Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 34 - KYERƐW KRONKRON


Sekem to Dina mmonaa

1 Na Lea babea Dina a ɔwoo no maa Yakob no fii adi sɛ ɔrekɔhwɛ asase no so mmea.

2 Na asase no so otitiriw Hewini Hamor ba Sekem huu no no, ɔkyeree no, too no mmonaa guu ne ho fi.

3 Na Sekem koma fam Yakob ba Dina ho, na ɔdɔɔ ababaa no, na otwaa ne bo too ne yam.

4 Na Sekem ka kyerɛɛ n'agya Hamor sɛ: Kogye ababaa yi aware ma me.

5 Na Yakob tee sɛ wahyɛ ne babea Dina ne no ada no; nso na ne mmammarima wɔ ne mmoa nkyɛn wɔ wuram, enti Yakob yɛɛ komm de kosii sɛ wɔbaa fie.

6 Na Sekem n'agya Hamor fii adi kɔɔ Yakob nkyɛn sɛ ɔne no rekɔkasa.

7 Na Yakob mmammarima tee no, wofii wuram bae. Na ɛyɛɛ mmarima no yaw, na wɔn bo fuwii pa ara, sɛ Sekem adi Israel ho nkwaseasɛm sɛ ɔne Yakob babea akɔda, ade a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ.

8 Na Hamor ne wɔn kasae sɛ: Me ba Sekem akoma fam mo babea no ho, mesrɛ mo, momfa no mma no aware.

9 Na mo ne yɛn nni ayeware, na momfa mo mmabea mma yɛn, na mo nso monware yɛn mmabea.

10 Na mo ne yɛn ntena, na asase na ɛda mo anim yi, montena so nyɛ so adwuma nnya so ade.

11 Na Sekem ka kyerɛɛ, Dina n'agya ne ne nuanom sɛ: Momma minnya mo anim dom, na biribiara a mubese me no, mɛma.

12 Munnye me tiade dodow ne akyɛde biara, na biribiara a mubese me no, mɛma, na momfa ababaa no mma me aware.

13 Na Yakob mmammarima no kasae de nnaadaa buaa Sekem ne n'agya Hamor, efisɛ wagu wɔn nuabea Dina ho fi,

14 na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛrentumi saa ade yi yɛ, sɛ yɛde yɛn nua bɛma ɔbarima a ɔyɛ momonoto, efisɛ ɛno yɛ ahohora ma yɛn.

15 Na eyi mu nko na yɛbɛpene mo, sɛ mobɛdan ayɛ sɛ yɛn, na wɔatwa mo mu mmarima nyinaa twetia.

16 Ɛno na yɛde yɛn mmabea bɛma mo, na yɛabɛfa mo mmabea nso aware, na yɛne mo atena, na yɛayɛ ɔman koro.

17 Na sɛ moantie yɛn, na moantwa twetia a, ɛnne yɛbɛfa yɛn babea akɔ.

18 Na wɔn nsɛm no sɔɔ Hamor ne Hamor ba Sekem ani,

19 sɛ ɔbɛyɛ saa ade no, efisɛ Yakob babea no sɔ n'ani, na ɔwɔ anuonyam sen n'agya fifo nyinaa.

20 Na Hamor ne ne ba Sekem kɔɔ wɔn kurow abobow ano, na wɔne wɔn kurom mmarima kɔkasae sɛ:

21 Nnipa yi, wɔne yɛn te asomdwoe mu, enti momma wɔntena asase yi so, na wɔnyɛ so adwuma. Na asase yi, hwɛ, ɛda wɔn anim haharaa. Momma yɛmfa wɔn mmabea nware, na yɛmfa yɛn mmabea nso mma wɔn.

22 Na eyi nko mu na nnipa no bɛpene sɛ wɔne yɛn bɛtena, na yɛayɛ ɔman koro: sɛ yɛn mu mmarima nyinaa betwa twetia, sɛnea wɔatwa no.

23 So wɔn mmoa ne wɔn ahonyade ne wɔn afieboa nyinaa renyɛ yɛn dea anaa? Momma yɛmpene wɔn ara, na wɔne yɛn ntena.

24 Na wɔn a wɔnam Hamor kurow pon ano fi adi nyinaa tiee no, ne ne ba Sekem, na mmarima nyinaa, wɔn a wɔnam ne kurow pon ano fi adi nyinaa twitwaa twetia.

25 Na da a ɛto so abiɛsa a ne yaw kaa wɔn no, Yakob mmammarima baanu, Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuanom, fofaa wɔn nkrante kɔɔ kurow no so mpofirim kokum mmarima nyinaa.

26 Na wɔde nkrante kum Hamor ne ne ba Sekem; na wɔde Dina fii Sekem fi hɔ bae.

27 Yakob mmammarima no baa atɔfo no so bɛfow kurow no mu nneɛma, efisɛ wɔagu wɔn nua ho fi.

28 Wɔn nguan, anantwi ne wɔn mfurum ne nea ɛwɔ kurow no mu ne nea ɛwɔ mfuw mu no, wɔfae,

29 ne wɔn ahode nyinaa, wɔn mma nyinaa ne wɔn yerenom, wɔfaa wɔn nnommum, fow nea ɛwɔ fie nyinaa.

30 Na Yakob ka kyerɛɛ, Simeon ne Lewi sɛ: Moahaw me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi so, Kanaanfo ne Perisifo. Na me de, meyɛ asafo a misua yi, wɔbɛboaboa wɔn ho ano aba me so abekum me, na wɔasɛe me ne me fi.

31 Na wose: So ɔnyɛ yɛn nuabea sɛ oguamanfo anaa?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan