1 Mose 44 - KYERƐW KRONKRONYosef dwetɛ kuruwa no 1 Na Yosef hyɛɛ ne fie panyin no sɛ: Fa aduan dodow a wobetumi asoa hyehyɛ nnipa no nkotoku mu amaama, na fa wɔn mu biara dwetɛ hyɛ ne kotoku mu, 2 na fa me kuruwa, mekyerɛ dwetɛkuruwa no, hyɛ akumaa no kotoku mu ka n'aburow dwetɛ no ho. Na ɔyɛe sɛnea Yosef kae no. 3 Ade kyee ara pɛ, na wogyaa mmarima no ne wɔn mfurum kwan. 4 Wofii kurow no mu kɔe na wonnya nnuu akyirikyiri no, Yosef ka kyerɛɛ ne fie panyin no sɛ: Sɔre, tiw mmarima no, na sɛ woto wɔn a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ɛdɛn nti na mode bɔne tua papa ka? 5 Ɛnyɛ nea me wura nom mu, na ɔde yɛ n'anyankomade anaa? Nea moayɛ yi, moayɛ bɔne. 6 Na ɔkɔtoo wɔn no, ɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn. 7 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɛdɛn nti na me wura ka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ saa ade yi. 8 Hwɛ, dwetɛ a yehui wɔ yɛn nkotoku mu no, yɛde asan afi Kanaan asase so abrɛ wo; na ɛbɛyɛ dɛn na yebewia wo wura fi dwetɛ anaa sika? 9 Wo nkoa yi mu nea wubehu wɔ ne nkyɛn no, ma onwu, na yɛn nso yɛbɛyɛ me wura nkoa. 10 Na ose: Ɛnyɛ sɛnea muse no: nea wobehu wɔ ne nkyɛn no nyɛ m'akoa, na mo de, mubedi bem. 11 Ɛnna wɔn nyinaa yɛɛ ntɛm soɛsoɛɛ wɔn nkotoku no totoo fam, na wɔsansan ano. 12 Na ɔhwehwɛɛ mu, ofii ase fi ɔpanyin de so de kosii akumaa de so; na wohuu kuruwa no wɔ Benyamin kotoku mu. 13 Ɛnna wosunsuanee wɔn ntade mu, na wɔde wɔn nnosoa soasoaa wɔn mfurum san kɔɔ kurow no mu. 14 Na Yuda ne ne nuanom baa Yosef fi, na ɔda so wɔ hɔ, na wɔkotowkotow n'anim. 15 Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dɛn ade na moayɛ yi? Munnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nim nkɔmhyɛ anaa? 16 Na Yuda se: Dɛn na yense me wura? Na dɛn na yɛnka? Na yenyi yɛn ano dɛn? Onyankopɔn ahu wo nkoa amumɔyɛ. Hwɛ, yɛyɛ me wura nkoa, yɛne nea wohuu kuruwa no wɔ ne nsam no. 17 Na ose: Ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa. Na nea wohuu kuruwa no wɔ ne nsam no, ɔno ara na ɔbɛyɛ m'akoa, na mo de, munsim mfa asomdwoe nkɔ mo agya nkyɛn. Yuda srɛ ma Benyamin 18 Ɛnna Yuda twiw bɛn no kae sɛ: Me wura, mesrɛ wo, ma w'akoa nkasa me wura asom, na mma wo bo mmfuw w'akoa, na wote sɛ, Farao ara. 19 Me wura bisaa ne nkoa sɛ: Mowɔ agya anaa onua bi? 20 Na yɛka kyerɛɛ me wura sɛ: Yɛwɔ agya akwakoraa ne ne nkwakoraa ba kumaa bi. Ne nua awu, na ne na ba a aka ara ne no, na n'agya dɔ no. 21 Na woka kyerɛɛ wo nkoa sɛ: Momfa no mmrɛ me, na memfa m'ani menhwɛ no. 22 Na yesee me wura sɛ: Abofra no ntumi nnyaw n'agya, na sɛ ogyaw n'agya a, n'agya bewu. 23 Na wusee wo nkoa sɛ: Sɛ mo nua kumaa no anka mo ho amma a, morenhu m'anim bio. 24 Na yɛkɔɔ w'akoa, m'agya nkyɛn no, yɛkaa me wura nsɛm no kyerɛɛ no. 25 Na yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsan nkɔtɔ aduan kakra mmrɛ yɛn. 26 Na yese: Yɛrentumi nsian nkɔ. Sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho a, yebesian akɔ. Yɛrentumi nkohu ɔbarima no anim, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. 27 Ɛnna w'akoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Mo ara munim sɛ mma baanu na me yere wo maa me. 28 Na obiako fii me nkyɛn kɔe, na mise: Ampa ara ɔtetew na wɔatetew no mu, na efi hɔ no, minhuu no ɛ. 29 Na sɛ mofa oyi nso fi me nkyɛn na abew bi kɔbew no a, mode me ti dwen nam awerɛhow mu na ɛbɛkɔ asaman. 30 Na afei sɛ mekɔ w'akoa, m'agya, nkyɛn na abofra yi nka yɛn ho a, esiane sɛ ne koma da abofra so nti, 31 ɛbɛba sɛ, sɛ ohu sɛ abofra yi nka yɛn ho a, obewu, na wo nkoa de w'akoa, yɛn agya, dwen nam awerɛhow mu na ɛbɛkɔ asaman. 32 Na w'akoa dii abofra yi ho agyinam wɔ m'agya anim sɛ: Sɛ mamfa no mammrɛ wo a, ɛnne na mayɛ m'agya bɔne daa nyinaa. 33 Na afei mesrɛ wo, ma w'akoa ntena ha nsi abofra no ananmu nyɛ me wura akoa, na ma abofra no ne ne nuanom nkɔ. 34 Na sɛ abofra no nka me ho a, mɛkɔ m'agya anim dɛn? Ɛnne na merekohu bɔne a ɛbɛto m'agya no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana