Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 26 - KYERƐW KRONKRON


Isak kɔ Gerar

1 Na ɔkɔm baa asase no so, ɛsono ɔkɔm a ɛbae Abraham bere so no. Na Isak kɔɔ Filistifo hene Abimelek nkyɛn wɔ Gerar.

2 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no sɛ: Nsian nkɔ Misraim, tena asase a mɛkyerɛ wo yi so.

3 Tena asase yi so sɛ, ɔhɔho, na medi w'akyi mahyira wo, efisɛ wo ne w'asefo na mede nsaase yi nyinaa mɛma mo, na mama ntam a mekaa w'agya Abraham no agyina.

4 Na mɛma w'asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsaase yi nyinaa mama w'asefo, na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa,

5 efisɛ Abraham tiee me nne, na odii me nsiesiei, me mmara nsɛm, m'ahyɛde, ne me mmara so.

6 Na Isak tenaa Gerar.

7 Na ɛhɔfo no bisaa no ne yere ho asɛm no, ɔkae sɛ: Me nua ne no. Na osuroe sɛ, ɔbɛka sɛ: Me yere ne no, efisɛ ose: anyɛ saa a, Rebeka nti ɛhafo bekum me; efisɛ ne ho yɛ fɛ.

8 Na ɔkyɛɛ hɔ no, Filistifo hene Abimelek hwɛɛ mfɛnsere mu hui, na hwɛ, Isak ne ne yere Rebeka rewewe.

9 Na Abimelek frɛɛ Isak sɛ: Hwɛ, ampa ara ɔyɛ wo yere, na ɛyɛɛ dɛn na wuse: Ɔyɛ me nua? Na Isak ka kyerɛɛ no sɛ: Efisɛ mise: anyɛ saa a, ne nti mewu.

10 Na Abimelek se: Ɛdɛn na woayɛ yɛn yi? Ɛkaa kumaa bi na anka ɔman yi muni bi ne wo yere dae, na anka wode mmusu aba yɛn so.

11 Na Abimelek hyɛɛ ne nkurɔfo nyinaa sɛ: Nea ɔbɛka ɔbarima yi anaa ne yere no, owu na obewu.

12 Na Isak duaa mfude wɔ asase no so, na onyaa nnɔbae mmɔho ɔha afirihyia no ara mu, na Awurade hyiraa no.

13 Na Isak nyaa ne ho, na ɔkɔɔ so ara nyaa ne ho na ɔyɛɛ kɛse kosii sɛ ɔyɛɛ kɛse pa ara.

14 Na onyaa nguankuw, ne anantwikuw, ne nkoa pii. Na Filistifo ani beree no.

15 Na nsubura a n'agya Abraham nkoa tutui n'agya bere so no, Filistifo sisiw ne nyinaa de dɔte hyehyɛɛ no mama.

16 Na Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ: Fi yɛn nkyɛn kɔ, na wowɔ tumi dodo sen yɛn.

17 Na Isak siim fii hɔ kosisii ne ntamadan wɔ Gerar bon mu, na ɔtenaa hɔ.

18 Na Isak san titii nsubura a n'agya Abraham bere so wotutui a Abraham wu akyi Filistifo sisiwii no mu, na ɔtotoo no din sɛnea n'agya totoe no ara.

19 Na Isak nkoa funuu obon no mu, na wohuu nsupa abura wɔ hɔ.

20 Na Gerar mmoahwɛfo ne Isak mmoahwɛfo dii so aperepere kae sɛ: Nsu no yɛ yɛn dea! Enti ɔfrɛɛ abura no din Esek, ase ne: ɔham, efisɛ wɔne no hamee.

21 Na wotuu asubura foforo, na ɛno ho nso wɔpereperee, enti ɔfrɛɛ no Sitna, ase ne: Apereperedi.

22 Na wotutuu hɔ kotuu abura foforo, na ɛno de, wɔampere, enti ɔtoo no din Rehobot, ase ne: Prama so, na ose: Afei de Awurade atrɛw mu ama yɛn, na yɛadɔ wɔ asase yi so.

23 Na ofii hɔ kɔɔ Beer-seba.

24 Na Awurade yii ne ho kyerɛɛ no anadwo no ara kae sɛ: Mene w'agya Abraham Nyankopɔn, nsuro, na medi w'akyi mehyira wo, na m'akoa Abraham nti mɛma w'asefo adɔ.

25 Na osii afɔremuka wɔ hɔ, na ɔfrɛɛ Awurade din, na osii ne ntamadan wɔ hɔ. Na Isak nkoa tuu asubura wɔ hɔ.

26 Na Abimelek ne n'adamfo Ahusat ne ne safohene titiriw Pikol fi Gerar baa ne nkyɛn.

27 Na Isak ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛdɛn nti na moba me nkyɛn yi? Sɛ motan me, na moapam me afi mo nkyɛn.

28 Na wose: Yɛahu pefee sɛ: Awurade di w'akyi. Na yese: Ma ntam nna yɛn, ɛne wo ntam, na ma yɛne wo mpam,

29 sɛ worenyɛ yɛn bɔne bi; sɛnea yɛanka wo, na yɛayɛ wo papa nko, na yɛagya wo kwan asomdwoe mu no. Afei wone nea Awurade ahyira no.

30 Na ɔtow wɔn pon, na wodidi nomee.

31 Na wɔsɔree anɔpatutu kekaa ntam kyerɛkyerɛɛ wɔn ho, na Isak gyaa wɔn kwan, na wɔde asomdwoe fii ne nkyɛn kɔe.

32 Na da no ara Isak nkoa bae bɛkaa no abura a wotui no ho asɛm sɛ: Yɛato nsu.

33 Na ɔfrɛɛ no Siba. Enti kurow no din de Beer-seba de besi nnɛ yi ara.

34 Na Esau dii mfirihyia aduanan no, ɔwaree Hetini Beeri babea Yudit ne Hetini Elon babea Basmat.

35 Na wɔhyɛɛ Isak ne Rebeka awerɛhow.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan