Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 46 - KYERƐW KRONKRON


Yakob ne ne fifo kɔ Misraim

1 Na Israel ne nea ɔwɔ nyinaa siim, na oduu Beer-seba, na ɔbɔɔ afɔre maa n'agya Isak Nyankopɔn.

2 Na Onyankopɔn nam anadwo anisoadehu mu ka kyerɛɛ Israel sɛ: Yakob, Yakob! Na ose: Mini.

3 Na ose: Mene Onyankopɔn, w'agya Nyankopɔn no. Nsuro sɛ wubesian akɔ Misraim, na mɛyɛ wo ɔman kɛse wɔ hɔ.

4 Me ne wo besian akɔ Misraim, na mede wo masan maba nso, na Yosef abasa so na wobewu.

5 Na Yakob siim fii Beer-seba. Na Israel mma de wɔn agya Yakob ne wɔn mma ne wɔn yerenom tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma kɔfaa no no mu.

6 Na wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn ahode a wɔanya wɔ Kanaan asase so kɔɔ Misraim, Yakob ne n'asefo nyinaa:

7 ne mmammarima ne mmabea ne ne nenanom ne n'asefo nyinaa, na ɔne wɔn kɔɔ Misraim.

8 Na eyinom ne Israel mma a wɔkɔɔ Misraim no din, Yakob ne ne mma: Yakob abakan Ruben.

9 Na Ruben mmammarima ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

10 Na Simeon mmammarima ne: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Kanaanni bea ba Saul.

11 Na Lewi mmammarima ne: Gerson, Kahat ne Merari.

12 Na Yuda mmammarima ne: Er, Onan, Sela, Peres ne Serah; na Er ne Onan wui Kanaan asase so. Na Peres mmammarima ne: Hesron ne Hamul.

13 Na Isakar mmammarima ne: Tola, Puwa, Hiob ne Simron.

14 Na Sebulon mmammarima ne: Sered, Elon ne Yahleel.

15 Eyinom ne Lea mmammarima a ɔwo maa Yakob wɔ Mesopotamia, ne ne babea Dina, ne mmammarima ne ne mmabea nyinaa si akra aduasa abiɛsa.

16 Na Gad mmammarima ne: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.

17 Aser mmammarima ne: Yimna, Isua, Isui, Beria ne wɔn nuabea Sera. Na Beria mmammarima ne: Heber ne Malkiel.

18 Eyinom ne Silpa a Laban de no maa ne babea Lea no mma a ɔwo maa Yakob, wosi akra dunsia.

19 Yakob yere Rahel mmammarima ne: Yosef ne Benyamin.

20 Na Yosef mma a On sɔfo Potifera babea Asnat wo maa no Misraim asase so ne: Manase ne Efraim.

21 Na Benyamin mmammarima ne: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.

22 Eyinom ne Rahel mma a wɔwo maa Yakob, akra no nyinaa si dunan.

23 Na Dan babarima ne: Husim.

24 Na Naftali mmammarima ne: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.

25 Eyinom ne Bilha a Laban de no maa ne ba Rahel no mma a ɔwo maa Yakob, akra no nyinaa si baasɔn.

26 Akra a wɔne Yakob kɔɔ Misraim a wofi n'asen mu, Yakob mma yerenom nka ho a, akra no nyinaa si aduosia asia.

27 Na Yosef mma a wɔwoo wɔn Misraim no yɛ akra baanu. Yakob fi akra a wɔbaa Misraim no nyinaa si aduɔsɔn.

28 Na ɔsomaa Yuda dii n'anim kɔɔ Yosef nkyɛn sɛ ommedi n'anim nkyerɛ no Gosen kwan. Na woduu Gosen asase so.

29 Na Yosef siesiee ne nteaseɛnam kohyiaa n'agya Israel wɔ Gosen. Na ɔde ne ho kɔkyerɛɛ no no, osoo ne kɔn mu, na osui ara kyeree mu wɔ ne kɔn ho.

30 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Afei a manya mahu w'anim sɛ woda so te ase yi, wɔmma mintiw me nenanom wɔ asamando.

31 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom ne n'agya fifo sɛ: Merekɔ makɔka makyerɛ Farao sɛ: Me nuanom ne m'agya fifo a wɔwɔ Kanaan asase so no aba me nkyɛn.

32 Na nnipa no yɛ nguanhwɛfo, na mmoa na wɔyɛn, na wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi ne nea wɔwɔ nyinaa aba.

33 Na sɛ Farao bɛfrɛ mo, na obisa mo sɛ: Mo adwuma ne dɛn a,

34 munse no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfo fi yɛn mmofraase de besi nnɛ, yɛn ne yɛn agyanom, na moatena Gosen asase so, efisɛ Misraimfo kyi mmoahwɛfo nyinaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan