Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 30 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Rahel hui sɛ ɔnwo mma Yakob no, ɔtwee ne nuabea no ho kora, na ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me mma, na anyɛ saa a, mewu.

2 Na Yakob bo fuw Rahel bisaa no sɛ: So misi Nyankopɔn a ɔkame wo wo yam mma no ananmu anaa?

3 Na ose: Hwɛ, m'afenaa Bilha ni, kɔ ne ho, na ɔnwo ngu me srɛ so, na me nso minnya ne ho mma.

4 Na ɔde n'abaawa Bilha maa no aware, na Yakob kɔɔ ne ho.

5 Na Bilha nyinsɛnee, na ɔwoo babarima maa Yakob.

6 Na Rahel kae sɛ: Onyankopɔn adi m'asɛm, na watie me nne nso ama me ɔba. Enti ɔtoo no din Dan, ase ne: ɔsennifo.

7 Na Rahel abaawa Bilha nyinsɛnee bio, na ɔwoo babarima a ɔto so abien maa Yakob.

8 Na Rahel kae sɛ: Ako akɛse na me ne me nuabea adi, nso matumi no. Na ɔtoo no din Naftali, ase ne: M'akodi.

9 Na Lea hui sɛ n'awo mu atwe no, ɔde n'abaawa Silpa maa Yakob aware.

10 Na Lea abaawa Silpa woo babarima maa Yakob.

11 Na Lea kae sɛ: Aba yiye. Na ɔtoo no din Gad, ase ne: Yiyedi.

12 Na Lea abaawa Silpa woo babarima a ɔto so abien maa Yakob.

13 Na Lea kae sɛ: M'ahotɔ ni! Na mmea bɛfrɛ me nea wɔahyira no. Na ɔtoo no din Aser, ase ne: Nhyira.

14 Na awi twabere mu no, Ruben fii adi kohuu mandrake wɔ wuram, na ɔde brɛɛ ne na Lea. Na Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ: Ma me wo ba dudaim yi bi ɛ!

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So ɛnnɔɔso sɛ woafa me kunu, na worebegye me ba Dudaim nso anaa? Na Rahel se: Wo ba mandrake no nti ma ɔne wo nkɔda anadwo yi.

16 Na anwummere a Yakob fi wuram reba no, Lea fii adi kohyiaa no kae sɛ: Bra me nkyɛn, efisɛ ɔtɔ na mede me ba dudaim matɔ wo. Na ɔne no dae anadwo no.

17 Na Onyankopɔn tiee Lea, na onyinsɛnee, na ɔwoo babarima a ɔto so anum maa Yakob.

18 Na Lea kae sɛ: Onyankopɔn atua me ka, sɛ mede m'abaawa mama me kunu aware. Na ɔtoo no din Isakar, ase ne: Akatua ni.

19 Na Lea nyinsɛnee bio, na ɔwoo babarima a ɔto so asia maa Yakob.

20 Na Lea kae sɛ: Onyankopɔn akyɛ me akyɛde pa, afei de, me kunu ne me bɛtena yiye, efisɛ mawo mmammarima baasia mama no. Na ɔtoo no din Sebulon, ase ne: Atenaye.

21 Na ɛno akyi no, ɔwoo ɔbabea, na ɔtoo no din Dina.

22 Na Onyankopɔn kaee Rahel, na Onyankopɔn tiee no, na obuee ne yam.

23 Na onyinsɛnee, na ɔwoo babarima, na ose: Onyankopɔn ayi m'ahohora.

24 Na ɔtoo no din Yosef, ase ne: Awurade, mma me ɔba foforo nka ne ho.


Yakob daadaa Laban

25 Na Rahel woo Yosef no, Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Gya me kwan na menkɔ me kurom ne m'asase so.

26 Fa me yerenom ne me mma a wɔn nti mesom wo no ma me, na wo ara wunim me som a masom wo.

27 Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ma minnya w'anim anuonyam, na mahu sɛ wo nti Awurade ahyira me.

28 Na ose: Kyerɛ me w'akatua a wugye me, na mɛma.

29 Na ose: Wo ara wunim sɛnea masom wo mafa ne sɛnea wo mmoakuw ayɛ wɔ m'ase,

30 efisɛ mebaa wo nkyɛn no, na nea wowɔ no sua, na afei ase afɛe ayɛ pii, na Awurade ahyira wo baabiara a mefa. Na afei da bɛn na menhwɛ me fi nso?

31 Na ose: ɛdɛn na memma wo? Na Yakob se: Mma me biribiara; sɛ wobɛyɛ saa ade yi ama me de a, mɛsan mabɛyɛn wo nguan na mahwɛ wɔn:

32 ɛnnɛ mɛkɔ makɔfa wo nguan nyinaa mu, na mayiyi emu nguan a wɔn ho yɛ ntokontrama ne nworannworan nyinaa, ne nguammiri nyinaa, wɔ nguanten mu, ne mmirekyi mu nworannworan ne ntokontrama. Wɔn a wɔtete sɛɛ na ɛnyɛ m'akatua.

33 Na daakye bi a wobɛka m'akatua ho asɛm no, me trenee abua ama me wɔ w'anim. Mmirekyi no mu biara a ne ho nyɛ ntokontrama ne nworannworan, ne nguanten no mu nea ɔnyɛ oguammiri no, ma wommu no awifode wɔ me nsam.

34 Na Laban se: Hwɛ, ma ɛnyɛ sɛnea woka yi ɛ!

35 Na da no ara oyiyii mpapo a wɔn ho yɛ nsensannsensan ne nworannworan, ne mmirekyibere a wɔn ho yɛ ntokontrama ne nworannworan nyinaa, obiara a fufu wɔ ne ho, ne nguanten no mu nguammiri nyinaa. Na ɔde wɔn hyɛɛ ne mmammarima nsa.

36 Na ɔde nnansa kwan too ɔno ne Yakob ntam, na Yakob yɛn Laban nguan a ɛkae no.

37 Na Yakob faa ɔsɛsɛ dua ne ɔfowa dua ne ɔkyɛnkyɛn dua mmaa momono, na oyiyii ho nsama fitafitaa maa mmaa no ho fitaa no fifii adi.

38 Na ɔde mmaa a oyiyii ho no guu anomee adaase a nguan no rebɛnom mu nsu no mu wɔ nguan no anim, na wɔba nsunom a, wɔayenyem so.

39 Na nguan no yenyem mmaa no so, na wɔwowoo nsensannsensan, ntokontrama ne nworannworan.

40 Na Yakob yiyii nguammaa no, na ɔde nguan no ani kyerɛɛ Laban nguan no mu nsensannsensan ne nguammiri nyinaa. Na ɔyɛɛ n'ankasa nguankuw nko wɔ afa baabi, na wamfa wɔn amfra Laban nguan no mu.

41 Na sɛ daa nguan a wɔn ho yɛ den no yenyem a, Yakob de mmaa no kogu adaase no mu wɔ nguan no anim, na wɔayenyem mmaa no so.

42 Na nguan no yɛ nofonofo de a, ɔmfa ngu mu. Na wɔn a wɔyɛ mmerɛw no yɛɛ Laban dea, na wɔn a wɔn ho yɛ den no yɛɛ Yakob dea.

43 Na ɔbarima no yɛɛ kɛse pa ara, na onyaa nguan pii ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfurum.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan