1 Mose 39 - KYERƐW KRONKRONYosef ne Potifar yere 1 Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Na Farao piani Potifar a ɔyɛ ankɔbeafo so panyin na ɔyɛ: Misraimni tɔɔ no Ismaelfo a wɔde no kɔɔ hɔ no nkyɛn. 2 AWURADE dii Yosef akyi, na ɔyɛɛ ɔbarima a ne ho wɔ siade, na ɔtenaa ne wura Misraimni no fi. 3 Na ne wura hui sɛ: AWURADE di n'akyi na AWURADE ma nea ɔyɛ nyinaa yɛ yiye n'abasa so no, 4 Yosef nyaa n'anim dom, na ɔsom no; na ɔde no sii ne fi so, na ɔde nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ ne nsa. 5 Na efi bere a ɔde no sii ne fi ne nea ɔwɔ nyinaa so no, Yosef nti AWURADE hyiraa Misraimni no fi, na AWURADE nhyira baa nea ɔwɔ nyinaa so, ofie ne afum. 6 Na ɔde nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔwɔ hɔ nti, ɔnhwɛ biribiara gye aduan a ɔno ara di. Nso Yosef ho ne n'anim yɛ fɛ. 7 Na ɛbae sɛ nsɛm yi akyi no, ne wura yere tuu n'ani sii Yosef so, na ɔkae sɛ: Wo ne me mmɛda. 8 Nanso wampene, na ɔka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ: Hwɛ, sɛ me wura anya me nti, ɔnhwɛ nea ɛwɔ ne fi, na ɔde nea ɔwɔ nyinaa ahyɛ me nsa. 9 Obiara nyɛ kɛse nsen me ofie ha, na ɔnkame me biribiara gye wo, sɛ ne yere ne wo ntia. Na ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn? 10 Na ɔka saa daa daa kyerɛ Yosef, nanso Yosef ampene sɛ ɔne no bɛda, na wakɔ ne ho. 11 Na saa bere no mu, da bi ɔkɔɔ ɔdan no mu sɛ ɔrekɔyɛ n'adwuma, na ofie hɔfo no mu biara nni hɔ no, osoo n'atade mu kae sɛ: Wo ne me mmɛda! 12 Na ogyaw n'atade no wɔ ne nsam guan fii adi. 13 Na ohui sɛ, wagyaw n'atade wɔ ne nsam aguan afi adi no, 14 ɔfrɛfrɛɛ ne fifo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, wakɔfa Hebrini yi aba rebedi yɛn ho fɛw: waba me nkyɛn sɛ ɔne me rebɛda, na mede nne kɛse meteɛɛm; 15 na ɔtee sɛ memaa me nne so meteɛɛm no, ogyaw n'atade wɔ me nsam, na oguan fii adi. 16 Na ɔde n'atade no guu ne nkyɛn kosii sɛ ne wura baa ofie. 17 Na ɔkaa saa nsɛm yi ara kyerɛɛ no sɛ: Akoa Hebrini a wokɔfaa no brɛɛ yɛn no aba me nkyɛn sɛ ɔrebedi me ho fɛw; 18 na memaa me nne so meteɛɛm no, ogyaw n'atade wɔ me nsam, na oguan fii adi. 19 Na ne wura tee ne yere nsɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Saa ade yi na w'akoa no ayɛ me no, ne bo fuwii, 20 na Yosef ne wura faa no de no kɔtoo afiase, nea ɔhene nneduafo gu, na ɔdaa afiase hɔ. Onyankopɔn di n'akyi 21 Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔdom no, na ɔmaa n'anim baa nyam wɔ afiasehwɛfo no anim. 22 Na afiasehwɛfo no de nneduafo a wɔwɔ afiase hɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na biribiara a wɔyɛ wɔ hɔ no, ɔno na ɔyɛ. 23 Afiasehwɛfo no anhaw ne ho anhwɛ biribiara a ɔde hyɛɛ Yosef nsa no, efisɛ AWURADE dii n'akyi, na nea ɔyɛe nyinaa, AWURADE ma ɛyɛɛ yiye. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana