Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 35 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn hyira Yakob wɔ Betel

1 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ, Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔremuka wɔ hɔ ma Onyankopɔn a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woreguan afi wo nua Esau anim no.

2 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fifo ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: Montotow anyame ananafo a ɛwɔ mo mu ngu, na munnwira mo ho, na monsakra mo ntade.

3 Na momma yɛnsɔre nkɔ Betel, na minkosi afɔremuka wɔ hɔ memma Onyankopɔn a m'ahohia da otiee me, na odii m'akyi wɔ ɔkwan a mekɔe no mu no.

4 Ɛnna wɔde wɔn anyame ananafo a ɛwɔ wɔn nsam nyinaa ne wɔn aso mu nkaa maa Yakob, na Yakob de koraa dupɔn bi a ɛwɔ Sekem ho no ase.

5 Na wosiim sɛ wɔrekɔ no; Onyankopɔn ho hu baa nkurow a atwa wɔn ho ahyia no so, na wɔantiw Yakob mma no.

6 Na Yakob ne nkurɔfo a wɔka ne ho nyinaa duu Lus a ɛwɔ Kanaan asase so a ɛne Betel.

7 Na osii hɔ afɔremuka, na ɔfrɛɛ hɔ: El-betel, ase ne: Betel Nyankopɔn, efisɛ da a ɔreguan afi ne nua anim no, ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ no.

8 Na Rebeka gyigyefo Debora wui, na wosiee no Betel anafo fam wɔ odum bi ase, na ɔtoo no din Alonbakut.

9 Na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ Yakob bio, ne ba a ofii Mesopotamia bae no mu, na ohyiraa no.

10 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Wo din de Yakob, nanso wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom Israel ne wo din; na ɔtoo ne din Israel.

11 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn: dɔ na yɛ bebree; ɔman ne aman asafo befi wo mu aba, na ahene fi w'asen mu bɛba.

12 Na asase a mede mama Abraham ne Isak no, wo na mede mɛma wo; na w'asefo a wobedi w'akyi no na mede asase no mɛma wɔn.

13 Na Onyankopɔn fii ne nkyɛn wɔ nea ɔne no kasae hɔ kɔɔ ɔsoro.

14 Na Yakob de odum sii nea ɔne no kasae hɔ, ɔbodum, na ohwiei ɔnom afɔre guu so, na ɔde ngo guu so.

15 Na Yakob frɛɛ nea ɔne Nyankopɔn kasae hɔ Betel.

16 Na wotutu fii Betel kɔe. Na aka ɔkwan tiaa bi na wɔadu Efrat no, awo kaa Rahel, na awo no den no.

17 Na n'awo no mu yɛɛ den no, awogyefo no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na eyi nso wobɛwo babarima.

18 Na ne kra refi ne mu na ɔreyɛ awu no, ɔtoo no din Benoni, ase ne: M'amanehunu ba, na n'agya de, ɔfrɛɛ no Benyamin ase ne: Ahotɔ ba.

19 Na Rahel wui, na wosiee no Efrat a ɛne Betlehem no kwan nkyɛn

20 Na Yakob sii ne da so dum, ɛne Rahel da so dum de besi nnɛ.

21 Na Israel tutu kosii ne ntamadan wɔ Eder abantenten akyi no ho.

22 Na Israel te asase no so no, Ruben ne n'agya abaawayere Bilha kɔdae, na Israel tee.


Yakob mma
( 1 Berɛsosɛm 2.1-2 )

23 Nso Yakob mmammarima si dumien; Lea mma ne Ruben Yakob abakan ne Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.

24 Rahel mma ne Yosef ne Benyamin.

25 Na Rahel abaawa Bilha mma ne Dan ne Naftali.

26 Na Lea abaawa Silpa mma ne Gad ne Aser. Eyinom ne Yakob mmammarima a wɔwoo wɔn maa no wɔ Mesopotamia.


Isak wu

27 Na Yakob baa n'agya Isak nkyɛn wɔ Mamre, wɔ Kiriat-arba a ɛne Hebron, nea Abraham ne Isak tenae sɛ ahɔho no.

28 Na Isak nna nyinaa si mfirihyia ɔha aduɔwɔtwe.

29 Na Isak gyaa mu, na owui, na otiw ne nananom kɔɔ asamando, na wabɔ akora, na nna amee no. Na ne mma Esau ne Yakob siee no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan