dii mfirihyia aduosia anum na ɔwoo Yared.

16 Na Mahalaleel woo Yared akyi no, odii mfe ahanwɔtwe aduasa, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

17 Na Mahalaleel nna nyinaa si mfe ahanwɔtwe aduakron anum, na owui.

18 Na Yared dii mfirihyia ɔha aduosia abien na ɔwoo Enok.

19 Na Yared woo Enok akyi no, odii mfe ahanwɔtwe, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

20 Na Yared nna nyinaa si mfe ahankron aduosia abien, na owui.

21 Na Enok dii mfirihyia aduosia anum na ɔwoo Metusela.

22 Na Enok woo Metusela no akyi no, ɔne Nyankopɔn nantewee mfirihyia ahasa, na ɔsan woo mmammarima ne mmabea.

23 Na Enok nna nyinaa si mfe ahasa aduosia anum.

24 Na Enok ne Nyankopɔn nantewee; na wanhu no efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.

25 Na Metusela dii mfirihyia ɔha aduɔwɔtwe ason na ɔwoo Lamek.

26 Na Metusela woo Lamek no akyi no, odii mfe ahansɔn aduɔwɔtwe abien, na ɔwoo mmammarima ne mmabea.

27 Na Metusela nna nyinaa si mfe ahankron aduosia akron, na owui.

28 Na Lamek dii mfirihyia ɔha aduɔwɔtwe abien na ɔwoo ɔbabarima,

29 na ɔtoo no din Noa, na ɔkae sɛ: Oyi na ɔbɛkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn nnwuma ne yɛn nsa ano brɛ mu wɔ asase a AWURADE adome no so.

30 Na Lamek woo Noa no akyi no, odii mfe ahanum aduɔkron anum, na ɔsan woo mmammarima ne mmabea.

31 Na Lamek nna nyinaa si mfirihyia ahansɔn aduɔsɔn asɔn, na owui.

32 Na Noa dii mfirihyia ahannum, na Noa woo Sem, Ham ne Yafet.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan