Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 23 - KYERƐW KRONKRON


Sara wu ne ne sie

1 Na Sara dii mfirihyia ɔha aduonu asɔn; Sara nkwa nna mu mfe ni.

2 Na Sara wui wɔ Kiriat-arba, ɛne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no. Na Abraham bae begyam Sara, na osuu no.

3 Na Abraham sɔre fii n'amu no anim, na ɔne Het mma kɔkasae sɛ:

4 Meyɛ mo nkyɛn hɔho ne mamfrani. Momma me amusie wɔ mo nkyɛn ha, na minsie m'amu a ɔda m'anim yi na emfi m'ani so.

5 Na Het mma no buaa Abraham see no sɛ:

6 Owura, tie yɛn! Woyɛ okunini bi wɔ yɛn mu. Yɛn amusie no mu nea wopɛ biara no, sie w'amu no wɔ hɔ. Yɛn mu biara renkame wo ne da, sɛ nsie w'amu wɔ mu.

7 Na Abraham sɔre gyinae, na ɔbɔɔ ne mu ase maa asase no so nkurɔfo, Het mma no,

8 na ɔne wɔn kasae sɛ: Sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ misie m'amu yi ma no fi m'ani so a, muntie me, na monsrɛ Sohar ba Efron, mma me,

9 na ɔmfa Makpela ɔbodan a ɛyɛ ne de, na ɛwɔ n'afuw ano no mma me; na onnye me n'aboten na ɔmfa mma me, na minnya asiei wɔ mo ha.

10 Na Efron te Het mma no mu. Na Hetini Efron buaa Abraham maa Het mma tee wɔ wɔn a wɔhyɛn ne kurow pon mu no nyinaa anim sɛ:

11 Dabi, me wura, tie me: Mede afuw no mema wo, na ɔbodan a ɛwɔ mu no nso mede mema wo. Me man mma anim na mede mema wo yi, sie w'amu.

12 Na Abraham bɔɔ ne mu ase wɔ asase no so nkurɔfo no anim,

13 na ɔkasa kyerɛɛ Efron maa asase no so nkurɔfo no tee sɛ: Sɛ wutie me a, mede afuw no ti dwetɛ mɛma wo; gye wɔ me nsam, na minsie m'amu wɔ hɔ.

14 Na Efron buaa Abraham see no sɛ:

15 Me wura, tie, nnwetɛbona ahanan asase yɛ dɛn wɔ me ne wo ntam? W'amu ara na sie.

16 Na Abraham tiee Efron, na Abraham karii dwetɛ a Efron bɔɔ din maa Het mma tee no maa no, nnwetɛbona ahanan a aguadifo di no.

17 Na wɔde Efron afuw a ɛwɔ Makpela a ɛda Mamre ntentenso no, afuw ne ɔbodan a ɛwɔ mu ne afuw no so nnua nyinaa, nea ɛwɔ n'ahye nyinaa so,

18 hyɛɛ Abraham nsa wɔ Het mma anim, wɔn a wɔhyɛn ne kurow pon mu no nyinaa anim.

19 Na ɛno akyi no, Abraham siee ne yere Sara wɔ Makpela afuw no mu, wɔ ɔbodan mu, wɔ Mamre ntentenso, ɛne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so.

20 Na Het mma de afuw no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no hyɛɛ Abraham nsa sɛ amusie.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan